Yesaia 1 - KYER?W KRONKRON(RATB)

1Amos ba Yesaia anisoade a ohui Yuda ne Yerusalem ho. Yuda ahene Usia ne Yotam ne Ahas ne Hesekia bere so.

Israel wae ne ho asotwe

2 turom homebea,

sɛ kurow a asraafo atwa ho ahyia.

9 Rom 9.29; Gye 19.24-25; Deut 29.22-28 Sɛ asafo AWURADE

annyaw yɛn nkae ketewaa bi a,

anka yɛayɛ sɛ Sodom,

na yɛadan sɛ Gomora.

Onyamesom pa ne onyamesom bɔne

10 Yer 23.14; Kwa 4.6 Muntie AWURADE asɛm,

Sodom atitiriw,

monyɛ aso mma yɛn Nyankopɔn kyerɛkyerɛ

Gomorafo.

11 Nnw 50.8; Mmb 21.27; Yer 6.20; Amos 5.22 Mo afɔre dodow yɛ me dɛn?

AWURADE na ose.

Adwennini hyew afɔre ne nyɛmmoa

srade afono me,

na anantwi ne nguammaa ne mpapo

mogya, ɛnsɔ m’ani.

12Sɛ moba abepue m’anim a,

hena na ose ɔhwehwɛ sɛ

mubetiatia m’abangua so?

13Monnkɔ so mmmfa ayɛyɛde hunu mmma;

aduhuam yɛ me akyide,

Ɔsram foforo ne homeda, ne gua a mobɔ no,

mintumi nhwɛ amumɔyɛ ne nhyiam kronkron.

14Mo asram foforo ne mo afahyɛ no,

me kra kyi;

ɛyɛ me ɔhaw,

emu kura afono me.

15 Mmb 15.29; Yes 59.1-3; Yoh 9.31 Na sɛ motrɛw mo nsam a,

meyi m’ani mahintaw mo;

nso sɛ moma mpaebɔ dɔɔso a,

me de, merentie;

mogya ayɛ mo nsa mama.

16 Yoel 2.12-13; Mika 6.6-8 Munguare, munnwira mo ho.

Munyi mo nneyɛe mu bɔne

mfi m’ani so,

munnyae bɔneyɛ.

17 Yes 1.23; Yer 7.3-7; 1 Sa 15.22 Munsua papayɛ,

monhwehwɛ atɛntrenee,

monni mma mmɔborɔfo,

mommɔ nyisaa ho ban,

na mompere mma akunafo.

Bɔhyɛ ne ateɛteɛ

18 Yes 43.25; 44.22; Nnw 51.7 Mommra mma yensusuw ho ɛ,

AWURADE na ose;

sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a,

ɛbɛhoa ayɛ sɛ nwera,

sɛ ɛbere kɔɔ sɛ mogya a,

ɛbɛyɛ fitaa sɛ akado.

19 Lew 25.18-19 Sɛ mopɛ na mutie a,

mubedi asase so nnepa;

20 Lew 26.25 na sɛ moampene na motew atua a,

afoa bɛsɛe mo;

na AWURADE ano na aka.

21 Mat 23.37 Ɛdɛn na kurow nokwafo

adan aguaman yi?

Nea anka kan atemmu ayɛ no ma,

na trenee nso te mu,

na afei de,

awudifo nko!

22Wo dwetɛ adan fi,

wo nsa pa, wɔde nsu afra mu.

23 Yes 1.17 Wo mansohwɛfo yɛ mansotwefo

ne awifo nnamfo;

wɔn nyinaa pɛ ademmude

na wodi akatua akyi;

wonni mma nyisaa,

na akunafo asɛm nnu wɔn anim.

24Enti Asafo AWURADE, Israel tumfo no, asɛm ni:

Ao, meyi m’abufuhyew makyerɛ m’ahohiafo,

na mɛtɔ were m’atamfo so.

25 Yes 1.22; Mal 3.2-3 Na mɛdan me nsa maba wo so,

na mede gyakisi mɛnan wo

mayi wo mu fi,

na mayi wo sumpii mfrafrae nyinaa makɔ.

26 Sak 8.3 Na mɛdan w’atemmufo mama wo sɛ kan no,

ne w’afotufo sɛ mfiase no;

ɛno ansa na wɔbɛfrɛ wo: Trenee man,

nokware kurow.

27 Yes 46.13 Wɔde atemmu begye Sion,

na wɔde trenee agye ne mma a wɔsan ba.

28Na wɔbɛdwɛre atuatewfo ne nnebɔneyɛfo prɛko,

na wɔn a wogyaw AWURADE no bɛhyew.

29 Yes 65.3 Na mo ani bewu nnupɔn

a mo ani gyee ho no ho,

na moafɛre nturo a mopawee no ho.

30Na mobɛdan sɛ dupɔn

a n’ahaban apo,

na moayɛ sɛ turo a nsu nni mu;

31Na ɔhoɔdenfo bɛyɛ sɛ asaawa mfuturu,

na n’adwuma ayɛ sɛ ogya nturuturuwii,

wɔ ne wɔn nnwuma nyinaa bɛhyew,

a obiara rennum.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help