Nnwom 122 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ɔkwantuni anigye ne apɛdeMforoso dwom. Dawid de

1 Nnw 26.6-8 M’ani gyei sɛ wosee me sɛ:

Ma yɛnkɔ AWURADE fi.

2Yɛn nan begyina

w’aponkɛse mu, Ao, Yerusalem.

3Yerusalem a wɔakyekye no

sɛ kurow a ɛtoatoam yiye.

4Ɛhɔ na mmusuakuw no nantew kɔ,

Mekyerɛ AWURADE mmusuakuw,

sɛ wodii Israel adanse no,

sɛ wokoyi AWURADE din ayɛ.

5Ɛhɔ na wɔde nkongua sisi maa atemmu,

Dawid fi nkongua no.

6 Sak 4.7 Monsrɛ mma Yerusalem asomdwoe,

ensi w’adɔfo yiye.

7Asomdwoe ntena w’afasu mu,

na yiyedi ntena w’aban mu.

8Me nuanom ne me mfɛfo nti

mɛka sɛ: Asomdwoe ntena wo mu.

9AWURADE yɛn Nyankopɔn, fi nti

mɛhwehwɛ papa mama wo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help