Yeremia 38 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Yeremia wɔ asiane kɛse mu

1 Yer 20.1 Na Matan ba Sefatia ne Pashur ba Gedalia ne Selemia ba Yukal ne Malkiya ba Pashur tee nsɛm a Yeremia reka akyerɛ ɔman no nyinaa sɛ:

2Yer 21.9 Sɛ AWURADE se ni: Nea ɔbɛtena kurow yi mu no bewu afoa ne ɔkɔm ne owuyare ano, na nea ofi adi kɔ Kaldeafo nkyɛn no benya nkwa, na ne kra bɛyɛ no sɛ asade, na ɔbɛtena ase.

3Sɛ AWURADE se ni: Oyi na wobeyi kurow yi ahyɛ Babel hene dɔm no nsa, na wɔafa.

4Amos 7.10 Ɛnna mmapɔmma no kɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Wonkum ɔbarima yi ɛ, efisɛ ɔde sɛɛ rema akofo a wɔaka kurow yi mu ne ɔman no nyinaa nsam agugow, sɛ ɔka sɛɛ nsɛm yi kyerɛ wɔn. Na ɔbarima yi nyɛ nea ɔhwehwɛ asomdwoe de ma ɔman yi, na mmom bɔne.

5Na ɔhene Sedekia kae sɛ: Hwɛ, ɔwɔ mo nsam, na ɔhene rentumi nyɛ biribiara ntia mo.

6Ɛnna wɔfaa Yeremia tow no kyenee ɔhene ba Malkiya abura a ɛwɔ awɛmfo abangua mu no mu, na wɔde ntampehama gyaagyaa no too mu. Nso abura no mu nni nsu, sɛ dontori nko; na Yeremia kɔhyɛɛ dontori no mu.

7 Yer 39.16 Na Etiopiani Ebed-melek, opiani a ɔwɔ ahemfi no tee sɛ wɔde Yeremia ato abura no mu; nso na ɔhene no te Benyamin ponkɛse mu.

8Ɛnna Ebed-melek fii ahemfi ne ɔhene kɔkasae sɛ:

9Me wura ɔhene, nea mmarima yi de ayɛ odiyifo Yeremia no nyinaa, wɔayɛ no bɔne, sɛ wɔatow no akyene amoa mu sɛ ɔkɔm nkum no, nea ɔwɔ hɔ, efisɛ aduan bi nni kurom bio.

10Ɛnna ɔhene hyɛɛ Etiopiani Ebed-melek sɛ: Fa mmarima aduasa fi ha ka wo ho, na koyi odiyifo Yeremia abura no mu ansa na wawu.

11Ebed-melek faa mmarima no kaa ne ho, na osiim kɔɔ ahemfi, adekorabea ase, kɔtasee ntamagow a asusuw na asunsuane, na wɔde ntampehama kyekyeree tow maa Yeremia abura no mu.

12Na Etiopiani Ebed-melek ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Fa ntamagow a asusuw na asunsuane no hyehyɛ wo mmɔtoam, ntampehama no ase. Na Yeremia yɛɛ saa.

13Na wɔde ntampehama no twee Yeremia de yii no fii abura no mu. Na Yeremia tenaa awɛmfo abangua mu hɔ.

Yeremia ne ɔhene no nkɔmmɔbɔ

14Na ɔhene Sedekia soma ma wɔkɔfaa odiyifo Yeremia baa ne nkyɛn, AWURADE fi abobow a ɛto so abiɛsa no ano, na ɔhene ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Merebebisa wo asɛm bi; nsiw me biribiara so.

15Na Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: Sɛ meka mekyerɛ wo a, so ɛnyɛ okum na wubekum me? Nanso sɛ mitu wo fo a, worentie me.

16Yer 38.4-5 Na ɔhene Sedekia kaa Yeremia ntam kokoam sɛ: Sɛ AWURADE a ɔyɛɛ ɔkra yi maa yɛn no te ase yi, merenkum wo, na meremfa wo menhyɛ mmarima a wɔhwehwɛ wo akum wo no nsa!

17Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: Sɛ AWURADE asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn se ni: Sɛ wufi adi kɔ Babel hene mmapɔmma no nkyɛn a, wo kra benya nkwa, na wɔremfa ogya nhyew kurow yi, na wo ne wo fi benya nkwa.

18Na sɛ woamfi adi ankɔ Babel hene mmapɔmma no nkyɛn a, ɛnne wɔde kurow yi bɛhyɛ Kaldeafo no nsa, na wɔde ogya ahyew, na wo nso, woremfi wɔn nsam mfi.

19Na ɔhene Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Me de, misuro Yudafo a wɔawae akɔ Kaldeafo no nkyɛn no, sɛ ebia wɔde me bɛhyɛ wɔn nsa, na wɔagoru me ho.

20Na Yeremia se: Wɔrenyi wo mma. Tie AWURADE ɛ, sɛnea mereka makyerɛ wo yi, na asi wo yiye, na wo kra anya nkwa.

21Na sɛ woampene amfi adi de a, eyi ne asɛm a AWURADE ayi akyerɛ me:

22Yer 6.14 Hwɛ, mmea a wɔaka Yuda ahemfi no nyinaa, wɔbɛfa wɔn afi adi akɔ Babel hene mmapɔmma no nkyɛn, na wɔbɛka sɛ:

Wo komam nnamfo adaadaa wo

afa wo so;

afei a w’anan abɛhyɛ dontori mu yi,

wɔasan wɔn akyi.

23 Yer 32.4; 34.3 Na wo yerenom nyinaa ne wo mma nso, wɔde wɔn befi adi akɔ Kaldeafo nkyɛn, na wo nso, woremfi wɔ nsa mfi, na Babel hene nsa beso wo mu, na wɔde ogya bɛhyew kurow yi.

24Ɛnna Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Mma obiara nnte nsɛm yi, na worenwu.

25Na sɛ mmapɔmma no te sɛ me ne wo akasa na wɔba wo nkyɛn bɛka kyerɛ wo sɛ: Ka nea woka kyerɛɛ ɔhene no kyerɛ yɛn, nsiw yɛn biribiara so na yɛankum wo, na asɛm bɛn nso na ɔhene ka kyerɛ wo a?

26Ɛnne ka kyerɛ wɔn sɛ: Mede me nkotɔsrɛ mehwee ɔhene anim, sɛ ɔmmma wɔmmfa me nnkɔ Yonatan fi bio, na mankowu wɔ hɔ.

27Na mmapɔmma no nyinaa baa Yeremia nkyɛn bebisaa no, na ɔkaa nsɛm a ɔhene hyɛe no nyinaa kyerɛɛ wɔn; ɛnna wɔne no gyaee kasa, efisɛ obiara ntee asɛm no ɛ.

28Yer 37.21 Na Yeremia tenaa awɛmfo abangua mu kosii da a wɔfaa Yerusalem no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help