2 Ahene 19 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Hesekia bɔ mpae, na Yesaia hyɛ no baninha(Yesaia 37.1-7)

1 Yes 37; 2 Be 32.20-23 Na ɔhene Hesekia tee no, osunsuanee ne ntade mu na ofuraa atweatam na osiim kɔɔ AWURADE fi.

2Na ɔsomaa Eliakim a odi ofi no so ne ɔkyerɛwfo Sebna ne asɔfo mu mpanyin a wofurafura ayitam kɔɔ Amos ba odiyifo Yesaia nkyɛn,

3na wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Hesekia se ni: Ahohia ne asotwe ne nsopa da ne nnɛ, na mma adu awotwaa ano, na ahoɔden nni hɔ a wɔde bɛwo.

42 Ah 18.35 Ebia AWURADE wo Nyankopɔn bɛte Rabsake a ne wura Asaria hene asoma no sɛ ɔmmɛsopa Onyankopɔn teasefo no nsɛm, na nsɛm a AWURADE wo Nyankopɔn ate no nti watwe n’aso. Enti ma wo mpaebɔ so ma nkae a wɔwɔ hɔ no.

5Na ɔhene Hesekia nkoa no baa Yesaia nkyɛn.

6Na Yesaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ monka nkyerɛ mo wura ni: Sɛ AWURADE se ni: Nsuro nsɛm a wotee a Asaria hene nkoa de abɛyaw me no anim.

72 Ah 19.9, 35-37 Hwɛ, mede honhom bi mɛhyɛ no mu, na wate nsɛm bi, na wasan akɔ n’asase so, na mama watɔ nkrante ano n’asase so.

8Na Rabsake sanee, na ɔkɔtoo Asaria hene sɛ ɔne Libna reko, efisɛ wate sɛ watu afi Lakis.

9Na ɔtee Etiopia hene Tirhaka nka sɛ: Hwɛ, watu ne wo rebɛko. Na ɔsan somaa abɔfo baa Hesekia nkyɛn bio sɛ:

102 Ah 18.30 Sɛ monkɔka nkyerɛ Yuda hene Hesekia ni: Mma wo Nyankopɔn a wode wo ho ato no so no nnnyigye wo sɛ: Wɔremfa Yerusalem nhyɛ Asaria hene nsa.

11Hwɛ, wo ara woate nea Asaria ahene ayeyɛ nsaase nyinaa, asɛe no pasaa, na wo na wobegye wo anaa?

122 Ah 18.33-34 So amanaman a m’agyanom asɛe wɔn, Gosan ne Haran ne Resef ne Edenfo a wɔwɔ Telasar no anyame no gyee wɔn anaa?

13Ɛhe na Hamat hene ne Arpad hene ne Sefarwaim kurow ne Hena ne Iwa hene no wɔ?

14Na Hesekia gyee nhoma no abɔfo no nsam, na ɔkenkanee; na ɔforo kɔɔ AWURADE fi, na Hesekia trɛw mu too AWURADE anim.

15Eks 25.22; Nnw 80.1 Na Hesekia bɔɔ AWURADE anim mpae sɛ: AWURADE Israel Nyankopɔn a wote Kerubim so, wo nko ne Nyankopɔn asase so ahenni nyinaa so; wo na woyɛɛ ɔsoro ne asase.

162 Ah 19.4; 1 Sa 17.10 Brɛ w’aso ase, AWURADE, na tie! Bue w’aniwa, AWURADE, na hwɛ! Na tie Senakerib nsɛm a wasoma sɛ wɔmfa mmɛsopa Onyankopɔn teasefo no.

17Ɛwom, AWURADE, Asaria ahene asɛe amanaman ne wɔn nsaase,

18na wɔatotow wɔn anyame agu ogya mu, efisɛ wɔnyɛ anyame, na ɛyɛ onipa nsa ano adwuma, dua ne ɔbo nko, na wɔasɛe wɔn.

