Mmebusɛm 8 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Nyansa kamfo ne ho

1 Mmb 1.20-33 Ɛno ɛnyɛ nyansa na ɛteɛm,

na ntease ma ne nne so?

2Sorɔnsorɔn atifi, ɔkwan so,

nkwanta so na ogyinae,

3na ɔteɛm aponkɛse ho,

kurotia, abobow ano sɛ:

4Mo mmarima na meteɛm mefrɛ mo,

na me nne gyigye ma nnipa mma.

5Mo, ntetekwaa, momma mo ani ntew,

na mo, nkwasea, munnya nhumu koma.

6Muntie, na merebɛka nsɛm a emu da hɔ,

na m’anom bue de nsɛm a ɛteɛ ba;

7na nokware fi m’anom,

na m’ano akyide ne abɔnefosɛm;

8m’anom nsɛm nyinaa nam trenee mu,

ade a akyim anaasɛ ɛkyea nni mu;

9ne nyinaa mu da hɔ ma nhumufo,

na ɛteɛ ma wɔn a wɔahu nimdeɛ.

10 Mmb 3.14 Momfa me nteɛso, na ɛnyɛ dwetɛ,

na momfa nimdeɛ, na munnyaw sika a wɔayiyi mu.

11Na nyansa ye sen mmota,

na afɛfɛde nyinaa, wɔmfa nto ho.

12Me, nyansa, me ne anitew na ɛte,

na adwempa ne nimdeɛ na mihu.

13 Mmb 6.12-19 AWURADE suro ne bɔne tan.

Ahokyerɛ ne ahantan ne ɔkwammɔne

ne akɔntɔnkyesɛm ano na mikyi.

14Afotu ne nyansahu wɔ me,

mene nhumu, mmaninyɛ wɔ me.

15 Mmb 16.12; Ɔsɛ 10.16 Me so na ahene nam di hene,

na atitiriw hyɛ mmara trenee;

16me so na mpanyimfo nam di panyin,

ne abirempɔn, ne asase so atemmufo nyinaa.

17Me de, medɔ wɔn a wɔdɔ me,

na wɔn a wɔhwehwɛ me ntɛm hu me.

18 Mmb 3.16 Ahonyade ne anuonyam wɔ me hɔ,

ahode a ɛkyɛ ne trenee.

19M’aba ye sen sika ne amapa,

na me nnɔbae sen dwetɛ a wɔayiyi mu.

20Trenee tempɔn mu na menam,

atemmu akwan so pɛ,

21sɛ merema m’adɔfo adi ade,

na mahyɛ wɔn adekorabea amaama.

22 Hiob 28.27 AWURADE bɔɔ me de fii n’adwuma ase,

ne nnwuma a efi teteete no mu adikan,

23ɔde me sii hɔ fii tete bemee,

fii mfiase ansa na asase reba.

24Abun nni hɔ no, na wɔawo me,

nsuti a ɛba nsu pii nni hɔ no;

25wonnya mfaa mmepɔw nsisii hɔ,

na nkoko nnya mmae no, na wɔawo me;

26onnya nyɛɛ asase ne wura,

ne wiase mfutuma no.

27 Hiob 26.10 Osiesiee ɔsoro no, na mewɔ hɔ,

bere a otwaa abun ani kɔntɔnkrɔn no;

28ɔde amununkum sensɛn soro pintinn,

na bun mu nsuaniwa paee dennen,

29 Hiob 38.10-11; Nnw 104.9 otwaa ɛpo hye, na nsu antra,

na ɔde asase nhyɛase too hɔ no,

30na mewɔ ne nkyɛn sɛ ne dwumfo panyin

na meyɛ n’adɔde daa daa;

m’ani gye n’anim bere nyinaa mu,

31 Deut 33.3 m’ani gye ne wiase asase so,

na m’ani ka nnipa mma mu.

32Na afei, mma, muntie me,

na nhyira ne wɔn a wodi m’akwan so.

33Muntie nteɛso na munhu nyansa,

na monntew atua.

34Nhyira ne onipa a otie me

na ɔwɛn m’apon ano daa daa,

na ɔhwɛ m’abobow ano apongua so:

35 Mmb 3.2 Na nea ohu me no hu nkwa,

na onya AWURADE hɔ anisɔ;

36na nea ɔfom me no di ne kra aboro,

wɔn a wɔtan me nyinaa dɔ owu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help