1 Yes 60.18 Ɛda no na wɔbɛto dwom yi Yuda asase so sɛ:
Yɛwɔ kurow a ɛyɛ den
ɔde nkwagye ayɛ afasu ne mpempe.
2 Nnw 118.19 Munhiɛ apon no
na ɔman trenee nhyɛn mu,
ɔman a wɔkora nokwaredi no.
3Nea n’adwene tim wo so na wobɛkora no asomdwoe a ewie pɛyɛ mu,
efisɛ wo so na ɔde ne ho to.
4 Deut 32.4 Momfa mo ho nto AWURADE so daa daa,
efisɛ AWURADE Nyankopɔn ne daa botan.
5Na ɔde wɔn a wɔtete soro ahwe fam,
kurow a ɛkorɔn no, wabrɛ no ase;
wabrɛ no ase
ama adu fam,
wama aka fam mfutuma;
6wɔde nan tiatia so,
mmɔborɔfo anan,
ahiafo anammɔn.
7Ɔtreneeni kwan yɛ tee,
wo na wosesɛw ɔtreneeni tempɔn.
8 Nnw 37.4 Nso w’atemmu kwan so
na yɛhwɛ wo AWURADE kwan,
yɛn kra ani gyina wo din ne wo nkae.
9Me kra ani gyina wo anadwo,
me mu honhom nso, mede mefe wo,
na sɛ w’atemmude ka asase a,
wiasefo sua trenee.
10Wɔdom ɔbɔnefo a,
onsua trenee;
nsɛntrenee asase so na odi amumɔyɛsɛm,
na onhu AWURADE kɛseyɛ.
11O AWURADE, womaa wo nsa so,
nanso wɔanhwɛ;
wobehu, na wɔn ani awu, ɔman ho ninkuntwe no;
yiw, w’atamfo no, ogya bɛhyew wɔn.
12AWURADE, wobɛhyehyɛ asomdwoe ama yɛn,
na yɛn nneyɛe nyinaa nso, woawie ama yɛn.
13AWURADE, yɛn Nyankopɔn,
awuranom a ɛnyɛ wo abedi yɛn so,
nanso wo nko na yɛkamfo wo din.
14Awufo rentena ase,
asamanfo rensɔre bio,
ɛno nti na wobɛtwee wɔn aso na wosɛee wɔn,
na womaa wɔn ho nkae nyinaa yerae.
15AWURADE, woma ɔman no dɔ,
woma ɔman no dɔ, w’anim aba nyam,
wotrɛw asase no ahye nyinaa mu.
16 Yes 28.19; Hos 5.15 AWURADE, ahohia mu wɔhwehwɛɛ wo,
wosii wo nteɛso ano apini.
17 Yoh 16.21; Adi 12.2 Sɛ onyinsɛnfo a ɔbɛn awo
kyem na ɔteɛm ne yaw mu no,
sɛ yɛte, wo, AWURADE, anim ne no;
18 Mika 4.10 yenyinsɛnee, yɛkyemee;
ɛte sɛ yɛawo mframa.
Yentumi nnyee asase nkwa,
na wiase tefo nhwehwee ase.
19 Hes 37.1-14; Adi 20.1 W’awufo benya nkwa, m’afunu bɛsɔre;
munnyan nto ahurusi dwom, mo a mote mfutuma mu,
na wo bosu yɛ hann bosu,
na asase beyi asamanfo agu.
20 Nnw 57.1 Me man, bra na bɛhyɛ wo mpia mu,
na toto w’akyi apon mu;
fa wo ho hintaw kakraa bi
kosi sɛ abufuw no betwam akɔ.
21Na hwɛ, AWURADE refi n’afa
abɛtwe asase sofo aso, wɔn amumɔyɛ nti;
na asase beyi ne mogya adi,
na ɛrenkata wɔn a wɔakum wɔn no so bio.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.