Malaki NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(RATB)
NHYƐNMUOdiyifo Malaki nhoma no bae wɔ mmere bi wɔ mfe ahanum ansa na wɔwo Kristo no mu, a na wɔasi Yerusalem Asɔrefi foforo no awie. Odiyifo no botae titiriw ne sɛ ɔbɛfrɛ asɔfo no ne nkurɔfo no ama wɔakae Awurade apam no, na wonya gyidi foforo. Na ɛda adi pefee sɛ nnipa no de anihaw ne porɔwee ahyɛn Awurade som no mu. Asɔfo no ne nnipa no sisi Awurade sɛ wɔmfa afɔrebɔde a ɛfata mma Awurade fi na afei wonni Awurade kyerɛkyerɛ no so.Nanso Awurade bɛba abebu ne nkurɔfo ntɛn na watew wɔn ho na ɔsomafo bedi n’anim na wasiesie ɔkwan mu, aka n’apam no ho asɛm.EMU NSƐMIsraelfo bɔne 1.1—2.16Onyankopɔn atemmu ne n’ayamye 2.17—4.6