Asomafo 22 - KYER?W KRONKRON(RATB)

(Asomafo 9.1-29; 26.9-20)

1 Wɔkyere no

22 Aso 21.36 Na wotiee no beduu asɛm yi so, na wɔmaa wɔn nne so sɛ: Yi saa onipa yi fi asase so, na ɛnsɛ sɛ ɔtena ase.

23Na wɔreteɛteɛm na wɔretow wɔn ntama gu, tu mfutuma gu ahun mu no,

24ɔsafohene no hyɛe sɛ wɔmfa no nkɔ aban mu kae sɛ wɔmfa mpire mmisa no, na onhu dekode a enti wɔbom gu no so yi.

25Aso 16.37; 23.27 Na wɔde nhama kyekyeree no no, Paulo bisaa ɔha so panyin a ogyina hɔ no sɛ: Mowɔ ho kwan sɛ moka onipa a ɔyɛ Romani na wommuu no fɔ mpire anaa?

26Na ɔha so panyin no tee saa no, ɔkɔka kyerɛɛ ɔsafohene no sɛ: Ɛdɛn na worebɛyɛ yi? Hwɛ, onipa yi yɛ Romani.

27Na ɔsafohene no bae bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ Romani a, ka kyerɛ me! Na ose: Yiw.

28Na ɔsafohene no buae sɛ: Me de, ɔmammayɛ yi, mede sika pii na ɛtɔe. Na Paulo se: Me de, wɔde woo me.

29Ɛnna ntɛm ara wɔn a wɔrebebisa no no fii ne nkyɛn. Na ɔsafohene no tee sɛ ɔyɛ Romani no, osuroe sɛ wakyere no.

Paulo gyina asɛnnii

30Na ade kyee no, ɔpɛe sɛ ohu dekode a enti Yudafo toto n’ano no mu nokware nti, ɔsan no fii ne nkyehama mu, na ɔhyɛe sɛ asɔfo mpanyin ne wɔn baguafo nyinaa mmra, na ɔma wɔde Paulo bae begyinaa wɔn anim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help