Deuteronomium 19 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Guankɔbea nkurow

1 Num 35.6-34; Yos 20 Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn twitwa amanaman a AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn asase rema wo no, na wutu wɔn tena wɔn nkurow ne wɔn adan mu a,

2Deut 4.41-43 yiyi w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa no so nkurow abiɛsa fa.

3Siesie ɛhɔ kwan no fa, na kyɛ w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di so no mu abiɛsa, na onipakumfo biara aguan akɔ hɔ.

4Na onipakumfo a onguan nkɔ hɔ na onnya nkwa no ho asɛm ni: Nea onnim na ɔbɔ ne yɔnko ade, nanso bere a atwam no ɔntan no,

5sɛ ebia, obi ne ne yɔnko kɔ kwae mu akɔtow nnua, na ne nsa ma abonnua so de retwa dua, na dade no hɔn fi ne dua mu bɔ ne yɔnko no ma owu a, ɛnne onguan nkɔ nkurow yi biako mu na onnya nkwa;

6na mogya ho werefo no amfa abufuhyew antiw onipakumfo no, na ɔkwan no ware nti, wankɔto no ankum no; nso na ɛnsɛ sɛ onipa no wu, efisɛ bere a atwam no na ɔntan ne yɔnko no.

7Enti na merehyɛ wo sɛ yiyi nkurow abiɛsa fa.

8Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn trɛw wo hye mu, sɛnea ɔkaa w’agyanom ntam no, na ɔde asase a ɔkae sɛ ɔde bɛma w’agyanom no nyinaa ma wo,

9na sɛ wudi mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so yɛ, na wodɔ AWURADE wo Nyankopɔn na wonantew n’akwan so nna nyinaa a, ɛnne yiyi nkurow abiɛsa bio ka abiɛsa yi ho fa,

10na wɔanhwie mogya a bɔne nni mu angu w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di so no so, na woanni mogya ho so.

11Na sɛ obi tan ne yɔnko, na ɔtɛw no, tow hyɛ no so, na ɔbɔ no ade ma owu, na oguan kɔ nkurow yi biako mu a,

12ɛnne ne kurom mpanyimfo nsoma mma wɔnkɔfa no mfi hɔ, na wɔmfa no nhyɛ mogya ho werefo no nsa, na onwu.

13Mma w’aniwa nnhu no mmɔbɔ, na yi mogya a edi bem ho afobu fi Israel, na ensi wo yiye.

14 Deut 27.17 Ntwiw wo yɔnko hye a tetefo atwa, w’agyapade a woanya mu, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa no so.

Adansefo ho asɛm

15 Deut 17.6; Yoh 8.17; 2 Ko 13.1 Ɔdansefo biako nnsɔre nnhyɛ obi, amumɔyɛ biara anaa bɔne biara ho, bɔne biara a wɔyɛ mu: Adansefo baanu anaa baasa anom nsɛm so na asɛm biara nnyina.

16Sɛ ɔdansekurumfo bi sɔre hyɛ obi di no mfomso ho adanse a,

17Deut 17.9 ɛnne nnipa baanu a ɔham da wɔn ntam no mmegyina AWURADE anim, asɔfo ne atemmufo a wɔwɔ hɔ saa bere no anim.

18Na atemmufo no mpɛɛpɛe mu yiye, na sɛ ɔdansefo no yɛ ɔdansekurumfo na wadi ne nua ho adansekurum a,

19ɛnne monyɛ no sɛnea osusuwii sɛ anka ɔbɛyɛ ne nua no; na yi bɔne no fi wo mu,

20na wɔn a aka no nte na wonsuro, na wɔankɔ so anni asɛmmɔne a ɛte sɛɛ wɔ wo mu bio.

21Eks 21.23-25 Na mma w’aniwa nnhu mmɔbɔ; ɔkra nsi ɔkra ananmu, aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, ɛnan nsi ɛnan ananmu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help