Nnwom 119 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Onyankopɔn mmara ho anigye

1 Nnw 1.1-2; 112.1 Nhyira ne wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ,

na wɔnam AWURADE mmara so.

2Nhyira ne wɔn a wɔhwɛ n’adansesɛm so,

na wɔde wɔn koma nyinaa di akyi,

3nso wɔnyɛ amumɔyɛde,

na wɔnam n’akwan so.

4Wo na wode wo nsiesiei ahyɛ yɛn

sɛ yenni so koraa.

5O, sɛ wɔateɛteɛ m’akwan,

na midi w’ahyɛde so ɛ!

6Sɛ mehwɛ wo mmara nsɛm nyinaa a,

ɛnne anka m’ani renwu.

7Mede koma a ɛteɛ mɛda wo ase

sɛ meresua wo trenee atemmude no.

8Medi w’ahyɛde so,

nnyaw me korakora.

9Ɛdɛn na aberante de bɛtew ne kwan ho?

Ɛne sɛ ɔhwɛ ne ho so sɛnea wo nsɛm se.

10Mede me koma nyinaa midi w’akyi,

mma mimmfi wo mmara nsɛm ho minnkyin.

11Mede wo nsɛm makora me komam,

na manyɛ wo ho bɔne bi.

12 Nnw 119.26, 64, 68 Nhyira ne wo, AWURADE,

kyerɛkyerɛ me w’ahyɛde.

13Mede m’ano maka w’anom atemmu nyinaa.

14W’adansesɛm kwan mu na m’ani gye,

sɛnea egye ahonyade bi ho.

15Meredwen wo nsiesiei ho,

na merehwɛ w’akwan.

16 Nnw 119.24; Rom 7.22; Nnw 119.61 W’ahyɛde ho na me ho sɛpɛw me,

me werɛ remfi wo nsɛm.

AWURADE mmara ho anigye

17Yɛ w’akoa yiye, na minnya nkwa,

na madi wo nsɛm so.

18Bue m’aniwa,

na menhwɛ wo mmara mu anwonwade.

19 Nnw 39.12 Meyɛ ɔhɔho asase so,

mfa wo mmara nsɛm nhintaw me.

20Me kra posaw daa nyinaa,

w’atemmu ho anigyina mu.

21 Deut 27.26 Woateɛteɛ ahantanfo a wɔadome wɔn

a wɔfom fi wo mmara nsɛm ho no.

22Yi ahohora ne aniwu fi me so,

na madi w’adansesɛm so.

23Aman mpanyin nso tena ase keka me ho nsɛm a,

w’akoa bedwen w’ahyɛde ho.

24 Nnw 119.35 W’adansesɛm yɛ m’adɔde ara,

na ɛyɛ m’agyinatufo.

Si nkete sɛ wobedi AWURADE mmara so

25Me kra aka fam,

ma minnya nkwa, sɛ w’asɛm te.

26Maka m’akwan makyerɛ, na woagye me so,

ma minsua w’ahyɛde.

27Ma minhu wo nsiesiei kwan mu,

na minnwen w’anwonwade ho.

28Awerɛhow ama me kra anan,

ma me so, sɛ w’asɛm te.

29Yi atoro kwan fi me ho,

na fa wo mmara dom me.

30Mafa nokwaredi kwan,

mede w’atemmude magu m’anim.

31Matim w’adansesɛm mu,

AWURADE, mma m’ani nnwu.

32Mitu wo mmara nsɛm kwan so mmirika,

na wotrɛw me komam.

Ntease ho mpaebɔ

33AWURADE, kyerɛ me w’ahyɛde kwan,

na mafa so makosi ase.

34Ma minhu mu, na madi wo mmara so,

na mede me koma nyinaa medi so.

35 Nnw 119.47 Ma memfa wo mmara nsɛm kwan so,

na ɛno na ɛsɔ m’ani.

36Kom me koma kɔ w’adansesɛm so,

na ɛnyɛ sikanibere so.

37Ma m’ani ntwa adehunu hwɛ ho,

ma minnya wo kwan mu nkwa.

