Hesekiel 37 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Israel nkwa foforo

1AWURADE nsa baa me so, na AWURADE de me fii adi honhom mu, na ɔde me kosii obon kɛse a nnompe ara nko ayɛ mu ma mu;

2na ɔma mefaa so mikyini mihyiae, na hwɛ, ɛdɔɔso pa ara obon no ani, na hwɛ, ɛho awo akokwaw sɛ.

3Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, so nnompe yi benya nkwa anaa? Na mise: AWURADE Nyankopɔn, wo na wunim.

4Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hyɛ nnompe yi so nkɔm, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo nnompe a mo ho akokwaw, muntie AWURADE asɛm.

5Nnw 104.30 Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ nnompe yi ni: Hwɛ, merema honhom abɛhyɛn mo mu na moanya nkwa.

6Yes 26.19 Na mede ntini mesuso mo mu, na mede nam agu mo so, na mede were makata mo ho, na mede honhom mahyɛ mo mu, na moanya nkwa, na moahu sɛ mene AWURADE.

7 Hes 37.10 Ɛnna mehyɛɛ nkɔm sɛnea wɔhyɛɛ me no; na mehyɛɛ nkɔm no, ɛnne bi bae, na hwɛ, ɔwosow bi ni, na nnompe no hyiahyiae, dompe bɛkaa ne dompe ho.

8Na mehwɛe, na hwɛ, ntini baa so, na nam baa ho, na were bɛkataa so, nanso na honhom bi nni mu.

9Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hyɛ nkɔm kyerɛ honhom no, hyɛ nkɔm, onipa ba, na ka kyerɛ honhom no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Honhom, fi mframa anan no so bra, na bɛhome gu nnipa a wɔakunkum wɔn yi so, na wonnya nkwa.

10Ɛnna mehyɛɛ nkɔm sɛnea wɔhyɛɛ me no; na honhom no baa wɔn mu, na wonyinyaa nkwa, na wogyinagyinaa wɔn anan so, dɔm kɛse pa ara.

11Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, nnompe yi yɛ Israel fi no nyinaa; hwɛ, wɔka sɛ: Yɛn nnompe ho akokwaw, na yɛn anidaso ayera; wɔatwa yɛn korakora!

12Enti hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, merebuebue mo adamoa ano mafa mo, me man, afi mo adamoa mu, na mede mo akɔ Israel asase so,

13na moahu sɛ mene AWURADE, sɛ mebuebue mo adamoa ano, me man, na mama moafi mo adamoa mu aba.

14Na mede me honhom mɛhyɛ mo mu, na moanya nkwa, na mede mo adua mo asase so, na moahu sɛ me, AWURADE, na maka na mayɛ, AWURADE asɛm ni.

Israel biakoyɛ foforo

15Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

16Hes 4.1 Na wo, onipa ba, fa dua biako fa, na kyerɛw so sɛ: Yuda ne Israelfo a wɔka ne ho no de; na fa dua biako nso, na kyerɛw so sɛ: Yosef a ɔne Efraim, ne Israel fi a wɔka ne ho no nyinaa dua.

17Na pata n’abien no bom yɛ no dua koro, na ɛnyɛ biako wo nsam.

18Na sɛ wo man mma ka kyerɛ wo sɛ: So worenkyerɛ yɛn nea wode eyinom yɛ a,

19ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, merefa Yosef dua a ɛwɔ Efraim nsam no ne Israel mmusuakuw a wɔka ne ho no, mede wɔn maka Yuda dua no ho, na mayɛ wɔn dua koro, na wɔayɛ biako, me nsam.

20Na nnua a woakyerɛkyerɛw so no ntena wo nsam, wɔn anim;

21Hes 36.24 na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, merekɔfa Israel mma afi amanaman a wɔakokɔ hɔ no mu, na maboa wɔn ano afi mmaa nyinaa ahyia, na mede wɔn makɔ wɔn asase so,

22Yes 11.12-13; Hos 1.11; Yer 3.18 na mede wɔn mayɛ ɔman koro, asase no so, Israel mmepɔw no so, na ɔhene biako adi wɔn nyinaa so hene, na wɔrenyɛ aman abien bio, na wɔrempae wɔn mu bio nyɛ ahenni abien bio,

23Hes 36.28 na wɔremfa wɔn abosonhuhuw ne wɔn atantanne ne wɔn mmaratode nyinaa ngu wɔn ho fi bio, na megye wɔn nkwa, wɔn tenabea nyinaa a wɔayɛ hɔ bɔne no, na matew wɔn ho, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn.

24 Hes 34.23; 36.27 Na m’akoa Dawid bedi wɔn so hene, na oguanhwɛfo koro adi wɔn nyinaa so, na wɔanantew m’atemmude mu, na wɔahwɛ m’ahyɛde ayɛ,

25na wɔatena asase a mede memaa m’akoa Yakob a mo agyanom tenaa so no so, wɔne wɔn mma ne wɔn mma mma akosi daa, na m’akoa Dawid bɛyɛ wɔn ɔberɛmpɔn akosi daa.

26Hes 34.25; Yes 54.10 Na me ne wɔn bɛpam asomdwoe apam, ɛbɛyɛ wɔn daa apam, na mɛma wɔatim na mama wɔafɛe, na mede me kronkronbea mesi wɔn mu akosi daa.

27Na me tenabea besi wɔn so, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso wɔayɛ me ɔman,

28Hes 36.36 na amanaman no ahu sɛ mene AWURADE a metew Israel ho, bere a me kronkronbea si wɔn mu kosi daa no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help