1 ba.
23Na ɔhene Solomon soe sen asase so ahene nyinaa, ade dodow ne nyansa fam.
24Na asase nyinaa hwehwɛɛ Solomon anim ahu, sɛ wobetie ne nyansa a Onyankopɔn de ahyɛ ne koma mu no.
25Na wɔde wɔn ayɛyɛde ba mmiako mmiako, dwetɛ nneɛma ne sika nneɛma ne ntade ne akode ne nnuhuam, apɔnkɔ ne mfurumpɔnkɔ, afe biara ne ne de.
26 1 Ah 4.26 Na Solomon boaboaa nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo ano, na onyaa nteaseɛnam apem ne ahanan ne apɔnkɔsotefo mpem dumien, na ɔde wɔn duaduaa nteaseɛnam nkurow mu ne ɔhene nkyɛn Yerusalem.
27Na ɔhene maa dwetɛ yɛe sɛ abo wɔ Yerusalem, ne nkyeneduru nso sɛ ankye nnua a ɛwɔ asasetaw so.
28Na Solomon wɔ apɔnkɔ a wofi Misraim ne Kue, ɔhene aguadifo asafo kɔtotɔ apɔnkɔkuw, sɛ wɔn bo te, de ba.
29Na wɔde teaseɛnam fi Misraim ba a ne bo yɛ dwetɛ nnwetɛbona ahansia, ne ɔpɔnkɔ nso, ɔha aduonum; na saa ara na aguadifo de bi brɛ Hetifo ahemfo nyinaa ne Siria ahemfo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
