Lewitikɔs 25 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ahomegye afe

1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Sinai bepɔw so sɛ

2Kasa kyerɛ Israelfo na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mudu asase a mede merema mo no so a, asase no, nni ɔhome afe mma AWURADE.

3Eks 23.10-11; Deut 15.1-11 Mfe asia na dua w'afuw mu ade, na mfe asia no pompan wo bobe turo mu nnua ho na boa emu nnɔbae ano;

4na afe a ɛto so ason no nyɛ ahomegye, mma asase no, ɛnyɛ ɔhome mma AWURADE: nnua w'afuw mu ade, na mpompan wo bobe turo mu nnua ho.

5Wo ntwakae a efifi no, ntwa, na wo bobehama a woampempan ho no so akasiaw no, ntetew, ɛnyɛ ahomegye afe mma asase no.

6Na asase no home mu ade nyɛ mo de, na munni, wo ne w'akoa ne w'afenaa ne wo paani ne wo hɔho a wabɛtena wo nkyɛn,

7ne w'afieboa ne mmoa a wɔwɔ w'asase so, na ɛso nnɔbae no nyinaa nyɛ wɔn aduan.

8Na kan ɔhome mfe asɔn, mfe ason ahorow ason fa, na ɔhome mfe ason no mu nna nyɛ aduanan akron.

9Lew 23.27 Na ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so du no, ma wɔnhyɛn torobɛnto yiye, mpata da no na momma wɔnhyɛn torobɛnto ntwam mo asase nyinaa so.

10Yes 61.2; Luka 4.19 Na monyɛ afe a ɛto so aduonum no afe kronkron, na mompae ahofadi, asase no so, mma ɛsotefo nyinaa; ɛnyɛ mo ahosɛpɛw afahyɛ, na mo mu biara nsan nkɔ n'agyapade mu, na obiara nsan nkɔ n'abusua mu.

11Afe a ɛto so aduonum no nyɛ mo ahosɛpɛw afahyɛ Munnnua ade na munntwa ne ntwakae a efifi, na monntetew mo bobe hama a wɔampompan ho no so aba.

12Na ɛyɛ ahosɛpɛw afahyɛ afe, ɛnyɛ kronkron mma mo. Munni mfuw so nnɔbae a ɛba afe no mu no.

13Ahosɛpɛw afahyɛ afe yi mu no, mo mu biara nsan nkɔ n'agyapade mu.

14 1 Te 4.6 Na sɛ wotɔn biribi ma wo yɔnko anaasɛ wotɔ wo yɔnko nsam biribi a, mo mu bi nnni ne nua amim.

15Sɛ ahosɛpɛw afahyɛ afe no akyi mfirihyia ano te na tɔ wo yɔnko nkyɛn ade, sɛ nnɔbae mfirihyia ano te na ɔntɔn mma wo.

16Mfe no dɔɔso a, to ne bo so, na mfe no sua a, tew ne bo so, efisɛ afe afe nnɔbae na ɔtɔn ma wo.

17Na mo mu biara nnni ne yɔnko amim, na suro wo Nyankopɔn; na mene AWURADE mo Nyankopɔn.

18 Lew 26.5; 1 Ah 4.25 Na monyɛ m'ahyɛde na munni m'atemmude so nyɛ, na montena asase no so dwoodwoo.

19Na asase no bɛbɔ n'aduan na moadi amee, na moatena so dwoodwoo.

20Na sɛ moka sɛ: Dɛn na yebedi afe a ɛto so ason no mu? Hwɛ, yennua na yentwa yɛn nnɔbae a,

21Deut 28.8 ɛnne, mɛhyɛ me nhyira mama mo afe a ɛto so asia no mu, na aba mfe abiɛsa aduan;

22na mudua aduan afe a ɛto so awotwe no mu a, mubedi nnɔbae dedaw no akosi afe a ɛto so akron no mu; mubedi aduan dedaw no akosi sɛ ne nnɔbae bɛba.

23 Nnw 39.12 Na wɔnntɔn asase no korakora, efisɛ asase no yɛ me dea na moyɛ me nkyɛn ahɔho ne atubrafo.

24Na asase a mudi so nyinaa, momma asase no gye ho kwan.

25Rut 4.3-4 Sɛ ehia wo nua na ɔtɔn n'ade bi a, ɛnne ne gyefo a ɔyɛ obusuani a ɔbɛn no mmra mmegye nea ne nua tɔnee no.

26Na sɛ obi nni gyefo na ne nsa aso na wanya nea ɛso gye a,

27ɛnne ommu mfe a ɔtɔnee no ano na ɔnhyɛ nea ɛboro so no ananmu mma nea ɔtɔn maa no no, na ɔnsan mmra n'ade ho.

28Na sɛ ne nsa anso nea ɛso ananmuhyɛ no so a, ɛnne ade a ɔtɔnee no ntena nea ɔtɔe no nsam nkosi ahosɛpɛw afahyɛ afe no, na efi ahosɛpɛw afahyɛ afe no mu no, ɔnsan mmra n'ade ho.

29Na sɛ obi tɔn ofi a wɔtena mu wɔ kurow a ɔfasu wɔ ho mu a wɔmma ne gye ho kwan nkosi ne tɔn no akyi afe; nna yi na ɔwɔ ne gye ho kwan.

