Nnwom 78 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Israel po ne Yuda paw(Nnwom 105; 106)Asaf nnwenho dwom

1Me man, monyɛ aso mma me mmara,

monwɛn mo aso mma m’anom nsɛm.

2 Nnw 49.3-4; Mat 13.35 Mebue m’ano mmebu mu,

meyi atetesɛm adi sɛ akasabebui.

3 Eks 13.14; Deut 4.9-10 Nea yɛate na wɔama yɛahu

na yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn no,

4yɛremfa nhintaw wɔn mma,

yɛreka nkyirimma AWURADE ayeyisɛm,

ne ne tumidi, ne n’anwonwade a wayɛ no.

5Ɔde adanse tintimii, Yakob mu,

na ɔhyɛɛ mmara, Israel mu,

ɛno na ɔde hyɛɛ yɛn agyanom

sɛ wɔmma wɔn mma nhu,

6na nkyirimma, mma a wɔbɛwo wɔn no, ahu,

na wosi so a, wɔaka akyerɛ wɔn mma,

7sɛ wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn so,

na wɔn werɛ mmfi Nyankopɔn nneyɛe,

na wonni ne mmara nsɛm so.

8 Deut 32.5-6 Na wɔanyɛ sɛ wɔn agyanom,

mma asoɔdenfo ne atuatewfo,

mma a wɔmfa wɔn koma nsi tee,

na wɔn honhom nni Nyankopɔn nokware.

9Efraim mmabanin, takurafo, bɛmmatofo,

wɔdan wɔn ani koda.

10Wɔanni Nyankopɔn apam so,

na ne mmara nso, wɔampɛ sɛ wɔnantew mu.

11Na wɔn werɛ fii ne nneyɛe

ne n’anwonwade a ɔde kyerɛɛ wɔn no.

12 Yes 19.11 Ɔyɛɛ anwonwade wɔn agyanom anim,

Misraim asase so, Soan petee mu.

13 Eks 14.21-22 Ɔpaee po mu de wɔn twaa mu,

na ɔmaa nsu no gyinae sɛ kuw.

14 Eks 13.21 Ɔde mununkum gyaa wɔn awia,

na anadwo nyinaa ɔde gya kanea nso gyaa wɔn.

15 Eks 17.6; Num 20.7-11 Ɔpaee abotan mu sare so,

na ɔma wɔnomee sɛ asukɛse.

16Ɔmaa mmasu fii ɔbotan mu bae,

na ɔmaa nsu senee sɛ asuten.

17Na wɔkɔɔ so ara yɛɛ no bɔne,

tew ɔsorosoroni no anim atua sare so.

18 Eks 16.3; Num 11.4 Na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe wɔn komam,

bisaa no aduan sɛnea wɔn kɔn dɔe,

19na wɔkasa hyɛɛ Onyankopɔn sɛ:

So Onyankopɔn betumi atow ɔpon sare so?

20Hwɛ, ɔbɔɔ ɔbotan ma nsu tuei,

na asubɔnten senee;

so abodoo nso, obetumi ama,

na wapɛ nam ama ne man?

21 Num 11.1 Enti AWURADE tee no, ne bo fuwii,

na ogya sɔe Yakob mu,

na abufuw nso sɔre hyɛɛ Israel,

22efisɛ wɔannye Onyankopɔn anni,

na wɔamfa wɔn ho anto ne nkwagye so.

23Nanso ɔhyɛɛ wim tɔnn ɔsoro,

na ohiɛɛ ɔsoro apon,

24 Eks 16.4, 14-15 na ɔtɔɔ mana guu wɔn so sɛ wonni,

na ɔde soro aduan maa wɔn.

25Atumfo aduan na onipa dii,

ɔmaa wɔn aduan di mee.

26Ɔmaa Apuei mframa bɔe ɔsoro,

na ɔde ne tumi twee nifa mframa bae,

27na ɔtɔɔ nam guu wɔn so sɛ mfutuma,

ne ntakraboa sɛ mpoano anwea.

28Na ɔma wɔtotɔɔ wɔn nsram

de twaa wɔn tenabea ho hyiae.

29Na wodi mee boroo so,

efisɛ ɔmaa wɔn, wɔn akɔnnɔde.

30Wonnya nnyaee wɔn akɔnnɔ no ɛ,

wɔn aduan da so wɔ wɔn anom no,

31 Num 11.33 Onyankopɔn abufuw sɔre hyɛɛ wɔn,

na okunkum wɔn mu abran no mu bi,

ɔde Israel mmerante hwehwee fam.

32Eyi nyinaa mu na wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne,

na wɔannye n’anwonwade no anni.

33 Num 14.23 Enti ɔmaa wɔn nna yerae sɛ ahuro,

ne wɔn mfe ehu mu.

34Ɔrekum wɔn no, na wɔhwehwɛɛ no,

na wɔsan bɛpɛɛ Onyankopɔn akyi kwan ntɛm,

35na wɔkaee sɛ Onyankopɔn ne wɔn botan,

na ɔsorosoro Nyankopɔn ne wɔn gyefo.

36Wɔde wɔn ano dɛfɛdɛfɛɛ no,

na wɔde wɔn tɛkrɛma dii atoro kyerɛɛ no,

37na wɔn koma de, ɛmmata ne ho,

na wɔanni n’apam mu nokware.

