1Mema wo so, me Nyankopɔn, ɔhene,
na mehyira wo din daa daa.
2Mehyira wo daa nyinaa,
na meyi wo din ayɛ daa daa.
3AWURADE so, na ɔsɛ ayeyi kɛse,
ne kɛseyɛ mu nni hwehwɛbea.
4Awo ntoatoaso kamfo wo nnwuma kyerɛ awo ntoatoaso foforo,
na wɔka wo mmaninne.
5Medwen w’anuonyam a ɛharan no kɛseyɛ
ne w’anwonwade no ho.
6Na wɔka wo nneyɛe a ɛyɛ hu no tumi ho asɛm,
na mɛka wo kɛseyɛ makyerɛ.
7Wɔworo wo papayɛ bebrebe no nkae,
na wɔto wo trenee ho ahurusi dwom.
8 Eks 34.6 AWURADE yɛ ɔdomfo ne mmɔborohunufo,
abufuwyɛ mu nyaa ne adɔeyɛ mu kɛse.
9 Rom 11.32 AWURADE ye ma nnipa nyinaa,
na ne mmɔborohunu wɔ ne nnwuma nyinaa so.
10AWURADE, wo nnwuma nyinaa da wo ase,
na w’ahotefo hyira wo.
11Wɔka w’ahenni anuonyam,
na wɔbɔ wo mmaninyɛ din,
12 Nnw 145.5 sɛ wɔbɛma nnipa mma ahu ne mmaninne
ne n’ahenni anuonyam a ɛharan no.
13W’ahenni yɛ daa ahenni,
na wo tumidi fa awo ntoatoaso nyinaa mu.
14 Nnw 146.8; Luka 1.52 AWURADE wowaw wɔn a wɔhwe ase nyinaa,
na ɔma wɔn a wɔakotow nyinaa so gyina.
15 Nnw 104.27-28; 136.25 Aniwa nyinaa hwɛ wo kwan,
na woma wɔn wɔn aduan, ne bere mu.
16Wubue wo nsam,
na woma ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee.
17 Deut 32.4 AWURADE teɛ, n’akwan nyinaa mu,
na ɔyɛ adɔe ne nnwuma nyinaa mu.
18AWURADE bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa,
wɔn a wɔfrɛ no nokware mu nyinaa.
19 Mmb 10.24 Ɔyɛ nea n’afɛrefo pɛ ma wɔn,
na otie wɔn sufrɛ, na ogye wɔn.
20AWURADE hwɛ n’adɔfo nyinaa so,
na abɔnefo nyinaa de, ɔbɛsɛe wɔn.
21M’ano bɛka AWURADE ayeyi,
na ma ɔhonam nyinaa nhyira ne din kronkron daa daa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