30Na sɛ wannye ma afe mu wie du a, ɛnne, ofi a ɛwɔ kurow a ɔfasu wɔ ho mu no nyɛ nea ɔtɔe no dea korakora, n'awo ntoatoaso nyinaa mu; ɔdede no ntumi mmegye bio ahosɛpɛw afahyɛ afe no mu.

31Na adan a ɛwowɔ nkuraa a ɔfasu nni ho ase de, wommu nka asase no so mfuw ho: wɔmma ne gye ho kwan, na wommegye ahosɛpɛw afahyɛ afe no mu.

32Num 35 Na Lewifo nkurow a ɛyɛ nkurow a wodi so no mu afi de, Lewifo wɔ ne gye ho kwan daa.

33Na sɛ Lewifo mu bi annye ne fi a wɔatɔn a ɛwɔ kurow a odi so mu a, ahosɛpɛw afahyɛ afe no mu no ɔmfa n'ade, efisɛ Lewifo nkurow mu afi ne wɔn ade a wodi so, Israelfo mu.

34Na wɔn nkurow ho mfikyisaase de, wɔnntɔn na ɛyɛ wɔn ade a wodi so daa.

35Na sɛ ehia wo nua na ɔpa abaw a, so no mu na ɔntena wo nkyɛn sɛ ɔhɔho ne otudanfo.

36Eks 22.25 Nnye ne hɔ mfɛntom, na nhuruw ne ka a ɔde wo no, na suro wo Nyankopɔn, na wo nua nnya wo nkyɛn nkwa.

37Mfa wo sika mma no nnye ɛho mfɛntom, na nhuruw w'aduan a woma no no:

38Mene AWURADE mo Nyankopɔn a miyii mo fii Misraim asase so sɛ mede Kanaan asase merema mo na mayɛ mo Onyankopɔn.

39 Eks 21.2 Na sɛ ehia wo nua a ɔwɔ wo nkyɛn na wɔtɔn no ma wo a, nni no nya,

40na mmom ɔntena wo nkyɛn sɛ ɔpaani ne otudanfo; nsom wo nkosi ahosɛpɛw afahyɛ afe no so.

41Ɛno na omfi wo nkyɛn, ɔno ne ne mma nyinaa, na ɔnsan nkɔ n'abusua mu ne n'agyanom ade a wodi so no ho.

42Na wɔyɛ me nkoa a miyii wɔn fii Misraim asase so; wɔnntɔn wɔn nkoatɔn.

43Lew 25.53; Efe 6.9 Mfa anyadimɔ nhyɛ no so, na suro wo Nyankopɔn.

44Na w'akoa ne w'afenaa a wubenya no, amanaman a wogugu mo ho no, wɔn mu na tɔ akoa ne afenaa.

45Na ahɔho a wɔatu abɛtena mo nkyɛn no mma no nso, montɔ wɔn mu bi ne wɔn abusuafo a wɔne mo te a wɔawo wɔn mo asase so no bi, na wɔnyɛ mo agyapade,

46na moagyaw wɔn ama mo mma wɔ mo akyi ayɛ wɔn awunnyade ne ade a wodi so daa, na wɔnsom mo nkoasom; na mo nuanom Israelfo de, obiara mmfa anyadimɔ nnhyɛ ne nua so.

47Na sɛ wo nkyɛn hɔho anaa otubrafo bi nsam wɔ biribi, na ehia wo nua a ɔne no wɔ hɔ, na wɔtɔn no ma ɔhɔho a watu abɛtena wo nkyɛn anaa ɔhɔho no abusua mu nipa bi a,

48ɛnne ne tɔn akyi no wɔmma ne gye ho kwan; ne nuanom mu biako nnye no,

49anaasɛ n'agya nua anaa n'agya nua ba nnye no, anaasɛ n'abusua mu bogya bi nnye no, anaasɛ ne nsam wɔ biribi a, onnye ne ho.

50Na ɔne nea ɔtɔɔ no no mmu akontaa mfi afe a wɔtɔn no maa no no so nkosi ahosɛpɛw afahyɛ afe no so, na ne tiade nyɛ sɛnea mfe no dodow te, ɔne no asetena nyɛ sɛ ɔpaani nna.

51Sɛ mfe no da so dɔɔso a, ne tiri sika no mu ogye ade a ɔbɛdan ama no no nnɔɔso saa ara;

52na sɛ aka mfe kakraa bi na adu ahosɛpɛw afahyɛ afe no so a, ommu mma no: ne mfe no ano pɛ na ɔnnan ne gye ade mma no.

53Lew 25.43 Ɔne no asetena nyɛ sɛ ɔpaani de afe afe: ɔmmfa anyadimɔ nnhyɛ no so wɔ w'anim.

54Na sɛ wɔamfa eyinom so annye no a, ɛnne ahosɛpɛw afahyɛ afe no mu, ɔmfa ne ho nkodi, ɔno ne ne mma nyinaa.

55Na me na Israelfo yɛ me nkoa; me nkoa a miyii wɔn fii Misraim asase so ne wɔn: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help