Nnwom 24 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ɔba a Anuonyam hene no rebaDawid dwom

1 Nnw 50.12; 1 Ko 10.26 Asase ne n’ade dodow yɛ AWURADE dea,

wiase ne wɔn a wɔte mu nyinaa nso.

2 Gye 1.9-10 Na ɔno na ɔhyɛɛ ase, ɛpo so,

na ɔde atintim asukɛse so.

3 Nnw 15 Hena na ɔbɛforo AWURADE bepɔw no,

na hena na obegyina ne tenabea kronkron hɔ?

4Nea efi nni ne nsam na ne komam tew,

nea ɔmma ne kra so mma ahuhude,

na ɔnka ntanhunu.

5 Yes 48.18 Ɔno na obenya AWURADE nsam nhyira

na ne nkwagye Nyankopɔn bebu no bem.

6 Rom 2.28-29 Eyinom ne wɔn a wopɛ n’akyi kwan no abusua,

wɔn a wɔhwehwɛ w’anim, O! Yakob Nyankopɔn.

7 Yes 40.3-4 Mo aponkɛse, momma mo ti so,

na mo, tete apon, montrɛw mo ho mu,

na anuonyam hene no ahyɛn mu.

8Hena ne anuonyam hene yi?

Ɛyɛ AWURADE, otumfo kɛse ne ɔkatakyi,

AWURADE a ɔyɛ ɔkatakyi, ɔko mu.

9Mo, aponkɛse, momma mo ti so,

na monterɛw mo tete apon no mu,

na anuonyam hene no nhyɛn mu.

10Hena ne saa anuonyam hene yi?

Asafo AWURADE,

ɔne anuonyam Hene no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help