1Minnue, na mayɛ sɛ nnuabatew,
sɛ bobe aba mpɛpɛwadi,
bobe kasiaw a medi,
borɔdɔmakan a me kɔn dɔ no bi nni hɔ.
2 Nnw 12.1 Nnipa pa ayera afi asase so;
teefo nni nnipa mu,
wɔn nyinaa tetɛw mogya,
wosunsum wɔn nuanom afiri.
3Wɔn nsa nim bɔneyɛ yiye;
ɔsafohene bisa biribi, na ɔtemmufo pɛ kɛtɛasehyɛ,
na onipa kɛse ka ne kra bɔnepɛ ho asɛm,
na wɔbom susuw bɔne.
4Wɔn mu nipa pa te sɛ ohwirom,
wɔn mu teefo sen nsɔe ban.
W’awɛmfo da no, w’asotwe aba,
ɛno na wɔn sakasakayɛ bedu.
5Munnnye adamfo nnni,
mommfa mo ho nnto ɔyɔnko so;
ɔbea a ɔda wo koko mu mpo no,
ne ho na wɛn w’ano.
6 Yer 9.4-5; Mat 10.35-36 Na ɔbabanin bu n’agya ɔsesafo,
ɔbabea sɔre hyɛ ne na,
osew sɔre hyɛ n’ase,
onipa fifo yɛ n’atamfo.
Anidaso ne adesrɛ7Na me de, AWURADE na mehwɛ no kwan,
mɛtwɛn me nkwagye Nyankopɔn no;
me Nyankopɔn betie me.
8 Oba 12 Me tamfo, mma w’ani nnnye me ho;
na mahwe ase a, mɛsɔre;
na mete sum mu a,
AWURADE ne me hann.
9 Yer 14.7 Mɛsoa AWURADE abufuhyew no,
efisɛ mayɛ no bɔne,
de akosi sɛ ɔbɛham me ham ama me,
na wabu atɛn ama me;
obeyi me afi sum mu aba hann mu;
mɛhwɛ ne trenee no.
10 Nnw 79.10 Na me tamfo behu,
na aniwu abɛkata no so,
ɔno a ɔka kyerɛɛ me sɛ:
Ɛhe na wo Nyankopɔn no wɔ no?
Mede m’ani mɛhwɛ no,
afei wobetiatia no so
sɛ mmorɔn so dɔte.
11Ɛda a wɔbɛto wo fasu no reba;
ɛda no na wobetwiw wo hye akɔ akyirikyiri.
12Ɛda no na wobefi Asaria ne Misraim nkurow mu aba,
na wobefi Misraim akosi asu no ano,
afi po ne po, bepɔw ne bepɔw ntam aba.
13Na asase no bɛdan amamfo ɛsofo no nti,
wɔn nneyɛe so aba no nti.
14 Mika 5.4; Num 23.9 Fa wo poma yɛn wo man,
w’agyapade nguan
a wɔn nko te kwaem,
a asase pa atwa ho ahyia no;
ma wonnidi Basan ne Gilead
sɛ tete nna no mu.
15Mɛma wɔahu anwonwade
sɛ nna a wufii Misraim asase so bae no.
16 Hiob 21.5 Amanaman behu, na wɔn ani awuwu
wɔn mmaninne nyinaa ho;
wɔde wɔn nsa betuatua wɔn ano,
na wɔn aso nso besisiw;
17 Yes 49.23 wɔbɛtaforo mfutuma sɛ ɔwɔ,
sɛ mmoa a wɔtwe wɔn ho ase,
wɔde ahopopo befi wɔn hintabea aba;
wɔde ahohim bɛbɛn AWURADE yɛn Nyankopɔn,
na wɔasuro w’anim.
Onyankopɔn dom mu ahotoso18 Nnw 103.3, 8-13 Hena ne Onyankopɔn sɛ wo
a wode amumɔyɛ kyɛ
na wutwa mmarato ho ma w’agyapade nkae no?
Ɔrenso n’abufuw mu daa,
na adɔe mmom na ɔpɛ;
19yɛn ho na ɔbɛsan ama ne yam ahyehye no,
ɔbɛpopa yɛn amumɔyɛ;
na wobɛtow wɔn bɔne nyinaa
agu ɛpo bun mu.
20 Gye 22.16-18; 28.13-15; Luka 1.73 Wode nokware bɛkyerɛ Yakob,
ne daa adɔe akyerɛ Abraham
sɛ wokaa yɛn agyanom ntam
fi tete bemee no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.