2 Berɛsosɛm 11 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Yuda ne Benyamin ho banbɔ

1 1 Ah 12.21-24 Na Rehoboam duu Yerusalem no, ɔboaa Yuda ne Benyamin fi no nyinaa ano hyiae, mmarima akofofo a wɔapaw wɔn ɔpeha aduɔwɔtwe, sɛ ɔne Israel rekɔko na wɔadan ahenni no ama Rehoboam.

2Na AWURADE asɛm baa Onyankopɔn nipa Semaia nkyɛn sɛ:

3Ka kyerɛ Solomon ba Rehoboam, Yuda hene, ne Israel a wɔwɔ Yuda ne Benyamin nyinaa sɛ:

4Sɛ AWURADE se ni: Mommforo nnkɔ, na mo ne mo nuanom nnkɔko; monsan nkokɔ mo afi, na me na asɛm yi fi me. Na wotiee AWURADE asɛm no, na wɔsan fii Yeroboam so kɔ no.

Rehoboam nkurow a ɛyɛ den

5Na Rehoboam tenaa Yerusalem. Na ɔkyekyee nkurow ma ɛyɛɛ den wɔ Yuda,

6na ɔkyekyee Betlehem ne Etam ne Tekoa,

7ne Bet-sur ne Soko ne Adulam,

8ne Gat ne Maresa ne Sif,

9ne Adoraim ne Lakis ne Aseka,

10ne Sora ne Ayalon ne Hebron a ɛyɛ Yuda ne Benyamin mu nkurow a ɛyɛ den no.

11Na ɔhyehyɛɛ nkurow no den, na ɔde asafohene ne aduan ne ngo ne nsa akorade kokɔɔ mu.

12Na ɔde akyɛm ne mpeaw korakoraa nkurow no nyinaa mu, na ɔhyehyɛɛ nkurow no den pa ara. Na Yuda ne Benyamin wɔ no.

13Na asɔfo ne Lewifo a wɔwɔ Israel nyinaa fi wɔn nsaase nyinaa so begyinaa n’akyi.

142 Be 13.9 Na Lewifo no gyigyaw wɔn nkurow ho mfikyisaase ne wɔn agyapade, na wɔbaa Yuda ne Yerusalem, efisɛ Yeroboam ne ne mma tutuu wɔn sɛ wonnni AWURADE asɔfo,

151 Ah 12.31 na ɔhyehyɛɛ n’asɔfo maa sorɔnsorɔmmea no ne mpapo ne anantwi mma a ɔyɛe no.

16Na wɔn akyi no wɔn a wɔde wɔn koma mae sɛ wɔbɛhwehwɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no fifii Israel mmusuakuw nyinaa mu baa Yerusalem, sɛ wɔbɛbɔ afɔre ama AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no.

17Na wɔmaa Yuda ahenni no yɛɛ den, na wɔhyɛɛ Solomon ba Rehoboam den mfirihyia abiɛsa, efisɛ wɔnantew Dawid ne Solomon kwan so mfe abiɛsa.

18 1 Sa 16.6 Na Rehoboam waree Mahalat a ɔyɛ Dawid ba Yerimot babea ne Abihail a ɔyɛ Yese ba Eliab babea,

19na ɔwoo mma, Yeus ne Semaria ne Saham.

20Na ɛno akyi no, ɔwaree Absalom ba Maaka, na ɔwoo Abigya ne Atai ne Sisa ne Selomit maa no.

21Na Rehoboam dɔ Absalom ba Maaka sen ne yerenom ne ne yefamnom nyinaa, na ɔwaree yerenom dunwɔtwe ne yefam aduosia, na ɔwowoo mmammarima aduonu awotwe ne mmabea aduosia.

22Na Rehoboam de Maaka ba Abigya dii ne nuanom no mu ti ne panyin, na ɔpɛe sɛ osi no hene.

232 Be 21.3 Na odii no nyansam, na ɔde ne mmammarima no nyinaa mu binom sisii Yuda ne Benyamin nsaase no nyinaa so, nkurow a ɛyɛ den no nyinaa mu, na ɔde akɔnhamabɔde bebree maa wɔn, na ogyigyee mmea bebree aware momaa wɔn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help