Eksodɔs 32 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Wɔma Aaron yɛ sika nantwi ba(Deuteronomium 9.6-29)

1 Deut 9.8-21 Na ɔman no hui sɛ Mose akyɛ na onsian mfi bepɔw no so mma no, ɔman no boaa wɔn ho ano baa Aaron nkyɛn besee no sɛ: Sɔre yɛ anyame ma yɛn, na wonni yɛn anim, efisɛ Mose yi, ɔbarima a okoyii yɛn fii Misraim bae no de, yennim nea ayɛ no.

2Ɛnna Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munyiyi sika nkaa a ɛwowɔ mo yerenom ne mo mmabanin ne mo mmabea asom mfa mmrɛ me.

3Na ɔman no nyinaa yiyii sika nkaa a ɛwowɔ wɔn asom no de brɛɛ Aaron.

4Nnw 106.19-20; 1 Ah 12.28; Aso 7.41 Na ogyei wɔ wɔn nsam, na ɔde pɛe yeyɛe, na ɔyɛɛ no nantwi a wɔagu; na wɔkae sɛ: Israel, eyinom ne wo anyame a woyii wo fii Misraim asase so bae no.

5Na Aaron hui no, osii afɔremuka wɔ n'anim; na Aaron paee sɛ: Ɔkyena ne AWURADE afahyɛ.

61 Ko 10.7 Na wotuaa ahema bobɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre; na ɔman no tenaa ase didi nomee, na wɔsɔre gorui.

7Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sian kɔ, na wo man a wode wɔn fi Misraim asase so bae no redi asɛmmɔne;

8Eks 20.4, 23; 32.4 wɔaman afi ɔkwan a mekyerɛɛ wɔn no so ntɛm; wɔayɛ nantwi ba a wɔagu, na wɔasɔre no abɔ afɔre ama no aka sɛ: Israel, eyinom ne wo anyame a woyii wo fii Misraim asase so bae no.

9Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

10Num 14.11-20 Mahu ɔman yi, na hwɛ, wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asen; na afei ma me kwan na me bo nhuru nhyɛ wɔn, na memmene wɔn, na memfa wo menyɛ ɔman kɛse.

11Na Mose paa AWURADE ne Nyankopɔn kyɛw sɛ: AWURADE, ɛdɛn nti na wo bo huru hyɛ ɔman a wode ahoɔden kɛse ne nsa a ɛyɛ den koyii wɔn Misraim asase so bae no?

12Ɛdɛn nti na Misraimfo nka sɛ: Adwemmɔne bi nti na obeyii wɔn kɔe sɛ okokum wɔn mmepɔw so na wapra wɔn afi asase ani? San fi w'abufuhyew no mu, na ma bɔne a worebɛyɛ wo man no nyɛ wo yaw.

13Gye 22.16; 26.4; 28.14 Kae Abraham, Isak ne Israel, wo nkoa a wokaa wɔn wo ankasa wo ntam ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mɛma w'asefo adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na asase a maka ho asɛm yi nyinaa, mede mɛma w'asefo na wɔadi so akosi daa, no.

14Na AWURADE nuu ne ho wɔ bɔne a ɔkae sɛ ɔrebɛyɛ ne man no ho.

15Na Mose dan ne ho sian fii bepɔw no so, na adanse apon abien no kura ne nsam, abopon a wɔakyerɛw n'afanu, wɔakyerɛw so ɛha ne ha.

16Eks 31.18 Na apon no yɛ Onyankopɔn adwuma, na kyerɛw no yɛ Onyankopɔn kyerɛw a wɔakurukyerɛw apon no so.

17Na Yosua tee sɛ ɔman no rebɔ ose na wɔreyɛ gyegyeegye no, ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɔko gyegyeegye wɔ nsra no mu.

18Na ose: Ɛnyɛ nkonimdi ho sebɔ gyegyeegye na ɛnyɛ nkogu ho nteɛm gyegyeegye, na mmom dwomsogye gyegyeegye na mete yi.

19Na Mose bɛn nsra no na ohuu nantwi ba ne asaw no ara pɛ, ne bo fuwii, na ɔtow apon a ɛwɔ ne nsam no gui ma ɛbobɔe bepɔw no ase.

20Na ɔfaa nantwi ba a wɔyɛe no de gya hyewee, na ɔyam no muhumuhu de petee nsu ani maa Israelfo no nomee.

21Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Dɛn na ɔman yi yɛɛ wo na wode bɔne kɛse aba wɔn so yi?

22Ɛnna Aaron se: Mma me wura bo mmfuw, wo ara wunim ɔman yi sɛ bɔne ara na wɔde asi wɔn anim.

23Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Yɛ anyame ma yɛn na wonni yɛn anim, efisɛ Mose yi, ɔbarima a okoyii yɛn fii Misraim asase so bae no, yennim nea ayɛ no.

24Na misee wɔn sɛ: Wɔn a wɔwɔ sika bi no, wonyi. Na wɔde maa me, na metow guu gya mu, na nantwi ba yi fii mu bae.

25Na Mose hui sɛ ɔman no agye nsam (Aaron na ama ɔman no nneyɛe agye nsam ama wɔabɔ adapaa, wɔn atamfo anim no),

26ogyinaa nsraban no tia kae sɛ: Nea ɔwɔ AWURADE afa mmra me nkyɛn. Na Lewifo nyinaa boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn.

27Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn se: Momfa mo nkrante mmobɔ mo asen, na muntwa mu nkɔ, na monsan mmra, mfi nsra no tia nkɔ tia, na munkunkum mo nuanom ne mo nnamfonom ne mo afipamfo.

28Na Lewifo no yɛe sɛnea Mose ka kyerɛɛ wɔn no, na ɛda no ɔman no mu nnipa bɛyɛ mpensa totɔe.

29Eks 28.41; Num 3.6-10; Deut 33.8-11 Na Mose kae sɛ: Monyɛ mo ho kronkron mma AWURADE nnɛ, sɛ obiara bɛsɔre ahyɛ ne ba ne ne nua po, na mode nhyira aba mo so nnɛ.

30Na ade kyee no, Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mo de, moayɛ bɔne kɛse, na afei mɛforo makɔ AWURADE nkyɛn, ebia metumi mapata ama mo bɔne no.

31Na Mose san kɔɔ AWURADE nkyɛn kɔkae sɛ: Ao, bɔne kɛse na ɔman yi ayɛ, na wɔayɛ sika anyame afa.

32Nnw 69.28; Dan 12.1; Luka 10.20; Rom 9.3 Na afei, sɛ wode wɔn bɔne no bekyɛ a! Na sɛ ɛnte saa a, popa me nso fi wo nhoma a woakyerɛw no mu ɛ!

33Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Nea wayɛ me bɔne no, ɔno na mɛpopa no mafi me nhoma mu.

34Eks 33.2, 12, 14 Na afei kɔ, na kogya ɔman no kɔ nea maka makyerɛ wo no; hwɛ, me bɔfo bedi w'anim; nanso da a mɛba mabɛhwɛ wɔn no, metua wɔn wɔn bɔne so ka.

35Na sɛ wɔayɛ nantwi ba a Aaron yɛe no nti, AWURADE haw ɔman no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help