Atemmufo 11 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Yefta: Ne nkunimdi ne ne bɔhyɛ

1Na Gileadni Yefta yɛ ɔbarima a ɔyɛ nnam, nanso ɔyɛ ɔbea aguaman bi ba, na Gilead na ɔwoo Yefta.

2Gye 21.10 Na Gilead yere woo mmammarima maa no, na ɔyere no mma nyinnyinii no, wɔpam Yefta, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Worennya awunnyade yɛn agya fi, efisɛ ɔbea foforo bi ba ne wo.

3Ate 9.4; 1 Sa 22.2 Ɛnna Yefta guan fii ne nuanom nkyɛn kɔtenaa Tob asase so, na nnipa ahuhufo bi boaa wɔn ho ano bɛkaa Yefta ho, na wodii n’akyi.

4Na ɛno akyi no, Amonfo ne Israel kodii ako.

5Na Amonfo ne Israel bɛkoe no, Gilead mpanyimfo kɔe kɔfaa Yefta fii Tob asase no so,

6na wɔka kyerɛɛ Yefta sɛ: Bra bɛyɛ yɛn safohene, na yɛne Amonfo nkɔko.

7Na Yefta ka kyerɛɛ Gilead mpanyimfo no sɛ: So ɛnyɛ mo ara na motan me na mopam me fii m’agya fi no? Na ɛdɛn nti na moba me nkyɛn afei a mowɔ ahohia mu yi?

8Ate 10.18 Na Gilead mpanyimfo no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: Ɛno nti na afei yɛasan aba wo nkyɛn yi, na wo ne yɛn nkɔ na yɛne Amonfo nkɔko, na yɛ yɛn ti, Gileadfo nyinaa so.

9Na Yefta ka kyerɛɛ Gilead mpanyimfo no sɛ: Sɛ mode me san kɔ sɛ me ne Amonfo nkɔko na AWURADE de wɔn hyɛ me nsa a, me na minni mo ti anaa?

10Na Gilead mpanyimfo no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: AWURADE nyɛ yɛne wo ntam dansefo. Ampa ara nea wuse yi, ɛno ara na yɛbɛyɛ.

11Ate 20.1 Ɛnna Yefta ne Gilead mpanyimfo no siim bae, na ɔman no de no sii wɔn ti ne safohene. Na Yefta kɔkaa ne nsɛm nyinaa AWURADE anim wɔ Mispa.

12Ɛnna Yefta somaa abɔfo kɔɔ Amonfo hene no nkyɛn sɛ: Asɛm bɛn na me ne wo wɔ na woreba me so ne m’asase abɛko yi?

13Na Amonfo hene no ka kyerɛɛ Yefta abɔfo no sɛ: Efisɛ Israel faa m’asase bere a wofii Misraim reba no, de fi Arnon kosi Yabok ne Yordan ano. Na afei dan ma me komm.

14Na Yefta san somaa abɔfo bio kɔɔ Amonfo hene no nkyɛn

15Deut 2.9, 19 kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Yefta se ni: Israel amfa Moab asase ne Amonfo asase bi,

16na mmom wofi Misraim no, Israel nantew sare so kosii Mmɛw-Po ano, na wɔbaa Kades.

17Num 20.14-21 Na Israel somaa abɔfo kɔɔ Edom hene nkyɛn sɛ: Ma mintwam w’asase so ɛ! Na Edom hene no antie. Na ɔsoma kɔɔ Moab hene nkyɛn nso, na wampene. Na Israel tenaa Kades.

18Num 21.13 Na wɔnantew sare so kotwaa Edom asase ne Moab asase ho kɔntɔnkrɔn, na wobefii Moab asase no apuei, na wɔbɛbɔɔ nsra Arnon agya noho, na wɔamma Moab asase so, efisɛ Arnon ne Moab hye.

19Num 21.21-31; Deut 2.26-37 Ɛnna Israel somaa abɔfo kɔɔ Amorifo hene Sihon a ɔyɛ Hesbonhene no nkyɛn, na Israel ka kyerɛɛ no sɛ: Ma yentwam w’asase so nkɔ m’afa.

20Na Sihon annye Israel anni, sɛ ɔbɛma wɔafa ne hye so, na Sihon boaa ne man nyinaa ano, na wɔbɛbɔɔ nsra Yahas, na ɔne Israel bɛkoe.