38Hyɛ w’asɛm mu den ma w’akoa

a ɔde ne ho ama wo suro.

39Ma m’ahohora a ɛyɛ me hu ntwa me ho,

na w’atemmude ye.

40Hwɛ, mafe wo nsiesiei,

ma minnya wo trenee mu nkwa.

41AWURADE, ma w’adɔe mmra mma me,

ne wo nkwagye, sɛ w’asɛm te.

42Na manya asɛm bi mabua nea ɔbɔ me ahohora,

na mede me ho meto w’asɛm so.

43Na nyi nokwasɛm no mfi m’anom koraa,

na w’atemmude so na m’ani da.

44Na medi wo mmara so ara

daa yi akosi daa ne daapem,

45na mɛnantew tatraa mu,

na midi wo nsiesiei akyi.

46 Mat 10.18; Rom 1.16 Na mɛka w’adanse ho asɛm, ahene anim,

na m’ani renwu.

47 Nnw 119.70 Na me ho bɛsɛpɛw me wo mmara nsɛm ho,

na ɛno na madɔ no,

48na mɛma me nsa so wo mmara nsɛm a madɔ no ho,

na madwen w’ahyɛde ho.

49Kae asɛm a woka kyerɛɛ w’akoa no,

efisɛ woma mede m’ani metoo so.

50 Nnw 19.7 Eyi ne m’awerɛkyekye m’amanehunu mu,

efisɛ w’asɛm ma minya nkwa.

51Ahantanfo di me ho fɛw pii,

nanso mennan mimfii wo mmara ho ɛ.

52AWURADE, mekae w’atemmu a efi teteete no,

na mekyekye me werɛ.

53Abufuhyew hyɛ me so,

abɔnefo a wogyaw wo mmara no nti.

54W’ahyɛde adan me nnwom,

me hɔhoyɛ fi mu.

55AWURADE, mekae wo din anadwo,

na midi wo mmara so.

56Eyi ayɛ me ade,

sɛ mikura wo nsiesiei mu ara.

57AWURADE, me kyɛfa ne wo,

maka sɛ medi wo nsɛm so.

58Mede me koma nyinaa masrɛ wo:

Dom me sɛnea w’asɛm te.

59Meda midwen m’akwan ho,

na medan me nan mekyerɛ w’adansesɛm.

60Mayɛ ntɛm, na mentwentwɛn me nan ase,

sɛ medi wo mmara nsɛm so.

61 Nnw 119.83 Sɛ Abɔnefo nhama abobare me ho mpo a,

nanso me werɛ mfii wo mmara ɛ.

62 Nnw 42.8 Mesɔre ɔdasum meda wo ase,

wo trenee atemmude ho.

63Meyɛ wɔn a wosuro wo nyinaa adamfo

ɛne wɔn a wodi wo nsiesiei so.

64 Nnw 33.5 AWURADE, w’adɔe ahyɛ asase ma,

ma minsua w’ahyɛde.

65 Nnw 119.17, 41 Wo ne w’akoa adi no yiye, AWURADE,

sɛ w’asɛm te.

66Kyerɛkyerɛ me nhumu pa ne nimdeɛ,

na magye wo mmara nsɛm madi.

67 Nnw 119.75; Yes 28.19 Wonnya mmrɛɛ me ase no, mefomee,

na afei midi w’asɛm so.

68 Nnw 119.12 Wuye, na woyɛ yiye,

kyerɛkyerɛ me w’ahyɛde.

69 Nnw 119.78 Ahantanfo atoatoa atoro ato me so,

me de, mede me koma nyinaa miso wo nsiesiei mu.

70 Nnw 119.77 Wɔn koma apirim wo mmara ho sɛ srade a ada,

me de, wo mmara ho na me ho sɛpɛw me.

71 Nnw 118.21 Eye ma me sɛ wobrɛɛ me ase,

na ama masua w’ahyɛde.

72 Nnw 19.10 W’anom mmara ye ma me

sen sika ne dwetɛ mpem.

