1 Gye 29.14; 2 Sa 5.1-10 Na Israel nyinaa boaboaa wɔn ho ano baa Dawid nkyɛn Hebron bɛkae sɛ: Hwɛ, w’abusuafo ne yɛn.Gye 29.14
2Na kan a Saul di hene no, wo ara na wode Israel fi adi na wode wɔn ba mu. Na AWURADE wo Nyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ: Wo na wobɛyɛn me man Israel, na wo ara na wubedi me man Israel so bapɔmma.
31 Sa 16.1, 3, 12 Na Israel mpanyin nyinaa baa ɔhene no nkyɛn Hebron, na Dawid ne wɔn pamee AWURADE anim Hebron, na wɔsraa Dawid ngo sii no Israel so hene, sɛnea AWURADE nam Samuel so kae no.
4Na Dawid ne Israel nyinaa siim kɔɔ Yerusalem, ɛne Yebus, efisɛ ɛhɔ na Yebusifo a wɔyɛ asase no sofo no te.
5Na Yebusifo no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Woremma ha. Nanso Dawid faa Sion aban a ɛne Dawid kurow no.
6Na Dawid kae sɛ: Obiara a obekum Yebusifo kan no, ɔbɛyɛ otitiriw ne ɔsafohene. Ɛnna Seruia ba Yoab foro kɔe kan, na ɔyɛɛ otitiriw.
7Na Dawid tenaa aban no mu, na enti wɔfrɛ no Dawid kurow.
8Na Dawid kyekyeree kurow no hyiae de fi Milo ara de twaa ho hyiae. Na Yoab siesiei ɔman no a ɛkae no.
9Na Dawid de kɛseyɛ ara, na asafo AWURADE dii n’akyi.
Dawid nnɔmmarima(2 Samuel 23.8-39)10 2 Sa 23.8-39 Na eyinom ne nnɔmmarima a Dawid wɔ no mu atitiriw a wɔhyɛɛ wɔn ho den kaa ne ho n’ahenni mu, sɛ wɔne Israel nyinaa besi no hene, sɛnea AWURADE kae Israel ho no.
111 Be 27.2 Na eyinom ne nnɔmmarima a Dawid wɔ no dodow: Hakmonini Yasobeam, odi akunini no ti, ɔno na ɔde ne peaw kunkum nnipa ahasa prɛko.
12 1 Be 27.4 Na n’akyi na Ahohini Dodo ba Eleasar di, ɔfra nnɔmmarima baasa no mu.
13Ɔno na ɔne Dawid wɔ Pas-damim, na Filistifo aboaboa wɔn ho ano hɔ sɛ wɔrebedi ako, na asasewa bi wɔ hɔ a atoko ayɛ so ma, na ɔman no guan fii Filistifo anim,
14na wokogyinaa asasewa no mfinimfini gyei, na wokum Filistifo no, na AWURADE de nkonimdi kɛse gyee wɔn.
15 1 Sa 22.1 Na atitiriw aduasa no mu baasa sian kɔɔ ɔbotan no so Dawid nkyɛn, Adulam bodan no mu, na Filistifo dɔm abɔ nsra Refaim bon mu.
16Nso ɛbere no mu na Dawid wɔ bepɔw so atenae no mu, na Filistifo bansifo wɔ Betlehem bere no mu.
17Na ɛdɔɔ Dawid kɔn, na ɔkae sɛ: Hena na ɔbɛma me Betlehem asubura a ɛwɔ kurow pon ho no mu nsu manom?
18Na mmarima baasa no tew faa Filistifo nsra no mu kɔsaw Betlehem asubura a ɛwɔ kurow pon ho no mu nsu de brɛɛ Dawid. Nanso Dawid ampɛ sɛ ɔnom, na ohwie gu maa AWURADE,
19na ɔkae sɛ: Me Nyankopɔn mma ɛmpare me sɛ mɛyɛ eyi. So mennom mmarima a wɔde wɔn nkwa too wɔn nsam yi mogya? Na wɔn nkwa na wɔde kɔfa bae yi. Na wampɛ sɛ ɔnom. Eyi na nnɔmmarima baasa no yɛe.
20Na Yoab ne nua Abisai nso di baasa no ti. Ɔno nso na ohwinhwim ne peaw nnipa ahasa so kunkum wɔn, na ɔwɔ din baasa no mu.
21Nnipa baasa no mu na ɔwɔ anuonyam sen baanu no, na odi wɔn safohene, nanso wanto kan baasa no.
22Yehoiada ba Benaia yɛ ɔbarima katakyi a ofi Kabseel a ɔyɛɛ nneɛma akɛse: Ɔno na okum Moabni Ariel mma baanu no. Na ɔno ara nso sian kokum gyata, abura bi mu, da bi a sukyerɛma atɔ.
231 Sa 17.7, 40, 51 Na ɔno ara nso kokum Misraimni barima bi a ne tenten yɛ basafa abien ne fa, na Misraimni no kura peaw a ɛte sɛ ɔtamanwemfo nsadua wɔ ne nsam, na ɔde poma sian kɔɔ ne nkyɛn, na ohuam Misraimni no nsam peaw no de n’ankasa peaw no kum no.
241 Be 27.5-6 Eyi na Yehoiada ba Benaia yɛe, na ɔwɔ din nnɔmmarima baasa no mu.
25Hwɛ, ɔwɔ anuonyam sen akunini aduasa no, nanso kan baasa no de, wanto wɔn. Na Dawid de no sii n’ankɔbeafo so.
26Na dɔm no mu nnɔmmarima no ne: Yoab ne nua Asahel, Betlehemni Dodo ba Elhanan,
271 Be 27.8, 10 Harodini Samot, Pelonni Heles,
28Tekoani Ikes ba Ira, Anatotni Abieser,
29Husani Sibekai, Ahohini Ilai,
30Netofani Maharai, Netofani Baana ba Heled,
31Ribai a ofi Gibea a ɛwɔ Benyamin mma mu ba Itai, Piratonni Benaia,
32Gaasni Hurai, Aribani Abiel,
33Baharumni Asmawet, Saalbonni Eliahba,
34Gisonni Hasem mma, Hararini Sage ba Yonatan,
35Hararini Sakar ba Ahiam, Ur ba Elifal,
36Mekerani Hefer, Pelonni Ahia,
37Karmelni Hesro, Esbai ba Naarai,
38Natan ne nua Yoel, Hagri ba Mibhar,
39Amonni Selek, Berotni Naharai a ɔyɛ Seruia ba Yoab akodekurafo,
40Yitrini Ira, Yitrini Gareb,
412 Sa 11.3 Hetini Uria, Ahlai ba Sabad,
42Rubenni Sisa ba Adina a ɔyɛ Rubenfo so otitiriw, na nnipa aduasa ka ne ho;
43Maaka ba Hanan, Mitni Yosafat,
44Asterani Usia, Aroerni Hotam mma Sama ne Yeiel,
45Simri ba Yediael ne Tisini Yoha a ɔyɛ ne nua,
46Mahawini Eliel, Elnaam mma Yeribai ne Yosawia, Moabni Yitma,
47Eliel ne Obed ne Mesobaiani Yaasiel.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.