1Na AWURADE buaa Hiob sɛ:
2 Yes 45.9 So ɔtɛnyifo bi ne Otumfo no bɛham anaa?
Nea ɔne Nyankopɔn gye akyinnye no, ommua ɛ!
3Na Hiob gyee AWURADE so sɛ:
4Hwɛ, misua, dɛn na memfa mimmua wo?
Me nsa na mede meto m’ano.
5Makasa pɛnkoro, na merentia so,
ne mprenu, na merenkɔ so bio.
6Ɛnna AWURADE fi ahum no mu buaa Hiob sɛ:
7 Hiob 38.3 Bɔ w’asen sɛ ɔbarima ɛ,
mebisa wo, na woakyerɛ me.
8So wobɛdan m’atemmu ani,
so wubebu me fɔ na woadi bem?
9 Hiob 37.5 Na so wowɔ nsa sɛ Onyankopɔn de,
na wubetumi de nne a ɛte sɛ ne de abom?
10Ɛnne fa tumidi ne kɛseyɛ hyehyɛ wo ho,
na fura ɔhyerɛn ne anuonyam,
11hwie w’abufuw mmoroso no gu,
na hwɛ ɔhantanni biara na brɛ no ase.
12Hwɛ ahantanfo nyinaa na brɛ wɔn ase,
na tiatia abɔnefo so wɔn tenabea hɔ.
13Fa wɔn nyinaa sie dɔte mu,
na ma wɔn anim ntintim ahintawee mu,
14ɛnne na me nso mɛkamfo wo
sɛ w’ankasa wo nifa na agye wo.
15Hwɛ susono a meyɛɛ no ne wo,
wura na odi sɛ nantwi.
16Hwɛ ne tumi a ɛwɔ n’asen mu
ne n’ahoɔden a ɛwɔ ne yafunu ntini mu.
17Ɔkoa ne dua sɛ kyeneduru,
ne srɛ mu nhama nso toatoa mu.
18Ne nnompe te sɛ kɔbere dorobɛn,
ne nkasae te sɛ adaban.
19Ɔno ne Onyankopɔn akwan mfiase na ne yɛfo no nkutoo na otumi de afoa ka no.
20Na mmepɔw ba aduan ma no,
na wuram mmoadoma nyinaa goru hɔnom.
21Nsɔe nnua ase na ɔda,
demmire ne ɔwora ahintawee mu.
22Nsɔe nnua nwini kata no so,
asukɔn so nnua twa ne ho hyia.
23Hwɛ, asu ano yɛ den mpo a, ne ho mpopo;
sɛ Yordan bu ba n’ano po a,
ne bo da ne yam ara.
24So wobetumi akyere no anikan,
na wɔde afiri ahwirew ne hwenem?
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
