Deuteronomium 21 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Esum ase awudi

1Sɛ wuhu obi a wɔakum no da wuram, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa no so, na wunnim nea okum no a,

2ɛnne wo mpanyimfo ne w’atemmufo mfi adi nkosusuw nkodu nkurow a ɛdeda nea wɔakum no no ho no so;

3na kurow a ɛbɛn nea wɔakum no no ho no, saa kurow no mu mpanyimfo mfa nantwiforo a wɔmfaa no nyɛɛ adwuma na ɔntwee kɔndua pɛn,

4na kurow no mu mpanyimfo no mfa nantwiforo no nsian nkɔ subon a nsu sen wom a wɔnnɔwee na wonnuaa mu ade da mu, na wommu nantwiforo no kɔn mu wɔ osubon no mu.

5Deut 17.8-9 Na Lewi mma asɔfo no ntwiw mmra, efisɛ wɔn na AWURADE wo Nyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔnsom na wonhyira, AWURADE din mu, na wɔn anom asɛm so na wɔmfa nni akasakasa ne ɔboro ho asɛm biara;

6Mat 27.24 na kurow a ɛbɛn nea wɔakum no no mu mpanyimfo no nyinaa nhohoro wɔn nsa ngu nantwiforo a wɔabu ne kɔn mu osubon no mu no so,

7na wɔmma wɔn nne so nka sɛ: Ɛnyɛ yɛn nsa na ehwiee mogya yi gui, na yɛn aniwa anhu;

8AWURADE, fa firi wo man Israel a woagye wɔn no, na mfa mogya a edi bem ho afobu ngu wo man Israel so; na fa mogya ho bɔne yi firi wɔn.

9Num 35.33 Na wo de, yi mogya a edi bem ho afobu fi wo mu, na yɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so.

10Sɛ wutu sa ne w’atamfo rekɔko, na AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn ahyɛ wo nsa, na wofa wɔn mu nnommum,

11na wuhu nnommum no mu ɔbaabere bi, na wopɛ no afa no ayɛ wo yere a,

12ɛnne fa no bra wo fi, na onyi ne ti, na ommubu n’awerɛw,

13na onyi ne dommum atade mfi ne ho, na ɔntena wo fi nnyam n’agya ne ne na ɔsram mu, na ɛno akyi no woakɔ ne ho aware no na wayɛ wo ɔyere.

14Na sɛ ɛba sɛ wompɛ no bio a, ma ɔmfa ne ho nkodi sɛnea ɔpɛ, na ɔtɔn de, ntɔn no nnye sika, wo ne no nnni no sɛ afenaa, efisɛ woagurow no.

15 Gye 29.30 Sɛ ɔbarima bi wɔ yerenom baanu, na ɔdɔ obiako, na ɔnnɔ obiako, na nea ɔdɔ no no ne nea ɔnnɔ no no wowo mma ma no, na abakan no ne nea ɔnnɔ no no ba a,

16ɛnne da a ɔkyɛ n’ade mu ma ne mma no, ɔmmfa nea ɔdɔ no no ba nnyɛ abakan nnni nea ɔnnɔ no no ba a ɔyɛ abakan no anim;

17Gye 49.3 na ommu nea ɔnnɔ no no ba no abakan mma no nea ɔwɔ nyinaa mu abupɛn abien; na ɔne n’ahoɔden asefi, abakan dibea yɛ ne dea.

18Sɛ obi wɔ ɔba ɔsoɔdenfo ne otuatewfo a ontie n’agya ne ne na asɛm, na wɔteɛ no so na ontie wɔn a,

19ɛnne n’agya ne ne na nkyere no mfa no mfi adi nkɔ ne kurom mpanyimfo nkyɛn, kurow no pon ano,

20na wɔnka nkyerɛ ne kurow no mu mpanyimfo no sɛ: Yɛn ba yi yɛ ɔsoɔdenfo ne otuatewfo, ontie yɛn asɛm, ɔyɛ ohohwini ne sabofo.

21Deut 13.10-11 Na ne kurow no mu mmarima nyinaa nsiw no abo mma ɔntɔ; na yi bɔne no fi wo mu na Israel nyinaa nte na wonsuro.

22Na sɛ obi yɛ bɔne a ɛsɛ okum na wokum no de no sɛn dua bi so a,

23Yos 8.29; 10.27; Gal 3.13 ne funu no nntena dua no so anadwo, osie na sie no da no ara; na nea wɔasɛn no no yɛ Onyankopɔn nnome, na woangu w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di so no ho fi.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help