1 Lew 26.26; Hes 4.16 Na hwɛ, AWURADE, asafo AWURADE,
beyi Yerusalem ne Yuda akyidua nyinaa,
akyidua sɛ nnwumayɛfo nyinaa,
akyidua sɛ aduan nyinaa
ne akyidua sɛ nsu nyinaa,
2dɔmmarima ne ɔkofoni,
ɔtemmufo ne odiyifo,
nkɔmhyɛfo ne ɔpanyin,
3aduonum so asafohene
ne onuonyamfo,
ne ofotufo ne dwumfo mu nyansafo,
ne nea onim ntafowayi.
4 Ɔsɛ 10.16 Na mede mmerantewa mayɛ wɔn asafohene,
na mmotafowa adi wɔn so.
5Na nkurɔfo no bɛkɔ ɔhaw mu,
oyi ne oyi,
onipa ne ne yɔnko;
aberantewa bɛkyerɛ ne ho ɔteteni so,
na apapahwekwa nso, onuonyamfo so.
6Obi mpo bɛkyere obusuani
ne nua a ɔwɔ n’agya fi mu sɛ:
Wowɔ atade,
bɛyɛ yɛn panyin,
na ɔhaw pii yi
mmra wo nsa ase a,
7Nanso ɔbɛma ne nne so da no sɛ:
Merenyɛ mo yaresafo,
na me fi nso,
aduan nni hɔ na atade nni hɔ,
munnsi me ɔman panyin.
8Na Yerusalem adwiriw,
na Yuda ahwe ase,
efisɛ wɔn tɛkrɛma ne wɔn nneyɛe
ne AWURADE di asi, sɛ wɔbɛtew n’anuonyam anim atua.
9 Hos 13.9 Wɔn anim su di wɔn adanse,
na wɔka wɔn bɔne sɛ Sodomfo,
wonsiw so.
Wonnue!
Na wɔde bɔne yɛ wɔn ho.
10 Yes 32.17 Monka ɔtreneeni ho sɛ obedi yiye,
na wobedi wɔn nneyɛe so aba.
11Ao, ɔbɔnefo nnue: Na obedi mmusu,
na ne nneyɛe so ade na wɔde bɛma no.
12Me man de, mmofra na ɛhyɛ no so,
na mmea di no so.
Ao me man, w’akwankyerɛfo yɛ nnaadaafo,
na w’atempɔn no, wɔamene.
13AWURADE asɔre redi asɛm,
na wabegyina hɔ rebu aman atɛn;
14AWURADE reba abebu
ne man mpanyimfo ne n’asafohene atɛn,
efisɛ mo na moadi bobeturo no,
ɔbrɛfo asade wɔ mo afi;
15mokyerɛ dɛn sɛ mopɛtɛw me man,
na modwɛre abrɛfo anim?
AWURADE, asafo AWURADE, asɛm ni.
Wɔbɔ Yerusalem mmea kɔkɔ16 Mmb 31.30; 1 Tim 2.9 Na AWURADE aka sɛ:
Esiane sɛ Sion mmabea yɛ ahantan
na wɔtoto wɔn kɔn deda wɔn ani akyi nantew,
na wɔde anammɔn ntiantia nenam
ma wɔn nan ase nkaa gyigye nti,
17Awurade bɛma atikuru
agu Sion mmabea mpampam,
na AWURADE beyi wɔn adagyaw so.
18Ɛda no Awurade beyi mfɛfɛwade no, nan ase nkaa ne ntamma ne asramfa,
19asom nnwinne ne nkapo ne animkata ntontan,
20abotiri ne anan ntam ntweaban ne abɔso ne ohuam ntoaa ne mmansere,
21mpɛtea ne hwenem nnwinne,
22ntade nsakraho ne ntade yuu ne nguguso ne sika nkotoku,
23nhwehwɛ ne nwera pa ne ntamabamma ne nkataanim.
24Na ohuam ananmu na ɔbon besi,
na ntampe asi abɔso ananmu,
na tipae asi mmɛsa ananmu,
na ayitama asi atade ananmu,
na ɔhyew twa asi ahoɔfɛ ananmu.
25Wo nnipa bɛtotɔ nkrante ano,
ne wo nnɔmmarima ɔsa mu;
26na n’apon bedi obooboo na atwa adwo,
na ɔbɛda mpan na watena fam.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.