73Wo nsa na ɛyɛɛ me na esiesiee me,

ma me nhumu, na minsua wo mmara nsɛm.

74Wɔn a wosuro wo behu me na wɔn ani agye,

na w’asɛm so na m’ani da.

75 Nnw 119.67 AWURADE, mahu sɛ w’atemmu yɛ trenee,

na wode nokwaredi abrɛ me ase.

76 Nnw 109.21 Ma w’adɔe nyɛ me awerɛkyekye ɛ,

sɛnea wokaa w’akoa no.

77 Nnw 119.143 Ma wo mmɔborohunu mmra me so, na minnya nkwa,

na wo mmara ne m’anika.

78 Nnw 119.85-86 Ma ahantanfo ani nwu

sɛ wɔbrɛɛ me ase nkontompo so.

Me de, medwen wo nsiesiei ho.

79Ma wɔn a wosuro wo nnan mmra me nkyɛn,

ne wɔn a wonim w’adansesɛm no.

80Ma me koma nyɛ pɛ, w’ahyɛde mu,

na m’anim angu ase.

81Me kra tɔ wo nkwagye ho piti,

w’asɛm so na m’ani da.

82W’asɛm nti m’ani ayɛ siamoo.

Mise: Da bɛn na wobɛkyekye me werɛ?

83 Nnw 119.93 Na mayɛ sɛ toa a ɛwɔ wusiw mu,

nanso me werɛ mfi w’ahyɛde.

84W’akoa nna si ahe?

Da bɛn na wubebu wɔn a wɔtaa me atɛn?

85 Nnw 119.69 Ahantanfo atutu amoa ama me,

wɔn a wɔnte sɛnea wo mmara kyerɛ.

86Wo mmara nsɛm nyinaa yɛ nokware.

Wɔtaa me nkontompo so, boa me!

87Ate kumaa na wɔahyew me awie asase so,

na me de, minnyaw wo nsiesiei.

88 Nnw 119.149 W’adɔe nti ma minnya nkwa,

na madi w’anom adanse so.

89 Yes 40.8 AWURADE, w’asɛm tim hɔ daa, wɔ ɔsoro.

90Wo nokwaredi wɔ hɔ ma awo ntoatoaso nyinaa,

woasiesie asase, na egyina hɔ.

91Egyina hɔ nnɛ sɛnea w’ahyɛde te,

na nneɛma nyinaa yɛ w’asomfo.

92 Nnw 119.50; Yer 15.16 Sɛ wo mmara anyɛ m’adɔde a,

anka masɛe m’amane mu.

93 Nnw 119.109 Me werɛ remfi wo nsiesiei ara da,

na ɛno so na wonam ma minya nkwa.

94 Nnw 119.45 Meyɛ wo dea, gye me nkwa,

na midi wo nsiesiei akyi.

95Abɔnefo tɛw me asɛe me.

Me de, m’ani ku w’adansesɛm ho.

96Mahu pɛyɛ nyinaa awiei,

na wo mmara nsɛm trɛw pii.

97 Nnw 1.2 Medɔ wo mmara dɛn ara!

Ɛne m’adwene daa adesae.

98 Deut 4.6 Wo mmara nsɛm ayɛ me onyansafo asen m’atamfo,

na ɛwɔ me daa.

99Mewɔ nimdeɛ mesen m’akyerɛkyerɛfo nyinaa,

na w’adansesɛm ne m’adwene.

100Mihu ade mu mesen mpanyimfo,

na mehwɛ wo nsiesiei midi so.

101Misianka me nan mifi kwammɔne nyinaa so,

na madi w’asɛm so.

102Memman mimfii w’atemmu ho ɛ,

na wo na woakyerɛkyerɛ me.

103 Nnw 19.10 Wo nsɛm yɛ me dodom dɛ dɛn ara!

Ɛsen sɛ ɛwo hyɛ m’anom.

104Wo nsiesiei mu na minya nhumu,

enti mikyi nkontompo kwan nyinaa.

105 2 Pe 1.19 W’asɛm yɛ me nan ase kanea,

ne me kwan so hann.