21Na AWURADE, Israel Nyankopɔn, de Sihon ne ne man nyinaa hyɛɛ Israel nsa, na wokunkum wɔn, na Israel faa Amorifo a wɔte asase no so no asase nyinaa dii so,

22na wɔfaa Amorifo asase nyinaa fi Arnon ano kosi Yabok ano, na efi sare so kosi Yordan ano.

23Na afei a AWURADE Israel Nyankopɔn atu Amorifo afi ne man Israel anim yi, wo na wobɛfa adi so anaa?

24Num 21.29 So ɛnyɛ nea wo nyame Kemos de maa wo sɛ di so na wobɛfa adi so anaa? Na ade biara a AWURADE yɛn Nyankopɔn agye ama yɛn sɛ yenni so no, ɛno na yɛbɛfa adi so.

25Num 22.2 Na afei, so wuye sen Moab hene Sipor ba Balak? So ɔham na ɔne Israel hamee anaasɛ ɔko na ɔne wɔn koe?

26Bere a Israel tenaa Hesbon ne ɛho nkurow ne Aroer ne ɛho nkurow ne Arnon ho nkurow nyinaa mu mfirihyia ahasa no, ɛdɛn nti na moannye saa bere no?

27Na me de, menyɛɛ wo bɔne bi ɛ, na wo na woreyɛ me bɔne sɛ wo ne me rebɛko yi. AWURADE temmufo na ommu Israelfo ne Amonfo ntam atɛn nnɛ.

28Nanso Amonfo hene antie Yefta nsɛm a ɔsoma kɔka kyerɛɛ no no.

29 Ate 6.34 Na AWURADE honhom baa Yefta so, na ɔfaa Gilead ne Manase sen kɔɔ Gilead-mispe, na ofi Gilead-mispe twaam kɔɔ Amonfo no so.

30Na Yefta hyɛɛ AWURADE bɔ sɛ: Sɛ wode Amonfo no hyɛ me nsa a,

31ɛnne nea ebefi me fi apon ano abehyia me da a meresan mafi Amonfo so dwoodwoo no, ɛbɛyɛ AWURADE de, na mede mɛbɔ afɔre mu.

32Ɛnna Yefta twaam kɔɔ Amonfo no so ne wɔn kɔkoe; na AWURADE de wɔn hyɛɛ ne nsa.

33Na okunkum wɔn okum kɛse pa ara fi Aroer kosi nea wɔfa kɔ Minit, nkurow aduonu, ɛde kosi Abel-keramim. Na wɔbrɛɛ Amonfo no ase Israelfo anim.

Yefta babea behyia no

34Ɛnna Yefta baa ne fi Mispa. Na hwɛ, ne babea de mpintin ne asaw fii adi behyiaa no, nso na odi no bakoro, onni ɔbabarima anaa ɔbabea ka ne ho.

35Num 30.2 Na ohuu no no, osunsuanee ne ntade mu kae sɛ: Ao! Me ba, ɔbrɛ na woabrɛ me ase, na worebɛhow me werɛ! Efisɛ mabue m’ano mama AWURADE, na mintumi mensan m’akyi.

36Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: M’agya, woanya abue w’ano ama AWURADE a, ɛnne yɛ me sɛnea afi w’ano no, sɛ AWURADE anya adi were ama wo, w’atamfo Amonfo no so yi.

37Na ɔka kyerɛɛ n’agya bio sɛ: Wɔnyɛ eyi mma me: Gya me kwan asram abien, na minsian menkɔ mmepɔw so, na me ne me mfɛfo nkosu me mmabaabere.

38Na ɔkae sɛ: Kɔ! Na ogyaa no kwan asram abien. Na ɔne ne mfɛfo kɔe, na okosuu ne mmabaabere mmepɔw so.

39Na asram abien duu no, ɔsan baa n’agya nkyɛn; na ɔyɛɛ no sɛnea ne bɔ a ɔhyɛe no te; na wanhu ɔbarima biara. Na ɛyɛɛ atɔremude Israel mu sɛ:

40Daa afirihyia Israel mmabea de su kɔkae Gileadni Yefta babea no afe mu no nnanan.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help