Hiob 31 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Hiob kyerɛ sɛ n’abrabɔ teɛ

1 Mat 5.28-29 Apam na me ne m’aniwa apam,

na adɛn na memfa m’ani menkari ɔbaabun?

2Na anka dɛn ne Onyankopɔn kyɛfa a efi soro,

ne Otumfo agyapade a efi sorɔnsorɔnmmea?

3So ɛnyɛ ɔsɛe ne obusufo ade,

na akatua dennen ne amumɔyɛfo kyɛfa anaa?

4 Hiob 23.10 So ɛnyɛ ɔno na ohu m’akwan,

na ɔkan m’anammɔntutu nyinaa?

5Sɛ midii ahuhude akyi,

na me nan pɛɛ nnaadaa ho ntɛm a,

6ɔnkari me nseniakwanmu mu,

na Onyankopɔn nhu me mudi no.

7 Nnw 7.3-5 Sɛ me nan man fii ɔkwan no so,

na me koma dii m’aniwa akyi,

na nkekae wɔ me nsam a,

8ɛnne wɔmma minnua na obi nni,

na wontutu me nnɔbae ngu.

9Sɛ wɔdaadaa me koma ɔbea bi ho,

na metɛw me yɔnko pon ano a,

10 Deut 28.30; 2 Sa 12.11 ɛnne ma me yere nyam mma obi,

na ebinom nkom no so,

11na ɛno na ɛyɛ aniwusɛm,

na ɛno ne asɛnnifo anim amumɔyɛ.

12Na ɛno ne ogya a ɛhyew kɔ ɔyera amoa mu,

na anka ebetutu me nnɔbae nyinaa.

13Sɛ mammu m’akoa anaa m’afenaa atemmu hwee

bere a wɔne me wɔ ɔham bi a,

14ɛnne sɛ Onyankopɔn sɔre a, dɛn na mɛyɛ?

Na sɛ obisa a, dɛn na mede mebua no?

15 Efe 6.9 So ɛnyɛ nea ɔyɛɛ me no na ɔyɛɛ no ɔyafunu mu,

na obiakofo na osiesiee yɛn nyinaa ɛna yam?

16 Hiob 29.12 Sɛ masianka abrɛfo afi nea wɔhwehwɛ ho,

na mama akunafo ani abu,

17na me nkutoo madi me m'aduan,

na ayisaa anni mu bi a,

18mmom efi ne mmofraase na meyɛn no sɛ agya,

na efi ne na yam na mekyerɛɛ no kwan,

19sɛ mahu obi a ntama abɔ no nti ɔreyera,

na nkataho bi nni ohiani nsam,

20na sɛ n’asen mu anhyira me,

na wamfa me nguammaa nwi anhyɛ ne ho hyew,

21 Hiob 29.7 na sɛ mama me nsa so ayisaa so,

efisɛ mihuu me boa kurow pon mu a,

22ɛnne me mmati nhuan mfi ne dompe so,

na me nsa mmubu mfi ne dompe so.

23 Hiob 32.22 Efisɛ mmusu a efi Onyankopɔn yii me hu,

na ne kɛseyɛ nti mantumi manyɛ hwee.

24 Nnw 52.7 Sɛ mede sika mayɛ m’ahotoso,

na maka makyerɛ amapa sɛ m’anidaso ne no,

25na sɛ m’ani gyei sɛ m’ahode dɔɔso,

ne sɛ me nsa aka ade bebree,

26 Deut 4.19 na sɛ mihuu owia hann sɛ ɛhyerɛn,

na ɔsram nam ne haran mu,

27 1 Ah 19.18 na ɛdaadaa me koma kokoam,

na m’ano few me nsa ho de mae a,

28na anka mapa Onyankopɔn a ɔwɔ soro no akyi

ɛno nso ne ɔtemmufo anim amumɔyɛ bi.

29 Nnw 35.13; Mmb 24.17 Sɛ m’ani gyee me tamfo amanehunu ho,

na me ho san me sɛ bɔne ato no a,

30 1 Pe 3.9 nso mamma m’ano anyɛ bɔne,

sɛ mede nnome mɛhwehwɛ ne wu,

31ampa ara, me ntamadan mufo anka sɛ:

Hena na Hiob maa no nam a ammee no?

32 Gye 19.2; Heb 13.2 Ɔhɔho biara ansoɛ abɔnten so,

mibuee me pon mekyerɛɛ akwantufo,

33sɛ mekataa me mmarato so sɛ Adam,

na mede m’amumɔyɛ misiee me kokom,

34efisɛ misuroo nkurɔfo dodow

na abusuafo ahohorabɔ yii me hu,

na ɛma meyɛɛ komm,

mamfi me pon ano mamfi adi a —

35 Hiob 23.3-7 O, sɛ anka merenya obi a obetie me ɛ!

(Hwɛ, m’agyirae ni!

Otumfo mmua me!)

O, sɛ anka ɔbarima a ɔne me anya no bɛkyerɛw asɛm a ɔne me wɔ no ɛ!

36Anka ampa ara mede mɛto me mmati,

mede mɛbɔ me ti sɛ abotiri,

37anka mɛkyerɛ no m’anammɔntutu dodow,

metwiw mabɛn no sɛ ɔhene.

38Sɛ m’asase teɛm hyɛ me,

na n’akofi de nne koro su,

39 Hiob 24.11 na sɛ midii n’aba na mamma sika,

na memaa ɔdede hweree ne kra a,

40ɛnne ma nsɔe mmesi awi ananmu mfifi,

na nnɛnkyɛnse mmesi atoko ananmu.

Hiob nsɛm no asi.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help