1 Berɛsosɛm 9 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Yerusalemfo

1 2 Ah 24.15-16 Na wɔkan Israel nyinaa kyerɛw wɔn din sɛ wɔn mmusua te, na hwɛ, wɔakyerɛw wɔn din wɔ Israel ne Yuda ahene nhoma mu. Wotuu wɔn koduaa Babel, wɔn amumɔyɛ nti.

2Yos 9.23; Esra 8.20 Na wɔn a wɔtenaa asase no so kan, wɔn agyapade mu, wɔn nkurow mu ne Israel, asɔfo, Lewifo ne nsɔfokwaa.

3Neh 11.3-19 Na Yerusalem de, Yuda mma ne Benyamin mma ne Efraim ne Manase mma no mu binom na wɔtenatenaa hɔ:

4Bani a ofi Peres a ɛwɔ Yuda mma mu no ba Imri ba Omri ba Amihud ba Utai;

5na Silonfo mu de: Abakan Asaia ne ne mma;

6na Serah mma mu: Yeuel ne ne nuanom, ahansia aduakron.

7Na Benyamin mma mu: Hasenua ba Hodawia ba Mesulam ba Salu,

8ne Yeroham ba Yibneia ne Mikri ba Usi ba Ela ne Yibnia ba Reuel ba Sefatia ba Mesulam,

9ne wɔn nuanom, wɔn mmusua so, nnipa ahankron aduonum asia. Mmarima yi nyinaa yɛ agyanom atitiriw, wɔn mpanyimfi so.

10Na asɔfo no mu: Yedaia ne Yehoiarib ne Yakin,

111 Be 6.13 ne Ahitub ba Meraiot ba Sadok ba Mesulam ba Hilkia ba Asaria a ɔyɛ Onyankopɔn fi bapɔmma;

12ne Malkiya ba Pashur ba Yeroham ba Adaia ne Imer ba Mesilemit ba Mesulam ba Yahsera ba Adiel ba Masai,

13ne wɔn nuanom, wɔn mpanyimfi so atitiriw, apem ahansɔn aduosia, mmarima a wotumi Onyankopɔn fi som adwuma no.

14Na Lewifo mu de: Merari ba Hasabia ba Asrikam ba Hasub ba Semaia,

15ne Bakbakar, Heres ne Galal ne Asaf ba Sikri ba Mika ba Matania,

161 Be 2.54 ne Yedutun ba Galal ba Semaia ba Obadia ne Elkana ba Asa ba Berekia a ɔte Netofafo nkuraa mu no.

Asɔrefi nnwuma horow no

17Na aponanohwɛfo no: Salum ne Akub ne Talmon ne Ahiman ne wɔn nuanom; Salum na odi ti.

18Na ɛde besi sesɛɛ wɔwɔ ɔhene pon ano apuei fam, wɔn ne Lewi mma nsra ano ahwɛfo.

19Num 4.18-20 Na Kora ba Ebiasaf ba Kore ba Salum ne ne nuanom a wofi n’agya fi, Korafo no, na ɛwɔ ɔsom adwuma no so wɛn ntamadan no pon ano, se wɔn agyanom hwɛɛ AWURADE nsra no so wɛn emu hyɛn no.

20Num 25.7-13 Na Eleasar ba Pinehas na odi wɔn so bapɔmma kan no, na AWURADE dii n’akyi.

21Meselemia ba Sakaria ne ahyiae ntamadan no ponanohwɛfo.

221 Sa 9.9, 11 Wɔn a wɔpaw wɔn de wɔn sisii aponanohwɛfo nyinaa si ahanu ne dumien. Wɔn na wɔkan wɔn kyerɛw ne wɔn din, mmusua so, wɔn nkurase, wɔn nso na Dawid ne ɔdehufo Samuel de wɔn adwuma yi hyɛɛ wɔn nsa.

23Na wɔne wɔn mma wɔ apon no ano AWURADE fi, ntamadan fi no, wɛn;

24mframa anan no ano na apon ano hwɛfo no wɔ, apuei, atɔe, atifi fam ne anafo fam.

25Nanso ɛsɛ wɔn nuanom a wɔwɔ wɔn nkuraa ase no sɛ wɔba nnanson nnanson bɛka eyinom ho;

26efisɛ wɔde adwuma no ahyɛ aponanohwɛfo mpanyin baanan, Lewifo no, nsa, na wɔn na wɔhwɛ Onyankopɔn fi mpumpunu ne adekora adan no so.

27Na Onyankopɔn fi no ho ho na wɔtetee hyia anadwo, na wɔn so na ɔwɛn no da, na wɔn nso na wohiɛhiɛ daa anɔpa.

28Na wɔn mu binom hwɛ ɔsom nneɛma no so, na wobu ano de ba mu, na wobu ano de fi adi.

29Na wɔde wɔn mu binom asisi nneɛma ne kronkronbea nneɛma no nyinaa ne asikresam ne nsa ne ngo ne ohuamfufu ne nnuhuam no so.

30Eks 30.23-25 Na asɔfo mma no binom de nneɛma frafra yɛ nnuhuam sra ngo no.

31Na Matitia a ofi Lewi mma mu a ɔyɛ Korani Salum abakan no, wɔde no sii kyew nnade mu atode to so.

32Lew 24.5, 8 Na Kehatfo mma a wɔyɛ wɔn nuanom no mu binom hwɛ kyerɛ abodoo no so, siesie no daa homeda.

33 1 Be 9.14-16 Na eyinom ne nnwontofo no, Lewifo mu agyanom atitiriw a wɔte mpumpunu no mu, nyɛ adwuma foforo biara, efisɛ wɔyɛ adwuma no awia ne anadwo.

34Eyinom ne Lewifo mu agyanom atitiriw, atitiriw sɛ wɔn mmusua te. Eyinom na wɔtete Yerusalem.

Gibeonfo: Saul fifo(1 Berɛsosɛm 8.29-38)

35 1 Be 8.29-38 Na wɔn a wɔte Gibeon ne Gibeon agya Yeiel, na ne yere din de Maaka;

36na n’abakan Abdon, ne Sur ne Kis ne Baal ne Ner ne Nadab,

37ne Gedor ne Ahio ne Sakaria ne Miklot.

38Na Miklot woo Simea. Na wɔn nso tenaa wɔn nuanom ntentenso Yerusalem, wɔne wɔn nuanom.

39Na Ner woo Kis, na Kis woo Saul, na Saul woo Yonatan ne Malkisua ne Abinadab ne Esbaal.

40Na Yonatan ba ne Merib-baal, na Merib-baal woo Mika.

41Na Mika mma ne: Piton ne Melek ne Tahrea ne Ahas.

42Na Ahas woo Yara, na Yara woo Alemet ne Asmawet ne Simri, na Simri woo Mosa,

43na Mosa woo Binea; ne ne ba Refaia, ne ba Eleasa, ne ba Asel.

44Na Asel wɔ mmammarima baasia, na wɔn din ni: Asrikam, Bokeru ne Ismael ne Searia ne Obadia ne Hanan. Eyinom ne Asel mma.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help