Efesofo 1 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Nkyia

1 Rom 1.7; 1 Ko 1.2 Paulo a ɔnam Onyankopɔn pɛ so yɛɛ Kristo Yesu somafo de kɔma ahotefo a wɔwɔ Efeso a wɔyɛ Kristo Yesu mu gyidifo:

2Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

Onyankopɔn dɔ ho tirimmɔ

3 Efe 2.6 Nhyira nka Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya a ɔde honhom mu nhyira nyinaa ahyira yɛn ɔsoro hɔnom Kristo mu,

4Yoh 15.16; Rom 8.29; Efe 5.27 sɛnea oyii yɛn wɔ ɔdɔ mu Kristo mu ansa na wɔhyɛ wiase ase, sɛ yɛnyɛ ahotefo ne nnipa a wɔn ho nni asɛm n’anim.

5Yoh 1.12 Oyii yɛn too hɔ sɛ ɔnam Yesu Kristo so bɛfa yɛn abagye mu, sɛnea ne pɛ anisɔ te,

6Mat 3.17 na ama wɔayi n'adom a ɔde adom yɛn, wɔ ne Dɔba mu no anuonyam ayɛ.

7 Kol 1.14; Efe 2.7; 3.8; 3.16 Ɔno ankasa mu na yɛanya ogye a ɛnam ne mogya so, a ɛne mfomso fakyɛ no, wɔ n'adom bebree mu.

8Ɔmaa no boroo so maa yɛn, nyansa ne nimdeɛ nyinaa mu.

9Efe 3.9; Rom 16.25 Ɔma yehuu ne pɛ ahintasɛm, sɛnea n’anisɔ a ɛyɛ n'atirimpɔw no te.

10Gal 4.4 Ɔde kyerɛɛ sɛ bere awie du sɛ wɔbɛka nneɛma nyinaa abom bio Kristo mu, mekyerɛ nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so nyinaa.

11 Kol 1.12; Rom 8.28 Ɔno ara Kristo mu na wɔayɛ yɛn adedifo nso, sɛnea ɔyɛ nneɛma nyinaa, ne pɛ agyinatu so no, bɔɔ ne tirim hyehyɛ too hɔ no,

12sɛ yɛn a yɛn ani daa Kristo so kan no mmɛyɛ n’anuonyam ayeyi.

13Ɔno ara mu na mo nso, motee nokware asɛm a ɛne mo nkwagye ho asɛmpa no. Ɔno ara nso mu na mugye dii no, wɔde Honhom Kronkron a wɔde ahyɛ mo bɔ no,

142 Ko 1.22; 5.5; Efe 4.30 a ɛne yɛn apɛgyadenya ahyɛnsode no asɔ mo ano asie. Eyi ne ogye a wɔde agye wɔn a ɔde wɔn ayɛ ne de ama n’anuonyam ayeyi.

Paulo mpaebɔ

15 Kol 1.4 Eyi nti me nso metee mo ho Awurade Yesu mu gyidi ne mo dɔ a mode dɔ ahotefo nyinaa no,

16minnyae mo so aseda ne mo dinbɔ me mpaebɔ mu.

17Mebɔ mpae sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn, anuonyam Agya no, mma mo nyansa ne adiyi honhom wɔ ne ho nimdeɛ mu,

18na moate ase, na moahu ne frɛ anidaso no ne n’apɛgyade anuonyam ahonya wɔ ahotefo no mu.

19Afei nso, ɔmma mo ne tumi kɛse a ɛboro so ma yɛn a yegye di, sɛnea n’ahoɔden tumi adeyɛ

20Nnw 110.1 a ɔde yɛɛ ade Kristo mu, nyan no fii awufo mu no te. Ɔde no tenaa ne nifa ɔsoro,

21Kol 2.10 panyinni ne tumidi ne ahoɔden ne wurayɛ nyinaa so, ɛne din a wɔde to, ɛnyɛ wiase ha nko, na mmom wiase a ɛreba no nso mu.

22Nnw 8.6; Mat 28.18; Efe 4.15 Na ɔde ade nyinaa ahyɛ ne nan ase, na ɔde no ayɛ ade nyinaa so ti ama asafo

23Rom 12.5; 1 Ko 12.27; Efe 4.10 a ɛne ne nipadua no, nea ɔhyɛ ade nyinaa ma wɔ nneɛma nyinaa mu no mayɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help