106Maka ntam, na mɛma agyina,

sɛ medi wo trenee atemmude so.

107 Nnw 119.67, 71 Wɔabrɛ me ase dodo,

AWURADE, ma minnya nkwa,

sɛ w’asɛm te.

108 Nnw 19.14 AWURADE, ma w’ani nsɔ m’anom ayamye afɔre ɛ,

na ma minsua w’atemmude.

109 Nnw 119.141 Me kra da me nsam daa,

nanso me werɛ mfi wo mmara.

110Abɔnefo asum me afiri,

nanso memfom wo nsiesiei kwan ho ɛ.

111Mafa w’adansesɛm mayɛ m’agyapade daa,

na ɛno na ɛma me koma ani gye.

112Makom me koma sɛ mɛyɛ w’ahyɛde daa

makosi ase.

113 Nnw 31.6 Mikyi adwene ntantafo,

na medɔ wo mmara.

114 Nnw 3.3 Me guankɔbea ne me kyɛm ne wo,

m’ani da w’asɛm so.

115Nnebɔneyɛfo, mumfi me so,

na madi me Nyankopɔn mmara nsɛm so.

116Wowaw me, sɛ w’asɛm te, na manya nkwa,

na mma m’ani nnwu, me kwanhwɛ mu.

117So me mu, na manya nkwagye,

na mahwɛ w’ahyɛde no daa.

118Wubu wɔn a wɔfom w’ahyɛde so nyinaa animtiaa;

efisɛ nkontompo nko ne wɔn nsisi.

119Wuyi asase so abɔnefo nyinaa hɔ sɛ afide,

enti na medɔ w’adansesɛm.

120Wo ho hu ma me honam popo,

na misuro w’atemmude.

121Mayɛ atemmude ne treneede,

nnyaw me mma wɔn a wɔhyɛ me so.

122 Nnw 19.13 Di agyinam pa ma w’akoa,

mma ahantanfo nnni me amim.

123M’ani ayɛ siamoo repɛ wo nkwagye

ne wo trenee asɛm no.

124Wo ne w’akoa nni no sɛ w’adɔe te,

na ma minsua w’ahyɛde.

125W’akoa ne me, ma me nhumu,

na minhu w’adansesɛm.

126Bere adu sɛ AWURADE yɛ biribi,

efisɛ wɔatu wo mmara agu.

127 Nnw 19.10 Enti medɔ wo mmara nsɛm

sen sika kɔkɔɔ ne amapa.

128Enti mibu ade nyinaa mu nsiesiei nyinaa sɛ ɛteɛ,

metan nkontompo kwan nyinaa.

129W’adansesɛm yɛ nwonwa,

enti na me kra di so.

130 Nnw 19.7 Wo nsɛm mu bue ma hann,

ɛma nkwasea hu nyansa.

131Mibue m’anom haa mepere,

efisɛ m’ani gyinaa wo mmara nsɛm.

132Dan w’ani kyerɛ me, na dom me,

sɛ woyɛ ma wɔn a wɔdɔ wo din no.

133 Nnw 17.5 Ma m’anammɔn ntim w’asɛm mu,

na mma amumɔyɛ biara nnni me so.

134Yi me fi onipa nhyɛso mu,

na minni wo nsiesiei so.

135Ma w’anim nharan w’akoa so,

na ma minsua w’ahyɛde.

136Asuten sen m’aniwa mu gu,

efisɛ nnipa nni wo mmara so.

137Ɔtreneeni ne wo, AWURADE,

na w’atemmude nso teɛ.

138Woahyɛ w’adansesɛm, trenee mu

ne nokwaredi kɛse mu.

139 Nnw 69.9 Me mmɔdemmɔ redɛw sɛ gya,

efisɛ m’ahohiafo werɛ afi wo nsɛm.

140W’asɛm yɛ gyenennyenen pii,

na w’akoa dɔ no.

141 Nnw 119.153 Misua, na memfra,

nanso me werɛ mfi wo nsiesiei.

