1 2 Ah 24.1-2 Yuda hene Yehoiakim afe a ɛto so abiɛsa mu no, Babel hene Nebukadnesar baa Yerusalem, na ɔbɛtow hyɛɛ wɔn so.
2Na AWURADE de Yuda hene Yehoiakim ne Onyankopɔn fi nneɛma no bi hyɛɛ ne nsa, na ɔsoa de kɔɔ Sinar asase so de kɔɔ nyame fi, na ɔde nnwinne no kɔɔ ne nyame adekoradan mu.
32 Ah 20.18 Na ɔhene ka kyerɛɛ n’apiafohene Aspenas, sɛ ɔmfa Israelfo mu, ahene asefo ne mmapɔmma no mu
4mmerantewa a wɔn ho nni dɛm na wɔn ho yɛ fɛ, na wɔn ani atew, nyansa nyinaa mu, na wonim de na wɔwɔ nhumu, na wobetumi agyina ɔhene aban mu, na ɔnkyerɛ wɔn mma wonsua Kaldeafo nhoma ne kasa.
5Na ɔhene yii wɔn ahennuan no bi, da biara ne ne de, ne nsa a ɔnom no bi, sɛ wɔnyɛn wɔn mfe abiɛsa; na ɛno akyi wommegyina ɔhene anim.
6Na wɔn mu bi a wofi Yudafo mu ne Daniel, Hanania, Misael ne Asaria;
7na apiafohene no totoo wɔn din: Ɔtoo Daniel, Beltesasar, na ɔtoo Hanania, Sadrak, na ɔtoo Misael, Mesak, na ɔtoo Asaria, Abednego.
8 Lew 11 Na Daniel bɔɔ ne tirim sɛ ɔremfa ɔhene nnuan ne nsa a ɔnom no ngu ne ho fi, enti ɔsrɛɛ apiafohene no, na wangu ne ho fi.
9Gye 39.21 Na Onyankopɔn maa Daniel nyaa apiafohene no anim adɔe ne mmɔborohunu.
10Na apiafohene no ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Misuro, efisɛ anyɛ a, me wura ɔhene a wayi mo aduan ne mo anonne no behu mo anim sɛ ɛyɛ mmɔbɔmmɔbɔ sen mo tipɛnfo mmerantewa no de, no moama me ti ato, ɔhene anim.
11Ɛnna Daniel ka kyerɛɛ opiani a apiafohene no de no asi Daniel, Hanania, Misael ne Asaria so no sɛ:
12Sɔ wo nkoa hwɛ dadu ɛ, na wɔmma yɛn afumduan nni ne nsu nnom,
13na wode w’ani ahwɛ yɛn ne mmerantewa a wodi ahennuan no anim, na sɛnea wubehu no wo ne wo nkoa adi.
14Ɛnna ɔpenee nea wɔkae no, na ɔsɔɔ wɔn hwɛe dadu.
15Na dadu no wiee odu no, wohuu wɔn anim sɛ ɛyɛ fɛ na wɔn honam aba wɔn ho sen mmerantewa a wodi ahennuan no nyinaa.
16Ɛnna opiani no yii wɔn aduan pa ne nsa a wɔbɛnom no, na ɔmaa wɔn afumduan.
17 Hes 28.3 Na mmerantewa baanan yi, Onyankopɔn maa wɔn nhoma ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne anitew, na Daniel nyaa anisoadehu ne adae nyinaa mu nhumu.
18Na bere a ɔhene kae sɛ wɔmfa wɔn mmra no dui no, apiafohene no de wɔn baa Nebukadnesar anim.
19Na ɔhene ne wɔn kasae, na wɔanhu wɔn nyinaa mu nea ɔte sɛ Daniel, Hanania, Misael ne Asaria; na wobegyinaa ɔhene anim.
20Na nyansa ne nhumu asɛm biara a ɔhene bisaa wɔn no, ohuu wɔn sɛ wɔkyɛn akurukyerɛwfo ne pɛadeahufo a wɔwɔ n’ahenni nyinaa mu nyinaa mpɛn du.
21Esra 1.1 Na Daniel tenaa hɔ koduu ɔhene Kores afe a edi kan so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.