1Na Mordekai huu nea aba no nyinaa no, osunsuanee ne ntade mu, na ɔde ayitam ne nso kataa ne ho; na ofii adi kɔɔ kurow no mfinimfini, na osuu osu dennen.
2Na ɔkɔɔ ɔhene ponkɛse anim; nso na obiara nni ho kwan sɛ ofura ayitam de hyɛn ɔhene ponkɛse mu.
3Na asase no biara a ɔhene asɛm ne ne mmara no duu hɔ no, nkɔmmɔdi kɛse ne mmuadadi ne osu ne adwotwa baa Yudafo no mu, na nnipa pii dedaa ayitam ne nso mu.
4Ɛnna Ester mmaawa ne ne mpiafo no bae bɛka kyerɛɛ no. Na ɔhemmea no bɔɔ piriw papa, na ɔsomae sɛ wɔmfa ntade nkɔhyɛ Mordekai, na wonyi ne ho ayitam no, nanso wannye.
5Ɛnna Ester frɛɛ Hatak, ɔhene mpiafo no mu biako a wayi no sɛ ɔnsom no no, na ɔsomaa no Mordekai nkyɛn, na wahu dekode ne nea efi so.
6Na Hatak fii adi kɔɔ Mordekai nkyɛn, kurow no mprae a ɛda ɔhene ponkɛse anim no so.
7Est 3.9 Na Mordekai kaa no nea ato no no nyinaa ne dwetɛ dodow a Haman aka sɛ Yudafo no nti ɔbɛkari agu ɔhene akorade mu sɛ wonkunkum wɔn no.
8Na Mordekai de mmara a wɔhyɛɛ Susan sɛ wɔnsɛe wɔn no nkyerɛwee nhwɛso maa no, sɛ ɔmma Ester nhu, na ɔnka nkyerɛ no, na ɔnhyɛ no sɛ ɔnkɔ ɔhene nkyɛn nkɔkotow no, na ɔnsrɛ no mma ne man.
Wɔsrɛ Ester hɔ mmoa9Na Hatak bae, bɛkaa Mordekai nsɛm no kyerɛɛ Ester.
10Ɛnna Ester kasa kyerɛɛ Hatak na ɔsomaa no Mordekai nkyɛn sɛ:
11Est 5.2; 8.4 ɔnkɔka nkyerɛ no sɛ, ɔhene nkoa nyinaa ne ɔhene nsase so nkurɔfo nim sɛ, ɔbarima anaa ɔbea biara a ɔba ɔhene nkyɛn, emu fam abangua so a wɔmfrɛɛ no no, ne mmara biako pɛ na ɛwɔ hɔ, sɛ wokum no, gye nea ɔhene bɛteɛ sika ahempoma akyerɛ no sɛ ɔntena ase no. Nso adaduasa ni, wɔmfrɛɛ me sɛ menkɔ ɔhene nkyɛn.
12Na wɔkɔkaa Ester nsɛm no kyerɛɛ Mordekai.
13Na Mordekai kae sɛ wonkobua Ester sɛ: Nsusuw sɛ wubefi mu wɔ ahemfi, Yudafo nyinaa mu;
14Gye 45.7 na mmom sɛ wumua w’ano bere yi mu a, ɛnne ɔboa ne ogye bɛsɔre afi baabi ama Yudafo, na wo ne w’agya fi de, mobɛsɛe; na hena na onim sɛ ɛbere a ɛte sɛɛ yi nti na wo nsa aka ahenni no?
15Ɛnna Ester kae sɛ wonkobua Mordekai sɛ:
162 Ah 7.4 Kohyia Yudafo a wohu wɔn Susan nyinaa boa ano, na me nti munni mmuada, na munnnidi na monnnom nnansa awia ne anadwo. Me nso, me ne me mmaawa bedi mmuada saa ara, na mede saa makɔ ɔhene nkyɛn a ɛnnam mmara so; na sɛ miwu a, na mawu.
17Na Mordekai sen kɔe kɔyɛɛ sɛnea Ester hyɛɛ no no nyinaa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.