1 Samuel 5 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Onyankopɔn adaka no si Dagon fi

1Na Filistifo no faa Onyankopɔn adaka no, na wɔde fi Ebeneser kɔɔ Asdod.

2Ate 16.23 Na Filistifo no de Onyankopɔn adaka no kɔɔ Dagon fi, na wɔde kosii Dagon nkyɛn.

3Na ade kyee a Asdodfo sɔree anɔpatutu no, hwɛ na, Dagon ahwe ase a n’anim butuw fam, wɔ AWURADE adaka no anim. Na wɔmaa Dagon so de no sii ne sibea.

4Na ade kyee a wɔsɔree anɔpatutu no, hwɛ, Dagon ahwe ase a n’anim butuw fam, AWURADE adaka no anim, na Dagon ti ne ne nsa abien abubu gugu apongua no so, na Dagon kuntunsin nko na aka.

5Enti Dagon asɔfo ne wɔn a wɔba Dagon fi nyinaa ntia apongua no so wɔ Asdod de besi nnɛ.

6 Nnw 78.66 Na AWURADE twee Asdodfo aso, na oyii wɔn hu, na ɔde mpɔmpɔ bobɔɔ wɔn, Asdod ne ɛho nkurow nketewa nyinaa mu.

7Na nnipa a wɔte Asdod hui saa no, wɔkae sɛ: Mommma Israel Nyankopɔn adaka no nntena yɛn nkyɛn, efisɛ ɛde ɔhaw pii abrɛ yɛn ne yɛn nyame Dagon.

8Na wɔsoma kohyiahyiaa Filistifo asafohene nyinaa baa wɔn nkyɛn kae sɛ: Dɛn na yɛnyɛ Israel Nyankopɔn adaka no? Na wose: Wɔnsoa Israel Nyankopɔn adaka no nkɔ Gat. Na wɔsoaa Israel Nyankopɔn adaka no kɔɔ hɔ.

9Na wɔsoa kɔe no, AWURADE asotwe baa kurow no so, wibɔ kɛse pa ara, na ɔbobɔɔ kurow no mufo nketewa ne akɛse nyinaa, na mpobia sisii wɔn.

10Na wɔma wɔde Onyankopɔn adaka no kɔɔ Ekron. Na wɔde Onyankopɔn adaka no duu Ekron no, Ekronfo no teɛɛm sɛ: Wɔde Israel Nyankopɔn adaka no aba yɛn nkyɛn de rebekunkum yɛn ne yɛn man!

11Na wɔsoma kohyiahyiaa Filistifo asafohene nyinaa boaa ano, na wɔkae sɛ: Momma wɔmfa Israel Nyankopɔn adaka no nsan nkɔ ne sibea, na ankunkum yɛn ne yɛn man. Na owu anikrakra baa kurow no mu nyinaa, na Onyankopɔn nsa yɛɛ duru wɔ wɔn so wɔ hɔ.

12Na nnipa a wɔanwuwu no, mpobia sisii wɔn, na kurow no mufo su foro kɔɔ soro.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help