Kwadwom 5 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Mmɔborohunu ho adesrɛ

1AWURADE, kae nea aba yɛn so,

hwɛ na hu yɛn ahohora!

2Yɛn agyapade adan ahɔho de,

yɛn afi ayɛ ananafo de;

3yɛadannan nyisaa ne nnyanka,

yɛn nanom te sɛ akunafo.

4Nsu a yɛnom no, ɛsɛ sɛ yetua ka;

yɛn nnyina, wɔtɔn ma yɛn.

5Wokura yɛn kɔn akyi ka yɛn kɔ;

yɛbrɛ, wɔmma yennya ahomeye.

6Yɛde yɛn ho ma Misraim ne Asiria,

na yɛanya aduan adi amee.

7 Eks 20.5; Yer 31.29; Hes 18.2 Yɛn agyanom ayɛ bɔne, nso wonni hɔ;

na yɛn na yɛso wɔn amumɔyɛ.

8Nkoa di yɛn so,

nea ɔbɛgye yɛn afi wɔn nsam nni hɔ.

9Yɛn kra da yɛn nsam

na yɛkɔpɛ yɛn aduan, efisɛ afoa wɔ sare so.

10Yɛn were ayɛ hyerehyere sɛ ɔfononoo,

sɛ ɔkɔm a ano yɛ hyew no nti.

11Wɔhyɛ Sion mmea ne wɔn da,

Yuda nkurow mu mmabaa, nyinaa.

12Wɔde wɔn nsa sensɛn mmapɔmma,

wonni mpanyin anim ni;

13wɔma mmerante yam awiyammo so,

na mmofra hwehwe ase, nnyina ase;

14mpanyimfo agyae kurow apon mu ba,

mmerante agyae wɔn sankubɔ.

15Yɛn koma ahosan agyae,

yɛn asaw adan nkɔmmɔdi.

16 Yer 13.18 Yɛn abotiri ayi atɔ fam;

yɛn ara yennue, na yɛayɛ bɔne.

17Eyi nti na yɛn koma agurow,

eyinom nti na yɛn ani so ayɛ kusuu.

18Sion bepɔw a ayɛ amamfo nti,

sakraman nenam so.

19Wo AWURADE, wote hɔ daa,

w’agua tim hɔ, awo ntoatoaso nyinaa mu.

20 Nnw 13.1 Adɛn nti na wo werɛ fi yɛn ma ɛkyɛ saa,

na woagyaw yɛn dedaadaw yi?

21AWURADE, san yɛn bra wo nkyɛn, na yɛnsan,

ma yɛn nna nyɛ foforo sɛ tete de no.

22Anaasɛ ɔpa na woapa yɛn koraa,

so wo bo afuw yɛn mmoroso?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help