Yesaia 28 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Efraim ne Yuda ho atemmusɛm

1Efraim asabofo ahantan abotiri,

ne wɔn ahokyerɛ ahyehyɛde nhwiren a ɛretwam no nnue,

kurow a ɛwɔ wɔn a nsa tɔ wɔn ntintan no srade bon atifi no.

2Hwɛ, Awurade wɔ ɔhoɔdenfo ne otumfo bi,

sɛ amparuwbo a ɛregu, ahum a ɛsɛe ade;

ɔbɛka agu fam ahoɔden so

sɛ osutɔ a ɛde nsu bebree

a ɛyɛ den a ɛsram so ba no.

3Na wobetiatia

Efraim asabofo ahantan abotiri no so,

4na n’ahokyerɛ ahyehyɛde nhwiren

a ɛretwam a ɛwɔ srade bon atifi no

ayɛ sɛ borɔdɔmakan

a tew bere nnya nnui

a obiara a ohu no nsa ka ara pɛ na wadi.

5Ɛda no na asafo AWURADE bɛyɛ anuonyam abotiri

ne ahoɔfɛ ahenkyɛw ama ne man nkae no,

6ne atemmu honhom ama nea watena ase rebu atɛn no,

ne mmaninyɛ ama wɔn a wɔka dɔm ma wɔsan kɔ wɔn kurow pon ano no.

7Na eyinom nso de nsa retɔ ntintan,

na wɔde mpahyewa rehinhim,

ɔsɔfo ne odiyifo de mpahyewa retɔ ntintan,

nsa amene wɔn, mpahyewa nti wohinhim,

wɔtɔ ntintan, adehu mu,

wɔpo dodow asenni mu.

8Na ɛfe ne efi ayeyɛ apon nyinaa so ma

a ɔkwan nni hɔ.

9Ɛhena na ɔbɛkyerɛ no nimdeɛ,

na hena nso na ɔbɛma wate asɛnka no ase?

Wɔn a wɔatwa wɔn nufu,

wɔn a wɔatew wɔn afi mpokua ano?

10Na mmara akyi mmara, mmara akyi mmara;

ahyɛde akyi ahyɛde, ahyɛde akyi ahyɛde;

ɛha kakra, ɛhɔ kakra.

11 1 Ko 14.21 Na apɔtɔfo ano

ne tɛkrɛma foforo

na ɔde bɛkasa akyerɛ ɔman yi;

12 Mat 11.28-29 ɔno na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:

Ɔhome ni!

Momma nea wabrɛ nhome!

Na ahodwo ni!

Nanso wɔampɛ sɛ wotie no.

13 Yes 28.10 Enti AWURADE asɛm bɛdan wɔn

mmara atia mmara, mmara atia mmara,

ahyɛde atia ahyɛde, ahyɛde atia ahyɛde,

ɛha kakra, ɛhɔ kakra,

na wɔakɔ akopini nkyirinkyiri,

na wɔabubu wɔn, na wɔatotɔ afiri mu, na wɔakyekyere wɔn.

Twea bo a ɛyɛ fɛ

14Enti muntie AWURADE asɛm,

mo afɛwdifo a mudi ɔman a ɛwɔ Yerusalem yi so.

15Na moka sɛ: Yɛne owu apam,

na yɛne asaman adi kasasie;

mpire a ɛhwe tra so no,

sɛ ɛretwam a, ɛrenka yɛn;

efisɛ yɛde atoro ayɛ yɛn guankɔbea,

na yɛde nnaadaa akata yɛn so.

16 Nnw 118.22; Rom 9.33; 10.11; 1 Pe 2.6 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni:

Hwɛ, mede ɔbo bi atim Sion,

ɔbo a wɔasɔ no ahwɛ,

twea bo a ne bo yɛ den

a etim hɔ tim pa ara,

nea ogye di no renguan.

17Na mede atemmu mɛyɛ susuhama,

na mede trenee mayɛ nsenia,

na amparuwbo ahum behwim

atoro guankɔbea no,

na hintabea no nso, nsu bɛsram so;

18na mo ne owu apam no so bɛpopa,

na mo ne asaman kasasie no rennyina

mpire a ɛhwe tra so no,

sɛ ɛretwam a, ebetiatia mo so;

19 Yes 26.16; Nnw 119.67 mpɛn dodow a ɛretwa mu no, ɛbɛfa mo,

efisɛ daa anɔpa,

awia ne anadwo na ebetwam;

na ɛho kaseɛ asete bɛyɛ ehu ara nko.

20Na mpa no nware sɛ obi bɛteɛ ne mu wɔ so,

na mmuatam no nso sɛ ɔde bebum no so.

21 2 Sa 5.20; 1 Be 14.16 Na AWURADE bɛsɔre sɛ ɔyɛe Perasim bepɔw so no,

na ne bo ahuru sɛ Gibeon bon mu no,

na wayɛ n’ade bi a ɛyɛ anwonwade,

na wayɛ adwuma bi a ɛyɛ ananadwuma.

22 Yes 10.22-23 Na afei munnni fɛw bio,

na mo nkyehama no mu anyɛ den.

Na mate ɔsɛe pasaa a wɔasua ato hɔ,

AWURADE, asafo AWURADE no nkyɛn, sɛ ɛreba asase nyinaa so.

AWURADE agyinatu a ɛyɛ nwonwa

23Monyɛ aso na muntie me,

monwɛn mo aso ntie m’asɛm.

24So daa nyinaa na ɔfɛtɛwfo fɛtɛw sɛ obegu n’aba?

Ofuntum siesie n’asase ani daa a?

25So ɛnyɛ sɛ, ɔma ani taa wie a,

ogu ɛme na ɔpete tɛtɛ,

na odua awi kyerɛpɛn kyerɛpɛn,

ne atoko nso wɔ n’afa,

ne eyi wɔ afuw no ano?

26Efisɛ wɔakyerɛ no

ne yɛbea a eye, ne Nyankopɔn na ɔkyerɛɛ no.

27Na ɛnyɛ awiporow ade na wɔde porow ɛme,

na teaseɛnam nan mfa tɛtɛ so;

na poma na wɔde boro me,

na wɔde abaa boro tɛtɛ.

28Wɔyam abodoo aburow,

na wɔnna ho mporow no daapem;

na sɛ obi teaseɛnam nan ne n’apɔnkɔ

na ɛpete mpo a, ɛnyɛ ɔno na ɔyam.

29Eyi nso, asafo AWURADE nkyɛn na efi;

n’agyinatu yɛ nwonwa,

na ne nyansa nni ano.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help