1 Samuel 13 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Filistifo so satu

1Saul bedii hene no, na wadi bɛyɛ mfirihyia aduasa Na odii Israel so hene bɛboro mfe abien no,

2ɔpaw Israel mu nnipa mpensa fae. Na wɔn mu mpennu wɔ Saul nkyɛn, Mikmas ne Betel bepɔw so, na apem wɔ Yonatan nkyɛn Gibea a ɛwɔ Benyamin; na ɔman a aka no, ogyaa wɔn kwan ma wɔkokɔɔ wɔn ntamadan mu.

31 Sa 14.49 Na Yonatan kaa Filistifo bansifo a wɔwɔ Geba no gui; na Filistifo tee. Ɛnna Saul hyɛn torobɛnto asase no nyinaa so sɛ: Momma Hebrifo nte!

4Na Israel nyinaa tee sɛ Saul aka Filistifo bansifo no agu, ne sɛ Israel ama wɔn ho ayɛ Filistifo ahi. Na wohyiahyiaa ɔman no boaa ano, Saul nkyɛn wɔ Gilgal.

5Na Filistifo boaboaa wɔn ho ano sɛ wɔne Israel rebɛko: Nteaseɛnam ɔpeduasa ne apɔnkɔfo mpemnsia ne dɔm a ne dodow te sɛ mpoano anwea. Na wɔforo bae bɛbɔɔ nsra Mikmas, Bet-awen apuei.

6Na Israel mmarima no hui sɛ ɛreden wɔn, efisɛ wɔhyɛɛ ɔman no ahometew: Na ɔman no hintahintaw abodan ne mmena ne abotan ne aboda ne mmura mu.

7Na Hebrifo no bi twaa Yordan kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Na Saul da so wɔ Gilgal, na ɔman no nyinaa de ahopopo dii n’akyi.

Saul afɔrebɔ a ɛmfata

8 1 Sa 10.8 Na ɔtwɛnee nnansɔn a ɛne bere a Samuel hyɛe no; nanso Samuel amma Gilgal, na ɔman no fii ne ho petee.

9Ɛnna Saul kae sɛ: Momfa ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre no mmrɛ me. Na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre no.

10Na hwɛ, owiee ɔhyew afɔre no bɔ ara pɛ, na Samuel bae; na Saul fii adi sɛ ɔrekohyia no akyia no.

11Ɛnna Samuel kae sɛ: Ɛdɛn na woayɛ yi? Na Saul se: Mihui sɛ ɔman no refi me ho apete, na wo nso woamma bere a wohyɛe no, na Filistifo aboa wɔn ho ano Mikmas,

12ɛnna mise: Afei Filistifo rebesian aba me so wɔ Gilgal, nso minnya minyii AWURADE mpae ɛ, enti na mehyɛɛ me ho mebɔɔ ɔhyew afɔre no.

13Na Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: Woadi nkwaseasɛm, woanni AWURADE wo Nyankopɔn mmara asɛm a ɔhyɛɛ wo no so. Na anka afei na AWURADE rebɛma w’ahenni atim Israel so daa:

14Aso 13.22 Na afei w’ahenni rennyina. AWURADE bɛhwehwɛ ne koma so barima afa, na AWURADE asi no ne man so hene, efisɛ woanni nea AWURADE hyɛɛ wo no so.

15Na Samuel sɔre fii Gilgal kɔɔ Gibea-benyamin. Na Saul kan dɔm a wɔne no wɔ hɔ no, mmarima bɛyɛ ahansia.

16Na Saul ne ne ba Yonatan ne dɔm a wɔne wɔn wɔ hɔ no tenaa Gibea-benyamin, nso na Filistifo abɔ nsra wɔ Mikmas.

17Na afowfo akuw abiɛsa fi Filistifo nsram bae: Asafokuw biako tew faa Ofra kwan so kɔɔ Saul asase so;

18na asafokuw biako tew faa Bet-horon kwan so, na asafokuw biako nso tew faa ɔhye a ɛkyerɛ Seboim bon no kwan so kɔɔ sare so fam.

19 Ate 5.8 Nanso na ɔtomfo biara nni Israel asase no so baabiara, efisɛ Filistifo kae sɛ: Anyɛ saa a, Hebrifo bɛbɔ nkrante ne mpeaw.

20Na Israel nyinaa sian kɔ Filistifo nkyɛn kɔsesew wɔn fɛtɛw nnade ne wɔn nsɔw ne wɔn nkuma ne wɔn, nnade a akonton a wɔde twa sare;

21na wogye fɛtɛw nnade ne nsosɔw no biara ho dwetɛbona nkyemu abiɛsa mu biako, na wɔsew nkuma anaa wosiesie nnade a wɔde ka, mmoa nso a, wogye dwetɛbona nkyemu abiɛsa mu biako no mmɔho.

22Na koda no, wɔanhu nkrante anaa peaw dɔm a wɔne Saul ne Yonatan wɔ hɔ no mu biara nsam gye Saul ne ne ba Yonatan nsam na wohuu bi.

23Na Filistifo bansifo no fii adi kɔɔ baabi a Mikmas fa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help