1Me kra, hyira AWURADE,
na me mu ade nyinaa nhyira ne din kronkron.
2Me kra, hyira AWURADE,
na mma wo werɛ mmfi ne nneyɛe pa nyinaa.
3 Nnw 32.1 Ɔno na ɔde wo mfomso nyinaa kyɛ wo,
na ɔsa wo nyarewa nyinaa.
4 Nnw 5.12 Ogye wo nkwa fi amena mu,
ɔde adɔe ne mmɔborohunu bɔ wo abotiri.
5 Yes 40.31 Ɔde adepa hyɛ w’afono ma
ma wo mmerantebere yɛ foforo sɛ ɔkɔre.
6AWURADE di asɛntrenee,
na obu atɛn gye wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa.
7 Eks 33.13 Ɔde n’akwan kyerɛɛ Mose,
ɔmaa Israel mma huu ne nneyɛe.
8 Eks 34.6; Nnw 86.15 Mmɔborohunufo ne ɔdomfo ne AWURADE,
ne bo kyɛ fuw, na n’adɔe dɔɔso.
9 Yes 57.16 Ɔrenham nkosi daapem,
na ɔrennya yɛn menasepɔw nkosi daa.
10Onsusuw yɛn bɔne so ne yɛn nni,
na ɔnhwɛ yɛn mfomso nhyɛ yɛn ananmu.
11 Nnw 33.6 Na sɛ ɔsoro ware sen asase no,
sɛ n’adɔe so, wɔn a wosuro no so ne no.
12Sɛ Apuei ne Atɔe ntam ware no,
sɛ wama yɛn ne yɛn mmarato ntam aware ne no.
13Sɛ agya yam hyehye no mma ho no,
sɛ AWURADE yam yɛ no wɔn a wosuro no ho ne no.
14 Hiob 10.9; Gye 2.7; 3.19 Na onim yɛn su,
ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.
15 Nnw 90.5-6; 1 Pe 1.24-25 Ɔdesani de, ne nna te sɛ sare,
ɔyɛ frɔmm sɛ wuram nhwiren.
16Sɛ mframa bɔ fa no so a, na onni hɔ,
na ne sibea nnim no bio.
17 Kwa 3.22; Luka 1.50 Na AWURADE adɔe fi daa kɔ daa, wɔn a wosuro no so,
na ne trenee wɔ hɔ ma mma mma,
18ma wɔn a wodi n’apam so,
na wɔkae n’ahyɛde sɛ wɔbɛyɛ.
19AWURADE de n’agua asi soro,
na n’ahenni di ade nyinaa so.
20 Nnw 29.1; Dan 7.10 AWURADE abɔfo, munhyira no,
ahoɔdenfo a mudi n’asɛm so
na mutie ne kasa no.
21AWURADE asafo nyinaa, munhyira no,
n’asomfo a moyɛ nea ɛsɔ n’ani no.
22 Nnw 148 AWURADE nnwuma nyinaa, munhyira no,
mmeaemmeae a odi tumi nyinaa.
Me kra, hyira AWURADE.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
