Yona NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(RATB)
NHYƐNMUOdiyifo Yona nhoma yi nte sɛ adiyifo a aka no de wɔ Kyerɛw Kronkron no mu. Mmom ɛkyerɛkyerɛ ahokyere bi a Odiyifo a ɔpɛe sɛ ɔyɛ Onyankopɔn asɛm ho asoɔden no kɔɔ mu. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Odiyifo no sɛ ɔnkɔ Niniwe a ɛyɛ Ahenkurow ma Asaria ahemman kɛse no, na emufo yɛ Israelfo atamfo a wɔn ho yɛ hu no, nanso Yona ampɛ sɛ ɔde Onyankopɔn asɛm no kɔ, efisɛ onim sɛ Onyankopɔn remma n’atirimpɔw sɛ ɔbɛsɛe kurow no mma mu. Ahokyere a ɛyɛ hu pii akyi no Odiyifo no de amemenemfe kɔe na akyiri yi n’abasa mu tui mmere a ohui sɛ: N’asɛnka sɛ ɔsɛe reba no amma mu no su frɛ wo nyame, sɛ ebia obedwen yɛn ho na yɛantotɔ wɔ ha.Nhoma no yi Onyankopɔn tumi sonowonko adi wɔ n’abɔde so, na ne nyinaa akyi no eyi Onyankopɔn adi sɛ ɔwɔ ɔdɔ ne ayamye. Ogye ne nkurɔfo atamfo nkwa, sen sɛ ɔbɛsɛe wɔn.EMU NSƐMYona frɛ ne n’asoɔden 1.1-17Yona ahonu ne ne gye 2.1-10Yona kasa tia Niniwe 3.1-10Onyankopɔn hu Niniwe mmɔbɔ 4.1-11