1Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni:
Mommɔ abubuw! Ao, ɛda no!
3 Yoel 1.15 Na ɛda no abɛn,
ɛda no abɛn ama AWURADE,
ɛbɛyɛ awerɛhow da,
ɛbɛyɛ bere bɔne ama amanaman.
4Na nkrante bɛba Misraim so,
na nketenkete akita Etiopia,
ɛbere a apirafo retotɔ Misraim
na wɔrefa emu asafo yuu akɔ
na wɔredwiriw ne nnyinaso no.
5Etiopia ne Put ne Lidia ne afrafrafo dɔm nyinaa ne Kub ne apam asase no sofo ne wɔn bɛtotɔ nkrante ano.
6Sɛ AWURADE se ni:
Wɔn a wokura Misraim mu bɛtotɔ,
na n’ahoɔden ahantan no abrɛ ase;
efi Migdol kosi Siene abantenten ho bɛtotɔ nkrante ano,
AWURADE Nyankopɔn asɛm ni,
7na wɔbɛyɛ pasaa,
nsaase a ayɛ pasaa mu,
na ne nkurow afra nkurow afoafo mu,
8na wɔahu sɛ mene AWURADE,
bere a meresɔ ogya Misraim
na wɔasɛe n’aboafo nyinaa no.
9 Yes 18.2; 20.3-4 Ɛda no abɔfo befi m’anim afi adi, ahyɛn mu, akɔma Etiopia a ɛwɔ hɔ anibiannaso so no abɔ piriw, na ehu bɛba wɔn mu sɛ Misraim da no, na hwɛ, ɛreba.
10Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni:
Mede Babel hene Nebukadnesar nsa
metwa Misraim asafo yuu no to.
11Ɔno ne ne man a ɛka ne ho no, amanaman anuɔdenfo no,
wɔde wɔn reba abɛsɛe asase no,
na wɔatwetwe wɔn nkrante ahyɛ Misraim,
na wɔde atɔfo ahyɛ asase no ma.
12Na mɛma nsubɔnten no ayoyow,
na matɔn asase no mahyɛ abɔnefo nsa,
na mede ananafo nsa mayɛ asase no pasaa;
me, AWURADE, na maka.
13Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni:
Mɛsɛe ahoni huhuw no
na matwa abosonhuhuw no to mafi Memfis,
na ɔbirɛmpɔn remfi Misraim asase so mma bio,
na mɛma ehu aba Misraim asase so.
14Na mɛyɛ Patros pasaa,
na masɔ ogya Soan,
na mayɛ atemmude no wɔ Tebes,
15na mahwie m’abufuhyew magu Sin,
Misraim aban a ɛyɛ den no so,
na matwa Tebes asafo yuu no to.
16Na mɛto Misraim mu gya;
Sin behu ayayade,
na wɔde Tebes bɛma ma wɔabu afa mu,
na Memfis behu ahohiahiafo awia,
17On ne Pi-beset mmerante bɛtotɔ nkrante ano,
na emutefo akɔ nnommumfa mu;
18Tehafnehes nso, ɛda no beduru sum,
sɛ merebubu Misraim kɔndua wɔ hɔ,
na n’ahoɔden ahantan to betwa wɔ ne mu,
na omununkum bɛkata no so,
na ne mmabea akɔ nnommumfa mu.
19Na mɛyɛ atemmude Misraim,
na wɔahu sɛ mene AWURADE.
20Na afe a ɛto so dubiako no sram a edi kan no da a ɛto so ason no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
21Onipa ba, Misraim hene Farao basa no, mabu, na hwɛ, wɔnkyekyeree sɛ wɔresa, sɛ wɔde ntamabamma rekyekyere so, sɛ wɔde rema emu ayɛ den na atumi aso nkrante mu.
22Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne Misraim hene Farao anya, na merebebu n’abasa no, nea ɛyɛ den ne nea abu no, na mama nkrante no afi ne nsa atɔ fam;
23na mɛbɔ Misraimfo apete amanaman mu, na mapansam wɔn agu nsaase so.
24Na mɛhyɛ Babel hene abasa den, na mede ne nkrante mahyɛ ne nsa, na mabubu Farao abasa, na wapenepene ɔtɔfo pene n’anim.
25Na mɛma Babel hene abasa ayɛ den, na Farao abasa agu fam, na wɔahu sɛ mene AWURADE, sɛ mede me nkrante merehyɛ Babel hene nsa, na wateɛ Misraim asase no so,
26na mɛbɔ Misraim apete amanaman mu, na mapansam wɔn agu nsaase so, na wɔahu sɛ mene AWURADE.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.