Nnwom mu dwom 2 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Adamfowaa ho anigyina

1Me de, meyɛ Saron nhwiren,

ne abon mu sukooko.

2M’adamfowaa wɔ mmabea mu

sɛ nsɔe ntam sukooko.

3Me dɔfo wɔ mmabanin ntam sɛ akutu

a ɛwɔ kwae mu nnua ntam,

ne nwini mu na mepɛ matena,

na n’aba yɛ me dodom dɛ.

4Ɔde me aba apontow dan mu,

na ne frankaa a edi me so ne ɔdɔ.

5 Nmd 5.8 Momfa bobe aba tetare nwowaw me,

momfa akutu aba nnwudwo me,

efisɛ meyare ɔdɔ.

6 Nmd 8.3 Ao sɛ anka ne nsa benkum hyɛ me ti ase,

na ne nifa yɛ me atuu.

7 Nmd 3.5; 8.4 Meka mo ntam, Yerusalem mmabea,

atwewa ne petee mu aforotebere ho ntam,

sɛ munnnyan na monnhwanyan ɔdɔ

kosi sɛ ɔno ara pɛ.

8Me dɔfo nne ni!

Hwɛ, ɔreba ni!

Ohuruw tratra mmepɔw,

ɔbɔ nkoko so pentenkwaw.

9 Nmd 2.17; 8.14 Me dɔfo te sɛ ɔtwe anaa ɔforoteforo.

Hwɛ sɛ ogyina yɛn fasu akyi,

ɔhwɛ mfɛnsere mu,

otwam nyinam ahunaniankansa mu.

10Me dɔfo kasa se me sɛ: Sɔre ɛ,

m’adamfowaa, me yima, na bra ɛ!

11Na hwɛ, awɔwbere atwam,

asusow agyae na ɛkɔ koraa.

12Nhwiren yi ne ho adi asase so,

dwonto bere adu,

na wɔte aturukuku nka,

yɛn asase so.

13Borɔdɔma rema n’abunabun agyigye,

na obobe nnwennaa reyi ne hua.

Sɔre, m’adamfowaa, me yima, na bra ɛ!

14 Nmd 4.7 M’aturukuku a wowɔ ɔbotan tokuru mu ne sorɔnsorɔmmea ahintawee,

ma minhu w’anim, ma mente wo nne,

na wo nne yɛ dɛ, na w’anim yɛ fɛ.

15Monkyere sakraman mma yɛn,

sakraman nketewa a wɔsɛe bobe nturo no,

na yɛn bobe asosow nnwennaa.

16 Nmd 6.3 Me dɔfo wɔ me,

na me nso mewɔ no,

ɔno a ɔyɛn ne nguan sukooko mu.

17 Nmd 8.14 Dan wo ho, me dɔfo,

na yɛ sɛ ɔtwe anaa ɔforoteforo,

mpaapaemu mmepɔw so,

kosi sɛ onwini bedwo na sunsuma ayerayera.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help