1Adɛn nti na Otumfo nhyɛ bere ntua abɔnefo ka,
na wɔn a wonim no no nhu ne bere no?
2 Deut 27.17 Ebinom wɔ hɔ a wotwiw ɔhye,
wɔfow mmoakuw, na yɛn wɔn.
3Wɔka ayisaa afurum kɔ,
wogye okunafo nantwi sɛ awowa.
4Wosum ahiafo afiri ɔkwan so;
asase so amanehunufo bom hintaw.
5Hwɛ, sɛ sare so mfurum fi adi no,
saa ara na wɔkɔ wɔn dwumadi so kɔpɛ aduan,
sare so na wonya aduan ma mmofra.
6Mfuw so na wotwa mmoa aduan,
na wodi ɔbɔnefo bobeturo mu mpɛpɛwa.
7Wɔde adagyaw na ɛda, wonni ntama,
na wonni nkataho awɔw mu;
8mmepɔw so sutɔ fɔw wɔn,
na sɛ wonni guankɔbea nti,
wɔyɛ ɔbotan atuu.
9Wɔtew ɔseawuo fi nufu ano,
na wogye ohiani hɔ awowa.
10 Yes 58.7 Wɔnenam adagyaw, wonni ntama,
na wɔde ɔkɔm soasoa awi afiafi.
11 Yak 5.4 Wokyi ngo wɔn afasu mu,
wotiatia nsa-kyi-amoa so, nso wodi sukɔm.
12Nkurow mu nso mmarima si apini,
na wɔn a wɔapira wɔn akra su frɛ mmoa,
nanso Onyankopɔn mfa n’ani nkari wɔn amumɔyɛsɛm no.
13Ebinom ayɛ hann anim atuatewfo,
wɔnhwɛ n’akwan, na wɔntena n’atempɔn mu.
14Ahema na owudifo sɔre,
okum ɔmanehunufo ne hiani,
na anadwo ɔyɛ sɛ owifo.
15Na ɔwaresɛefo aniwa twɛn sum bere,
ɔka sɛ: Aniwa bi renhu me;
na ɔde nkataho kata n’anim.
16Esum mu na wohwirewhwirew adan mu;
wɔto wɔn ho pon mu awia, wonnim hann.
17Na wɔn nyinaa, esum kabii yɛ wɔn sɛ anɔpa,
efisɛ wɔne sum kabii mu ahuyide yɛ nnamfo.
18 Gye 49.4 Ne ho yɛ hare wɔ nsu ani;
wɔadome ne kyɛfa asase so,
ɔnnan n’ani nkɔ bobe nturo kwan so.
19Sɛnea ɔhyew ne ahohuru nnan sukyerɛma no,
saa ara nso na Asamando pra wɔn a wɔyɛ bɔne kɔ.
20Ɔyafunu a ɛwoo no no werɛ fi no,
mmoawa fefew no.
Wɔnkae no koraa bio,
na wobebubu amumɔyɛ sɛ dua.
21Odidii obonin a ɔnwo mpo ho,
na wanyɛ ɔbea kunafo yiye.
22Nanso Onyankopɔn de ne tumi twe atumfo fi hɔ;
wɔtumi nya asetena pa de, nanso wonni nkwa ho anidaso biara.
23Ɔma wɔtena hɔ dwoodwoo, na wɔde wɔn ho to ɛno so,
nanso na n’ani hwɛ wɔn akwan.
24Wodu nea ɛkorɔn, ɛyɛ kakraa pɛ, na wonni hɔ;
wogyaa mu na wɔsiesie wɔn sɛ nnipa nyinaa,
na wotwitwa wɔn sɛ awi mmɛtem.
25Sɛ ɛnte saa a, hena na obeyi me ɔtorofo,
na wakyerɛ sɛ m’asɛm no nni mu?
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
