1 1 Pe 4.5 Afei mehyɛ wo Onyankopɔn ne Kristo Yesu a obebu ateasefo ne awufo atɛn n’ahoyi ne n’ahenni mu no anim.
2Aso 20.20; 20.31 Pae mu ka asɛm no, gyina mu ɛbere a eye ne nea enye mu, yi ntɛn, ka anim, tu fo, abodwokyɛre ne nkyerɛkyerɛ nyinaa mu.
32 Tim 1.13; 1 Tim 4.1 Na bere bi bɛba a wɔrentie nkyerɛkyerɛ pa a eye no, na sɛ wɔn asom yɛ wɔn hene nti, wɔbɛsoa akyerɛkyerɛfo aboa wɔn ho so, sɛnea wɔn ankasa akɔnnɔ te.
41 Tim 4.7; 2 Te 2.11 Na wobeyi wɔn aso afi nokware ho, na wɔadan akotie anansesɛm.
52 Tim 2.3 Na wo de, ma w’ani nna hɔ ade nyinaa mu, mia w’ani hu amane, yɛ ɔsɛmpakafo adwuma, wie wo som no koraa.
Paulo awie n’ankasa n’adwuma6 Flp 2.17 Na me de, wɔanya rehwie me agu sɛ ahwiesa, na me bere a mede mɛsɔre ha ahi.
71 Ko 9.25; 1 Tim 6.12; Flp 3.14 Ɔko pa no, mako; mmirika no, mawie tu; gyidi no, maso mu masie.
82 Tim 2.5; 1 Pe 5.4; Yak 1.12; Adi 2.10 Nea aka a ɛda me hɔ ne trenee abotiri a Awurade, ɔtemmufo trenee no, de bɛma me ɛda no, na ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn a wɔdɔ n’ahoyi no nyinaa nso bi.
N’ani gyina Timoteo9 2 Tim 4.21; 1.4 Bɔ mmɔden bra me nkyɛn ntɛm.
10Kol 4.14 Efisɛ Dema apɛ mprempren wiase agyaw me hɔ, na wasim kɔ Tesalonika, Kreske kɔ Galatia, Tito kɔ Dalmatia.
11Aso 15.37; Kol 4.10 Luka nko na ɔne me wɔ ha. Fa Marko ka wo ho bra, na oye ma me ɔsom mu.
12Aso 20.4; Efe 6.21; Kol 4.7 Tikiko de, masoma no Efeso.
13Sɛ woreba a, fa me batakari a migyawee Karpo nkyɛn wɔ Troa ne nhoma no brɛ me, ne titiriw no nhomapoee no.
Ɔtomfo Aleksanda14 1 Tim 1.20; 2 Sa 3.39; Nnw 28.4 Aleksanda, kɔbere dwumfo no, yɛɛ me bɔne pii. Awurade betua no ka sɛnea ne nnwuma te.
15Ɔno na wo nso hwɛ wo ho yiye wɔ ne ho; efisɛ osiw yɛn nsɛm ano kwan bebree.
Ogye a wogye Paulo16 2 Tim 1.15 Me nyiano a edi kan no mu, obiara ammegyina m’akyi, na wɔn nyinaa gyaw me hɔ; wommmu nngu wɔn so.
17Aso 23.11; 27.23 Na Awurade gyinaa m’akyi, na ɔhyɛɛ me den, na wɔafa me so awie asɛnka no, na amanaman nyinaa ate; na woyii me gyata anom.
18Na Awurade beyi me afi bɔne nyinaa mu na wagye me akɔ ne soro ahenni no mu; ɔno na anuonyam wɔ no mmeresanten nnasanten. Amen.
Nkradi ne nkyia19 Aso 18.2; Rom 16.3; 2 Tim 1.16 Mekyia Priska ne Akwila ne Onesiforo fifo!
20Aso 19.22; 20.4; 21.29 Erasto kaa Korinto, na Trofimo na migyaw no Mileto a ɔyare.
21Bɔ mmɔden bra ansa na awɔw bere aba. Eubulo ne Pude ne Lino ne Klaudia ne anuanom nyinaa kyiakyia wo.
22Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka mo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.