19Enti, AWURADE yɛn Nyankopɔn, gye yɛn fi ne nsam, na asase so ahenni nyinaa nhu sɛ wo AWURADE ne Nyankopɔn, wo nkutoo ara nko!

20Ɛnna Amos ba Yesaia soma kɔɔ Hesekia nkyɛn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Nea wobɔɔ me ɛho mpae Asaria hene Senakerib ho no, mate.

21Eyi ne asɛm a AWURADE aka agu no so:

Ɔbaabun Sion babea no

bu wo animtiaa yi wo ahii, w’akyi

na Yerusalem babea rewosow ne ti.

22Hena na woasopa no na woayaw no? Na hena so na woama

wo nne so na woama w’ani atra wo ntɔn?

Wode ahyɛ Israel kronkronni no.

23W’abɔfo so na wonam asopa Awurade

aka sɛ: Mede me nteaseɛnam dodow no mɛforo makɔ mmepɔw atifi,

Lebanon mu noho tɔnn, na metwitwa ne nkyeneduru atenten

ne ɔpopaw a ɛyɛ fɛ no agu

na makodu n’atenae a ɛwɔ akyirikyiri,

ne kwaebirentuw mu.

24Me na matutu mmura

manom amannɔne nsu,

na mede manammɔn mu mayow

Misraim nsubɔnten nyinaa.

25So wontee

sɛ mifi meyɛe akyɛ,

na mifi tete mmere mu na mehyɛɛ no saa?

Afei na mama aba mu,

sɛ wɔnsɛe nkurow a afasu atwa ho ahyia

mma ɛnnan akurofo akuwakuw,

26na emufo a wɔagurow no

ho adwiriw wɔn na wɔn ani awu, na wɔadannan mfuwa so ahaban ne wura momono,

adan atifi wura,

ne awi a amma ne ho so na akisa.

27Na w’asetena

ne w’adifi ne wo muba no,

minim, ɛne wo dam a wobɔ me so no.

28Esiane sɛ wobɔ me so dam,

na w’ahoahoa aforo abedu m’asom nti,

mede me darewa mɛhyɛ wo hwenem

na mede me nnareka bɛto w’anom,

na masan wo mafa ɔkwan a wonam so bae no so akɔ.

29Na eyi nyɛ wo sɛnkyerɛnne: Afe yi mu munni ntwakae a efifii, na afe a ɛto so abien no mu, nea ebedi akyiri aba. Na afe a ɛto so abiɛsa mu no, mungu na muntwa, na montɛw bobe nturo, na munni mu aba.

30Na Yuda fi mu wɔn a wɔagye wɔn afi mu a wɔaka no, wobegye ntini bio, na wɔasow aba.

31Yes 9.7 Na Yerusalem nkae bi befi, na nnipa a wɔafi mu anya nkwa nso afi Sion bepɔw so, AWURADE ninkuntwe na ɛbɛyɛ eyi.

32Enti sɛ AWURADE se Asaria hene ho ni: Ɔremma kurow yi mu, na ɔrentow agyan mma ha, na ɔremfa ɔkyɛm mmehyia no, na ɔrenhɔre pempe nhyɛ no.

33Ɔkwan a ɔnam so bae no so na ɔnam bɛsan akɔ, na kurow yi de, ɔremma mu, AWURADE na ose.

342 Ah 20.6 Na mɛwaw kurow yi ani magye no, me ara ne m’akoa Dawid nti a!

Asiriafo di nkogu

35Na anadwo no ara AWURADE bɔfo fi kokum Asaria nsra mu nnipa ɔpeha aduɔwɔtwe anum; na wɔsɔree anɔpa no, na hwɛ, wɔn nyinaa yɛ afunu.

36Ɛnna Asaria hene Senakerib sii mu sanee, na ɔkɔtenaa Niniwe.

372 Ah 19.7 Na ɔresɔre ne nyame Nisrok fi no, ne mma Adramelek ne Sareser de nkrante kum no, na wofii mu guan kɔɔ Ararat asase so; na ne ba Esar-hadon bedii n'ade.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help