Mateo 18 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ahobrɛase ho kyerɛkyerɛ(Marko 9.33-47; Luka 9.46-48)

1Ɛdɔn no ara mu na asuafo no baa Yesu nkyɛn bebisaa sɛ: Hena ne ɔkɛse koraa ɔsoro ahenni no mu?

2Na Yesu frɛɛ abofra bi de no begyinaa wɔn mfinimfini,

3Hintiduato

7 Hintiduato nti wiase nnue! Na etwa sɛ hintiduato ba de, nanso onipa a hintiduato nam no so ba no nnue!

8Oguan a wayera(Luka 15.4-7)

10

12 Mudwen ho dɛn? Sɛ onipa bi wɔ nguanten ɔha, na wɔn mu biako fom kwan a, ɔrennyaw aduakron akron no mmepɔw so, na ɔnkɔhwehwɛ nea wafom kwan no anaa?

13Na sɛ ɛba sɛ ohu no a, nokware mise mo sɛ, n’ani gye ne ho sen aduakron akron a wɔamfom kwan no.

14Saa ara na ɛnyɛ mo agya a ɔwɔ soro no apɛde sɛ nkumaa yi mu biako bɛyera.

Sɛnea wɔne onua a wafom bi di

15 Mpɛn dodow a ɛsɛ sɛ yɛde kyɛ

21Ɛnna Petro baa ne nkyɛn bebisaa no sɛ: Awurade, mpɛn ahe na me nua fom me a, memfa nkyɛ no? Enkosi mpɛn ason anaa?

22Akoa otirimmɔdenfo no

23 Eyi nti ɔsoro ahenni te sɛ ɔhene bi a ɔpɛe sɛ ɔne ne nkoa bu akontaa.

24Na ofii ase bui no, wɔde obiako a ɔde no talente pedu brɛɛ no.

25Na sɛ onni nea ɔde betua nti, ne wura no hyɛe sɛ wɔntɔn no ne ne yere ne ne mma ne nea ɔwɔ nyinaa, na wɔmfa mmetua ka no.

26Ɛnna akoa no gyaa ne ho too fam srɛɛ no sɛ: Owura, tɔ wo bo ase ma me, na metua wo ne nyinaa.

27Na akoa no wura no huu no mmɔbɔ, gyaa no, na ɔde ka no kyɛɛ no.

28Na akoa no ara fii adi no, okohuu ne nwurakwaa no mu biako a ɔde no denare ɔha; na osoo no mu tim no amenewa kae sɛ: Tua me ka!

29Na n’awurakwaa no nso de ne ho hwee fam srɛɛ no sɛ: Tɔ wo bo ase ma me, na metua.

30Na ɔno de, wampene, na ɔkɔe de no kɔtoo afiase sɛ enkosi sɛ obetua ka no.

31Na nwurakwaa no huu nea aba no, ɛyɛɛ wɔn yaw sɛ, na wɔba bɛkaa nea aba no nyinaa kyerɛɛ wɔn wura.

32Ɛnna ne wura no frɛɛ no see no sɛ: Akoa bɔne, wosrɛɛ me nti, mede ka no nyinaa mekyɛɛ wo;

33ɛnsɛ wo nso sɛ wuhu w’awurakwaa mmɔbɔ sɛnea mihuu wo mmɔbɔ no anaa?

34

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help