Ɔsɛnkafo 2 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Anigye ne adwuma yɛ ade huhuw

1Mekae me komam sɛ: Bra na memfa anigye mensɔ wo menhwɛ, na hu adepa! Na hwɛ, ɛno nso yɛ ahuhude.

2Misee ɔserew sɛ: Ɛyɛ adammɔ! Na misee anigye sɛ: Mfaso bɛn na ɛwɔ ho?

3Mmb 31.4 Medwen me komam, sɛ mede nsa mɛhwɛ me honam, na maso nkwaseasɛm mu makosi sɛ mehu nea eye ma nnipa mma a wɔbɛyɛ ɔsoro ase, wɔn nkwa nna kakra no, nso na merema nyansa akyerɛ me kwan.

4Meyɛɛ nnwuma akɛse, misisii adan, meyɛɛ bobe nturo,

5meyɛɛ nturo ne mfikyifuw fɛfɛ fae, na miduaduaa mu nnua a ɛsow aba ahorow nyinaa;

6meyeyɛɛ nsu atare, na mede mu nsu magugu kwae mu nnua a ɛrenyin no so;

7minyaa nkoa ne mfenaa, na ofie nnipa nso wɔ me; nso minyaa anantwi ne nguan akuwakuw pii sen wɔn a wodii me kan Yerusalem nyinaa;

8nso meboaa dwetɛ ne sika ne ahene ne nsaase so ademude ano; misii mmarima ne mmea nnwontofo ne nnipa mma anigyede ne ɔyerenom bebree;

91 Ah 10.23 na meyɛɛ onipa titiriw, mekɔɔ so mesen wɔn a wodii me kan Yerusalem nyinaa, na me nyansa nso amfi me nsa,

10na biribiara a m’aniwa hwehwɛe no, mankame no; mansiw me koma anigye biara ho kwan, na me koma ani gyei me brɛ no nyinaa mu, na eyi yɛɛ me brɛ no nyinaa mu kyɛfa.

11Ɔsɛ 1.14 Ɛnna medan m’ani mehwɛɛ me nnwuma a me nsa yɛe no nyinaa ne me brɛ a mebrɛ meyɛe no, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu, na mfaso bi nni mu owia ase.

12 Ɔsɛ 1.17 Na medan m’ani sɛ merehwɛ nyansa ne adammɔ ne nkwaseasɛm, na dɛn na onipa a ɔbɛba ɔhene akyi no bɛyɛ? Gye nea wɔayɛ no dedaw!

13Na mihui sɛ mfaso wɔ nyansa mu sen nkwaseasɛm, sɛnea hann mfaso sen sum de no.

14 Mmb 17.24 Onyansafo de, n’aniwa wɔ ne tirim, na ɔkwasea de, esum mu na ɔnantew. Nanso mihui nso sɛ asiane koro no ara na esiane wɔn nyinaa.

15Na mekae me komam sɛ: Nea esiane ɔkwasea no bi ara na esiane me nso, na ɛno de, ɛdɛn nti na mihuu nyansa mesen ebinom? Na mekaa me komam sɛ: Eyi nso yɛ ahuhude.

16Nnw 49.10 Na onyansafo ne ɔkwasea nyinaa, wɔrenkae wɔn daa, efisɛ nna a ɛbɛba no mu no na werɛ afi wɔn nyinaa dedaw; na ɛyɛ dɛn na onyansafo ne ɔkwasea nyinaa wuwu!

17Ɛnna asetena fonoo me, efisɛ nneɛma a wɔyɛ owia ase no nye m’ani so: Na ne nyinaa yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.

18 Ɔsɛ 2.21, 26; Nnw 39.6 Na me brɛ a mebrɛe owia ase no nyinaa fonoo me, sɛ merebegyaw mama onipa a obedi m’akyi aba no.

19Na hena na onim sɛ ɔbɛyɛ onyansafo anaa ɔkwasea? Nanso obedi m’ade a mebrɛɛ ho mede nyansa minyae owia ase no nyinaa so. Eyi nso yɛ ahuhude.

20Na medan me ho memaa me koma tui, ɔbrɛ a mebrɛe owia ase no nyinaa ho.

21Na onipa bi wɔ hɔ a ne brɛ wɔ nyansa ne nimdeɛ ne yiyedi mu, nanso ɔde bɛma onipa a wammrɛ mu sɛ ne kyɛfa: Eyi nso yɛ ahuhude ne adebɔne kɛse.

22Na ɛdɛn na onipa nya ne brɛ nyinaa ne ne koma mu dadwen a ɔde haw ne ho owia ase no mu?

23Na ne nna nyinaa yɛ ayayade, na ne haw yɛ no awerɛhow, nso anadwo mpo, ne koma ntɔ ne yam. Eyi nso, ahuhude ne no.

24 Ɔsɛ 3.12, 22; 5.18; 8.15; 9.7 Biribi pa bi nna hɔ mma onipa sɛ obedidi na wanom na wama ne kra ahu adepa ne brɛ no mu; eyi nso mahu sɛ Onyankopɔn nsam na efi;

25na hena na odidi, na hena na onya biribi sen me?

26Mmb 13.22; 28.8 Na onipa a oye wɔ Onyankopɔn anim no, ɔma no nyansa ne nimdeɛ ne anigye, na ɔdebɔneyɛfo de, ɔma ɔhaw ne ho tase ade boa ano de ma nea oye Onyankopɔn anim. Eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help