Rut 4 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Boas ware Rut

1Na Boas kɔɔ kurow pon no ano kɔtenaa hɔ; na hwɛ, abusua mu gyefo a Boas bɔɔ ne din no retwam. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Asiamasi ee, man bra bɛtena ha. Na ɔman bɛtenaa ase.

2Na ɔfrɛɛ kurow no mu mpanyin mu du bae, na ɔkae sɛ: Montena ha! Na wɔtenaa ase.

3Na ɔka kyerɛɛ abusua mu gyefo no sɛ: Naomi a ɔsan fii Moab asase so bae no retɔn asase a ɛyɛ yɛn nua Elimelek de no.

4Lew 25.25 Na me de, mise: Meyi wo asotiw sɛ tɔ wɔ nkurɔfo yi ne me mpanyin yi anim. Sɛ wubegye a, gye, na sɛ wunnye a, ka kyerɛ me na minhu, efisɛ obi nni hɔ a obegye sɛ wo ne me a midi w’akyi. Na ɔkae sɛ: Me ara megye.

5Deut 25.5-6 Ɛnna Boas kae sɛ: Da a wobɛtɔ Naomi nsam asase no, wotɔ no Moabni bea Rut a ɔyɛ ɔsaman yere no nsam, na woama ɔsaman no din so n’awunnyade ho.

6Ɛnna ogyefo no kae sɛ: Merentumi minnye memfa, na mansɛe m’ankasa m’awunyade. Wo na kogye m’ade a ɛsɛ sɛ migye no fa, na merentumi minnye.

7 Deut 25.7-10 Nso ogye ne nsesa ho amanne a kan no ɛwɔ Israel ni: Obi rebɛhyɛ asɛm biara den a, oyi ne mpaboa de ma ne yɔnko; na eyi na wɔde yɛ adanse wɔ Israel.

8Enti ogyefo no ka kyerɛɛ Boas sɛ: Tɔ fa! Na oyii ne mpaboa.

9Na Boas ka kyerɛɛ mpanyin no ne ɔman no nyinaa sɛ: Mone adansefo nnɛ, sɛ matɔ Elimelek ho nneɛma nyinaa ne Kilion ne Mahlon ho nneɛma nyinaa afi Naomi nsam.

10Na Moabni Rut, Mahlon yere no nso, matua ne ti ade aware no, na ɔsaman no din atena hɔ daa, n’agyapade mu, na wɔantwa ɔsaman no din amfi ne nuanom mu ne ne kurow pon ano; mone adansefo nnɛ!

11Na ɔman a wɔwɔ kurow pon ano hɔ no nyinaa ne mpanyin no kae sɛ: Adansefo ne yɛn. AWURADE nyɛ ɔbea a waba wo fi no sɛ Rahel ne Lea a wɔn baanu akyekye Israel fi no. Na yɛ okunini wɔ Efrata, na gye din wɔ Betlehem.

12Gye 38.29 Na w’asefo a AWURADE de bɛma wo afi ababaa yi mu no nyɛ sɛ Peres a Tamar woo no maa Yuda fi no asefo.

Dawid yɛ Rut aseni

13 Nnw 127.3 Na Boas faa Rut waree, na ɔkɔɔ ne ho. Na AWURADE ma onyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima.

14Na mmea no ka kyerɛɛ Naomi sɛ: Nhyira nka AWURADE a wamma ogyefo ammɔ wo nnɛ, na nhyira nka ne din wɔ Israel.

15Na ɔnyɛ wo nkwamafo ne wo mmerewabere mu hwɛfo, efisɛ wo sew a ɔdɔ wo a oye ma wo sen mmammarima baason no na awo no.

16Na Naomi gyee akokoaa no de no bɔɔ ne bo, na ɔyɛɛ no ɔba gyigyefo.

17Mat 1.5-6; Luka 3.32 Na n’afipamfo mmea no kae sɛ: Wɔawo ɔbabarima ama Naomi. Na wotoo no din, frɛɛ no Obed, ɔno ne Dawid nana: Yese n’agya.

18 Gye 46.12; 1 Be 2.5 Eyinom ne Peres awo ntoatoaso: Peres woo Hesron,

191 Be 2.9-15 na Hesron woo Ram, na Ram woo Aminadab,

20Num 1.7 na Aminadab woo Nahson, na Nahson woo Salmon,

21na Salmon woo Boas, na Boas woo Obed,

221 Sa 16.1, 11-13 na Obed woo Yese, na Yese woo Dawid.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help