1Na ɔman mu no nyinaa twaa Yordan wiei no, AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ:
2Munyiyi ɔman no mu mmarima dumien, abusuakuw biara mu onipa biako,
3na monhyɛ wɔn sɛ: Montase abo dumien mfi Yordan mfinimfini ha mfi nea asɔfo no anan gyinae pintinn hɔ, na momfa ntwa, na munkogyaw wɔ mo asoɛe a mobɛsoɛ hɔ anadwo yi.
4Ɛnna Yosua frɛɛ mmarima dumien a ɔpaw wɔn fii Israelfo mu no, abusuakuw biara mu onipa biako.
5Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monsen nni AWURADE mo Nyankopɔn adaka no anim nkɔ Yordan mfinimfini, na montase abo mmiako mmiako mmobɔ mo kɔn ho, sɛ Israelfo mmusuakuw no ano si, na eyi ayɛ mo mu sɛnkyerɛnne.
6Eks 12.26 Sɛ mo mma bisa mo ɔkyena bi sɛ: Mode abo yi kyerɛ dɛn a?
7Monka nkyerɛ wɔn sɛ: Ɛkyerɛ sɛ Yordan nsu no twae, AWURADE apam adaka no anim bere a apam adaka no twaa Yordan no, na abo yi nyɛ nkae mma Israelfo nkosi daa.
8Na Israelfo no yɛɛ saa, sɛnea Yosua hyɛe no, na wɔtasee abo dumien Yordan mu, sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ Yosua no, sɛ Israelfo mmusuakuw no ano si, na wɔde twa baa wɔn asoɛe, na wogyawee wɔ hɔ.
9Na Yosua momaa abo dumien nso so sisii Yordan mu, nea asɔfo a wɔso apam adaka no anan sisii hɔ, na ɛwɔ hɔ de besi nnɛ.
10Na asɔfo a wɔso adaka no gyinaa Yordan mu ara de kosii sɛ wowiee asɛm a AWURADE hyɛɛ Yosua sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa, sɛnea Mose hyɛɛ Yosua no nyinaa.
Na ɔman no yɛɛ ntɛm twae.
11Na ɔman no nyinaa wiee otwa no, na AWURADE adaka no nso twae, na asɔfo no kodii ɔman no anim.
12Num 32.21, 29 Na Ruben mma ne Gad mma ne Manase abusuakuw fa no kɔɔ amia mu twa kodii Israelfo no anim, sɛnea Mose ka kyerɛɛ wɔn no,
13nnipa bɛyɛ ɔpeduanan a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko na etwa dii AWURADE anim kɔɔ ɔsa, Yeriko tataw so.
14Yos 3.7 Da no ara na AWURADE pagyaa Yosua, Israel nyinaa ani so, na wosuroo no sɛnea wosuroo Mose no, ne nkwa nna nyinaa.
15Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ:
16Hyɛ asɔfo a wɔso adanse adaka no, na wɔmforo mfi Yordan mu mmra.
17Na Yosua hyɛɛ asɔfo no sɛ: Momforo mfi Yordan mu mmra.
18Na asɔfo a wɔso AWURADE apam adaka no foro fii Yordan mu na asɔfo no anammɔn besii asase kesee so ara pɛ, na Yordan mu nsu no san baa n’afa, na ɛbɛsram ne kɔn so nyinaa sɛ ɛte kan no.
19 Yos 5.9 Na ɔman no foro fii Yordan mu ɔsram a edi kan no da a ɛto so du, na wɔkɔbɔɔ nsra Gilgal, Yeriko apuei hye so.
20Na abo dumien a wɔtase fii Yordan mu no, Yosua de sisii Gilgal.
21Yos 4.6 Na ɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: Sɛ ɔkyena bi mo mma bisa wɔn agyanom sɛ: Abo yi kyerɛ dɛn a?
22Ɛno na momma wonhu sɛ asase kesee so na Israel fae de twaa Yordan yi,
23Eks 14.21-22 sɛ AWURADE mo Nyankopɔn yow Yordan nsu no mo anim kosii sɛ mutwae, sɛnea AWURADE mo Nyankopɔn yɛɛ Mmɛw-Po no a ɔyow no yɛn anim kosii sɛ yetwae no,
24na asase so aman nyinaa nhu AWURADE basa a emu yɛ den, na moasuro AWURADE mo Nyankopɔn nna nyinaa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.