1 Nnw 45.1; 1 Sa 4.4; Nnw 99.1 Israel guanhwɛfo, yɛ aso,
wo a woka Yosef sɛ nguankuw,
wo a wote Kerubim so, pue haran.
2Efraim ne Benyamin ne Manase anim
na ma wo hobere so, na bra begye yɛn.
3 Nnw 80.7, 19 Onyankopɔn, dan yɛn bra,
na ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa.
4AWURADE, asafo Nyankopɔn, wo bo befuw
ahyɛ wo man mpaebɔ akosi da bɛn?
5 Nnw 102.9 Wode nusu yɛɛ aduan ma wodii,
na wode nusu ma wɔnomee.
6Wode yɛn yɛɛ atutuw maa wɔn a wɔtete yɛn ho,
na yɛn atamfo sereserew wɔ wɔn mu.
7 Nnw 80.3, 19 Asafo Nyankopɔn, dan yɛn bra,
na ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa.
8 Yes 5.1-7; Hos 10.1 Wutuu obobe fii Misraim bae,
wututuu amanaman na wobɛtɛwee.
9Wuyii n’anim kwan, na egyee ntini,
na ɛyɛɛ asase ma.
10Ne nwini kataa mmepɔw so,
na ne nhama kataa Onyankopɔn kyeneduru so.
11Ɛbaebae n’abaa mu koduu po ho,
na n’abasa frɔmfrɔm kɔɔ asubɔnten no ho.
12 Nnw 89.40 Adɛn nti na woabubu ne ban,
ma wɔn a wɔnam kwan so nyinaa tetew no yi?
13Kwaem kɔkɔte sɛe no,
na petee mu mmoa we.
14Asafo Nyankopɔn, san w'akyi ɛ!
Brɛ w’ani ase fi soro hwɛ,
na bɛhwɛ obobe yi,
15na bɛwaw nea wo nifa tɛwee no,
ne ɔba a woafa no ayɛ wo de no pintinn.
16Wɔde ogya ahyew no, wɔatwitwa no,
w’anim ateɛteɛ nti wɔresɛe.
17Fa wo nsa kata wo nifa nipa no so,
onipa ba a woafa no ayɛ wo de pintinn no so,
18na yɛrentwiw mfi wo nkyɛn.
Ma yennya nkwa, na yɛmmɔ wo din.
19 Nnw 80.3, 7 AWURADE, asafo Nyankopɔn, dan yɛn bra,
ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
