Eksodɔs 38 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Wɔyɛ Ɔhyew Afɔremuka no(Eksodɔs 27.1-8)

1 Eks 27.1-8 Na ɔde ɔkanto yɛɛ ɔhyew afɔremuka no, ne tenten basafa abien ne fa ne ne tɛtrɛtɛ basafa abien ne fa, ɛyɛ ahinanan, na ne sorokɔ yɛ basafa biako ne fa.

2Na ɔyɛɛ ne mmɛn, ne twɔtwɔw anan no so, emu ara na ne mmɛn no tuatua, na ɔde kɔbere duraa ho.

3Na ɔyɛɛ afɔremuka no ho nneɛma nyinaa, nseaa ne sesaw ade ne nkora, adinam ne nsramma kukuwa no; ɛho nneɛma nyinaa, ɔde kɔbere na ɛyɛe.

4Na ɔnwenee afɔremuka no ho kɔbere ntontan a wɔanwene no sɛ ɔtan, ne bamma no ase fi fam kodu mfinimfini.

5Na oguu nkaa anan tuatuaa kɔbere ntontan no ntwea anan no so, sɛ ɛnyɛ mpoma no hyehyɛbea.

6Na ɔde ɔkanto sinsen mpoma, na ɔde kɔbere duraduraa ho.

7Na ɔde mpoma no wurawuraa nkaa no mu afɔremuka no nkyɛn nkyɛn, na wɔde asoa. Ɔde ntaaboo na ɛyɛe, na emu da ɔkwan.

Wɔyɛ ɔkanto ne adiwo

8 Eks 30.18-21 Na ɔde kɔbere yɛɛ asankasɔn no, na ne ntaase nso yɛ kɔbere a onya fii mmea a wɔba bɛsom, ahyiae ntamadan no ano, no kɔbere nhwehwɛ mu.

9 Eks 27.9-19 Na ɔyɛɛ adiwo no: nifa fam a ɛkyerɛ nifa adiwo mmɔhɔɔ a wɔde asaawa fitaa a wɔafira anwene, basafa aduonum,

10ne n'adum aduonu ne ne kɔbere nnyinaso aduonu, adum no nkoropɛe ne ne mmeae yɛ dwetɛ;

11ne benkum fam mmɔhɔɔ no, basafa aduonum, n'adum aduonu ne ne kɔbere nnyinaso aduonu, adum no nkoropɛe ne ne mmeae yɛ dwetɛ;

12ne atɔe fam mmɔhɔɔ no basafa aduonum anum, n'adum du ne ne nnyinaso du, adum no nkɔtɔkorɔ ne ne mmeae yɛ dwetɛ;

13ne anim fam a ɛkyerɛ apuei de, basafa aduonum anum:

14ɔfa ha mmɔhɔɔ basafa ason ne fa, n'adum abiɛsa ne ne nnyinaso abiɛsa;

15ne ɔfa biako no de nso adiwo no abobow ano ɔfa ha ne ha mmɔhɔɔ basafa ason ne fa, n'adum abiɛsa ne ne nnyinaso abiɛsa.

16Adiwo no mmɔhɔɔ a etwa ho hyia nyinaa, asaawa fitaa a wɔafira na wɔde yɛe,

17na adum no yɛ kɔbere, adum no nkoropɛe ne ne mmeae yɛ dwetɛ, ne ti nnuraho yɛ dwetɛ; adiwo no adum nyinaa dwetɛ mmeae na ɛbeabea ho;

18na adiwo no abobow ano nkataano no yɛ adenwene adwuma a wɔde bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira ayɛ, na ne tenten si basafa du, na ne sorokɔ wɔ ne trɛw mu si basafa abien ne fa, te sɛ adiwo no ho mmɔhɔɔ no;

19na n'adum anan ne ne kɔbere nnyinaso anan, ne nkoropɛe yɛ dwetɛ, na ne ti nnuraho ne ne mmeae nso yɛ dwetɛ.

20Na tenabea no ne adiwo no ho mmofunnua a etwa ho hyia no nyinaa yɛ kɔbere.

Ɔman no ayɛyɛde no anobu

21 Deut 4.28 Eyi ne tenabea no, adanse tenabea no ho nneɛma anobu, sɛnea wɔnam Mose anom asɛm so maa ɔsɔfo Aaron ba Itamar buu ano maa Lewifo som no.

22Eks 31.1-11 Na Hur ba Uri ba Besalel a ofi Yuda abusuakuw mu no yɛɛ nea AWURDE hyɛɛ Mose no nyinaa;

23na nea ɔka ne ho ne Ahisamak ba Oholiab a ofi Dan abusuakuw mu a ɔyɛ sika ne dua dwumfo ne ɔnwemfo a ɔde bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa di ntama mu adwinni.

24 Eks 30.13 Sika a wɔde yɛɛ adwuma no nyinaa, kronkronbea no ho nnwuma nyinaa, ɔtow sika no, ano si dwetikɛse aduonu akron ne nnwetɛbona ahansɔn aduasa, sɛnea kronkronbea dwetɛbona no te.

25Na asafo no mu nnipa a wɔkan wɔn no dwetɛ ano si dwetikɛse ɔha ne nnwetɛbona apem ahansɔn aduɔsɔn anum, sɛnea kronkronbea dwetɛbona no te:

26wɔn a wɔkan wɔn fraa dodow no mu a wɔadi mfirihyia aduonu anaa nea ɛboro saa a wosi mpem ahansia ne mpensa ne ahanum aduonum no mu biara yii beka biako a ɛyɛ dwetɛbona fa, sɛnea kronkronbea dwetɛbona no te.

27Na wɔde dwetɛ dwetikɛse ha no guu kronkronbea no nnyinaso ne ntwamu mmɔhɔɔ no nnyinaso no, nnyinaso ha no yɛ dwetikɛse ha, dwetikɛse biako yɛ nnyinaso biako.

28Na nnwetɛbona apem ahansɔn aduɔsɔn anum no, ɔde yɛɛ adum no nkoropɛe, na ɔde bi duraduraa ne ti ho, na ɔde bi beabeaa ho.

29Na ɔtow kɔbere no ano si dwetikɛse aduɔsɔn ne nnwetɛbona mpennu ahannan.

30Na ɛno na ɔde yɛɛ ahyiae ntamadan no ano nnyinaso, ne kɔbere afɔremuka ne ɛho kɔbere ntontan ne afɔremuka no ho nneɛma nyinaa,

31ne adiwo no nnyinaso a etwa ho hyia, ne adiwo no abobow ano nnyinaso, ne tenabea no ho mmofunnua nyinaa, ne adiwo no mmofunnua a etwa ho hyia nyinaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help