1 Ahene NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(RATB)
NHYƐNMUAhene nhoma a edi kan no yɛ Israel ahenni no ho abakɔsɛm a efii ase wɔ Samuel bere so no ntoaso. Wɔakyekyɛ abakɔsɛm no mu ahorow abiɛsa: 1. Solomon di Yuda so hene, ne n’agya Dawid wu. 2. Solomon ahenni ne nea ɔyɛe. Ade titiriw a wɔbɔ din ne Yerusalem Asɔredan a osii no. 3. Wɔkyɛ ahenni no mu abien; atifi ne anafo ne nsɛm a ɛfa ahemfo a wodii ade, kosi mfe ha a ɔto so akron no mfinimfini ansa na wɔwoo Yesu.Ahemfo a wodii ade no, nea wɔde buu wɔn atɛn, ne osetie a wɔyɛ maa AWURADE, na wohuu sɛ ɔman no nkɔso gyina eyi so. Abosonsom ne asoɔden de, ɔkwan bi so no, ɛde ɔhaw na ɛba. Ahemfo a wodii ade wɔ atifi ahemman no mu nyinaa ammɔ mmɔden saa kwan yi so nanso abakɔsɛm a ɛwɔ Yuda ahemfo ho no ntumi nsi pi papa, ebi ye, ebi nso nye.Nnipa titiriw a wɔbɔ wɔn din wɔ Ahene nhoma no mu ne Onyankopɔn adiyifo no. Wɔbɔɔ ɔman no kɔkɔ, de nnam kasa maa AWURADE sɛ mma ɔmanfo nnsom abosom na wɔnnyɛ asoɔden mma Onyankopɔn. Nea wɔbɔ ne din titiriw ne Odiyifo Elia a ɔne Baal akɔmfo no, dii asi no Ti 18.EMU NSƐMDawid ahenni no awiei 1.1—2.12Solomon di hene 2.13-46Solomon ahenni bere 3.1—11.43Solomon ahenni no mfiase 3.1—4.34Asɔredan no si 5.1—8.66Solomon ahenni no awiei bere 9.1—11.43Ahemman no mu kyɛ abien 12.1—22.53Abusua a ɛwɔ atifi ahemman no tew atua 12.1—14.20Yuda ne Israel ahemfo 14.21—16.34Odiyifo Elia ho nsɛm 17.1—19.21Ahab di Israel so hene 20.1—22.40Yudahene Yehosafat ne Israel hene Ahasia bere so 22.41-53