142Wo trenee yɛ daa trenee,

na wo mmara yɛ nokware.

143 Nnw 119.174 Ahohia ne ahoyeraw ato me,

nanso wo mmara nsɛm ne m’adɔde.

144W’adansesɛm yɛ trenee daa,

ma me nhumu, na minnya nkwa.

Ɔgye ho mpaebɔ

145Mede me koma nyinaa misu mefrɛ:

Gye me so.

AWURADE, medi w’ahyɛde so.

146Misu mefrɛ wo: Begye me,

na madi w’adansesɛm so.

147 Nnw 119.114 Mitua ahema meteɛm,

m’ani da w’asɛm so.

148M’aniwa di adasu kan

sɛ medwen w’asɛm ho.

149 Nnw 119.88, 154, 159 Tie me sɛ w’adɔe te.

AWURADE, ma minnya nkwa sɛ w’atemmude te.

150Wɔn a wodi mmusu akyi twiw bɛn,

wɔne wo mmara ntam ware.

151 Nnw 119.86 AWURADE, wo nso wobɛn,

na wo mmara nsɛm nyinaa yɛ nokware.

152Mihuu w’adansesɛm mu akyɛ,

sɛ woama atim sɛ ensi hɔ daa.

153 Nnw 119.176 Hwɛ m’amanehunu, na yi me,

na me werɛ mfi wo mmara.

154Di m’asɛm ma me, na gye me,

ma minnya nkwa, sɛ w’asɛm te.

155Abɔnefo ne nkwagye ntam ware,

na wɔnhwehwɛ w’ahyɛde akyi kwan.

156Wo mmɔborohunu dɔɔso, AWURADE,

ma minnya nkwa, sɛ w’atemmude te.

157M’ataafo ne m’ahohiafo dɔɔso,

nanso mintwiw mimfii w’adansesɛm ho ɛ.

158Mihu akyipafo nkontompofo a,

wɔn ho yɛ me nwini,

sɛ wonni w’asɛm so.

159Hwɛ sɛ medɔ wo nsiesiei, AWURADE,

ma minnya nkwa, sɛ w’adɔe te.

160 Yoh 17.17 W’asɛm ntoano yɛ nokware,

na wo trenee atemmu nyinaa wɔ hɔ daa.

161Aman mpanyin tiw me kwa,

nanso w’asɛm nko na misuro.

162M’ani ka w’asɛm ho

sɛ nea wanya asade pii.

163Metan atoro, na mikyi,

wo mmara na medɔ.

164Da koro miyi wo ayɛ mpɛn asɔn,

wo trenee atemmu ho.

165Asomdwoe pii wɔ wɔn a wɔdɔ wo mmara,

na biribi ntoatoa wɔn.

166 Gye 49.18 Mehwɛ wo nkwagye kwan, AWURADE,

na madi wo mmara nsɛm so.

167Me kra di w’adansesɛm so,

na medɔ no kɛse.

168 Nnw 18.21 Midi wo nsiesiei ne w’adansesɛm so,

na m’akwan nyinaa wɔ w’anim.

169AWURADE, ma me nteɛm nnu w’anim,

ma me nhumu, sɛ w’asɛm te.

170Ma me nkotɔsrɛ mmra w’anim,

gye me, sɛ w’asɛm te.

171M’ano bɛworo w’ayeyi,

sɛ wokyerɛkyerɛ me w’ahyɛde.

172 Nnw 1.2; Mmb 6.22 Me tɛkrɛma begye w’asɛm so,

na wo mmara nsɛm nyinaa yɛ trenee.

173Ma wo nsa mmɛboa me,

na wo nsiesiei na mapaw.

174 Nnw 119.16 Mefe wo nkwagye, AWURADE,

na wo mmara ne m’adɔde.

175Ma me kra ntena ase nyi wo ayɛ,

na w’atemmu mmoa me.

176 Yes 53.6; Nnw 119.16 Mafom kwan sɛ oguan a wayera,

hwehwɛ w’akoa,

na me werɛ mfi wo mmara nsɛm.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help