38Na ɔno de, ɔyɛ timmɔbɔ nti, ɔkataa wɔn amumɔyɛ so,

na wansɛe wɔn;

na ɔtaa sianka n’abufuw,

na wanhwanyan n’awerɛhow nyinaa.

39 Nnw 103.14-16 Na ɔkaee sɛ wɔyɛ ɔhonam,

mframa a ɛkɔ na ɛnsan n’akyi bio.

40 Num 14.22 Mpɛn ahe ara na wɔantew n’anim atua sare so,

na wɔanhow ne werɛ nkyerekyerewa so!

41Na wɔsan sɔɔ Onyankopɔn hwɛe,

na woyii Israel kronkronni no ahii.

42Wɔankae ne nsa, da a oyii wɔn fii ɔhohiafo nsam,

43 Nnw 78.12 na ɔyɛɛ ne nsɛnkyerɛnne Misraim

ne n’anwonwade, Soan petee mu no.

44 Eks 7.19-20 Ɔdan wɔn nsubɔnten mogya,

na wɔantumi annom wɔn nsuwansuwa.

45 Eks 8.6, 24 Ɔsomaa atɛn beguu wɔn so ma wɔbɛwee wɔn,

ne mponkyerɛn ma wɔbɛsɛee wɔn.

46 Eks 10.13 Ɔde wɔn nnɔbae maa mmɛbɛw,

na ɔde wɔn adwumade maa mmoadabi.

47 Eks 9.25 Ɔde amparuwbo sɛee wɔn bobe,

na ɔde asukɔtwea bɔɔ wɔn ankye nnua,

48na oyii wɔn afieboa maa amparuwbo,

ne wɔn mmoakuw maa asraman.

49Ɔtow n’abufuw hyewhyew no guu wɔn so;

anibere, ahi ne ahohia,

abɔfo bɔne a ɔsomaa wɔn baa wɔn so no.

50 Eks 9.15 Ɔbɔɔ ɔkwan maa n’abufuw,

wankora wɔn kra amfi owu mu,

na oyii wɔn nkwa maa owuyare.

51 Eks 12.29 Na okum Misraim mmakan nyinaa,

wɔn ahoɔden asefi, Ham ntamadan mu.

52 Nnw 77.20 Na ogyaa ne man sɛ nguan,

na ɔkaa wɔn sɛ mmoakuw, sare so,

53 Eks 14.19, 22, 27 na ogyaa wɔn dwoodwoo kɔe na wɔansuro,

na wɔn atamfo de, ɛpo no kataa wɔn so.

54 Eks 15.17 Na ɔde wɔn baa ne kronkronbea hye so,

bepɔw a ne nsa nifa gyei no so.

55Ɔpampam amanaman, wɔn anim,

na ɔbɔɔ wɔn awunnyade so ntonto kyɛɛ no hama so,

na ɔmaa Israel mmusuakuw tenatenaa wɔn ntamadan mu.

56Nanso wɔsɔɔ ɔsorosoro Nyankopɔn hwɛe tew no ahi,

na n’adansesɛm no, wɔanni so.

57 Hos 7.16 Na wɔwae twaa nkontompo sɛ wɔn agyanom,

wɔmanee sɛ ta daadaafo.

58 Deut 32.21 Wɔde wɔn srɔnsrɔnmmea huruu ne bo,

na wɔde wɔn ahoni ma ɔtwee ninkunu.

59Onyankopɔn tee, na ne bo fuwii,

na Israel ho yɛɛ no nwini koraa.

60 1 Sa 1.3; 4.11 Na ogyaw Silo tenabea no,

ntamadan a osii nnipa mu no.

61Ɔde n’ahoɔden hyɛɛ nnommumfa mu,

na ɔde n’anuonyam hyɛɛ ɔtamfo nsa.

62Ogyaa ne man maa nkrante,

na ne bo fuw n’agyapade.

63Ogya hyew wɔn mmerante,

na wɔn mmabaa nso, wɔanto wɔn ayeforo dwom.

64 1 Sa 4.17, 20 Wɔn asɔfo totɔɔ nkrante ano,

na wɔn akunafo annya asuye.

65Na AWURADE nyanee sɛ obi a ofi nna mu,

sɛ ɔkatakyi a nsa ma ohuro,

66na ɔbobɔɔ n’atamfo ma wɔsan wɔn akyi,

ɔbɔɔ wɔn daa adapaa.

67 Nnw 78.9 Nso wampɛ Yosef ntamadan no,

na Efraim abusuakuw no, wamfa;

68 2 Be 6.6 na mmom ɔfaa Yuda abusuakuw,

Sion bepɔw a wadɔ no no.

69Na osii ne kronkronbea sɛ ɔsoro,

sɛ asase a ɔde atim hɔ daa no.

70 1 Sa 16.11-12 Na oyii n’abofra Dawid,

na ɔfaa no fii nguannan mu.

71 2 Sa 7.8 Ɔma ofii nguammere a wɔma nufu akyidi bae,

sɛ ɔmmɛyɛn ne man Yakob ne n’agyapade Israel.

72Na ɔyɛn wɔn koma mudi so,

na ɔde ne nsam nimdeɛ kyerɛɛ wɔn kwan.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help