Yesaia 17 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Damasko ho atemmusɛm

1 Yer 49.23; Amos 1.3 Damasko ho atemmusɛm.

Hwɛ, Damasko renyɛ ahenkurow bio,

na ɛbɛyɛ afabo kuw.

2Wɔagyaw Aroer nkurow,

mmoakuw afa na wobutubutuw hɔ,

na nea obetu wɔn nni hɔ.

3 Yes 7.1, 8 Na wɔbɛsɛe Efraim abandennen

ne Damasko ahenni,

na Siria nkae bɛyɛ

sɛ Israelfo anuonyam no:

Asafo AWURADE na ose.

Israel ho atemmusɛm

4Ɛda no,

Yakob anuonyam no besua,

na ne honam a adɔ srade

no betwam;

5na ɛbɛyɛ sɛ otwafo buma awi a esisi hɔ,

na ɔde ne nsa twa mmɛtem no;

na ɛbɛyɛ sɛ nea odi awi mmɛtem mu mpɛpɛwa

Refaim bon no mu.

6Nanso ɛbɛka wɔn mu mpɛpɛwa no bi,

sɛ ngo dua porow mu a

aba abien anaa abiɛsa wɔ ntɛntɛnoa,

anan anaa anum

wɔ n’abaa a asow yiye no so no:

AWURADE, Israel Nyankopɔn, na ose.

7Ɛda no na onipa ani begyina ne yɛfo, na n’aniwa bɛhwɛ Israel kronkronni no;

8na ɔrenhwɛ afɔremuka a ɛyɛ ne nsa ano adwuma no, na Asera nnua ne owia adum a ne nsatea ayɛ no, ɔremmu bio.

9Ɛda no na ne nkurow a ɛyɛ den no bɛyɛ sɛ Hewifo ne Amorifo nkurow a wɔagyaw wɔ kwae mu ne mmepɔw atifi a wogyawee wɔ Israelfo anim no, na ayeyɛ akurofo.

10 Deut 32.15, 18 Efisɛ wo werɛ afi wo nkwagye Nyankopɔn,

na w’ahoɔden botan no, wonkae no;

enti wudua nnua afɛfɛ

na wotɛw ananafo nyame som;

11woma efifi da a wuduae no,

na anɔpa a wuduae no ara ɛyɛ frɔmfrɔm,

woma egu nhwiren, nanso ɛso aba no betu akɔ,

amane ne yaw a enni awiei.

Amanaman po no huuyɛ

12Ao, aman bebree huuyɛ,

wɔyɛ huu sɛ ɛpo huuyɛ

Ao, aman hooyɛ,

wɔyɛ hoo sɛ nsu a ɛyɛ den hooyɛ!

13Aman no yɛ hoo sɛ nsu bebree hooyɛ,

ɔka wɔn ma woguan kɔ akyirikyiri,

na wotiw wɔn sɛ mmepɔw so ntɛtɛwa,

mframa anim, ne mframaden ne mu tutuw, ahum anim.

14 Yes 37.36 Anwummere no,

na hwɛ, piriwbɔ aba;

ade nnya nkyee no, na wonni hɔ bio.

Eyi ne yɛn dwowtwafo kyɛfa

ne yɛn afowfo ade a wonya.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help