Sakaria 11 - KYER?W KRONKRON(RATB)

1Lebanon, hiɛhiɛ w’apon,

na ogya nhyew wo nkyeneduru no.

2Ɔpopaw, twa adwo, na kyeneduru ahwe fam,

efisɛ anuonyamfo asɛe;

Basan adum, muntwa adwo,

na kwae a ɛkorɔn abrɛ ase.

3Nguanhwɛfo adwotwa gyigye,

na wɔn anuonyam asɛe;

agyataforo mmobom gyigye,

na Yordan ahohyehyɛde asɛe.

Odiyifo no nguanhwɛ adwuma

4Sɛɛ na Awurade me Nyankopɔn kae: Yɛn okum nguankuw

5Yer 23; Hes 13; 34 a wɔn a wɔtɔɔ wɔn no kunkum wɔn na wonni so, na wɔn a wɔtɔn wɔn no ka sɛ: Nhyira nka Awurade, na manya ade, na wɔn ahwɛfo nso nkyɛe wɔn so no.

6Na merenkyɛe asase no sofo so bio, Awurade asɛm ni, na hwɛ, merema nnipa atotɔ wɔn yɔnkonom nsam, ne wɔn ahene nsam, na wɔabobɔ asase no, na merenyi obi wɔn nsam.

7 Sak 11.11 Na meyɛn okum nguankuw no, nguan a wɔyɛ mmɔbɔ no wɔ mu saa ara; na mefaa mpoma abien, mefrɛɛ biako sɛ: Adom, na mefrɛɛ biako sɛ: Nkyekyebom; na meyɛn nguankuw no.

8Na mitwaa nguanhwɛfo no mu baasa kyenee ɔsram biako mu. Na wɔn ho yɛɛ me kra ahometew, na me ho nso yɛɛ wɔn kra nwini.

9Yer 15.2 Ɛnna mekae sɛ: Merenyɛn mo bio; nea owu no nwu, na nea wotwa no kyene no, wontwa no nkyene, na wɔn a wɔaka no, obiako nni ne yɔnko nam.

10Na mefaa me poma Adom no mibuu mu, sɛ meretue m’apam a me ne aman nyinaa pamee no.

11Sak 11.7 Na wotuei da no ara, na kuw no mu nguan a wɔyɛ mmɔbɔ a wɔhwɛɛ me no hui sɛ Awurade asɛm ne no.

12Mat 26.15 Na meka mekyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ eye mo ani so a, momfa m’akatua mmra, na sɛ ɛnte saa a, munnyae. Na wɔkarii m’akatua, dwetɛ nnwetɛbona aduasa.

13Mat 27.9-10 Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ: Tow kyene Awurade fi adekorabea, ɛbo a ɛyɛ nyam a wɔde abɔ me nen. Na mefaa dwetɛ nnwetɛbona aduasa no metow mekyenee Awurade fi adekorabea no

14Hes 37.22 Na mibuu me dua biako Nkyekyebom no mu, sɛ wɔnsɛe Yuda ne Israel ntam onuayɛ no.

Nguanhwɛfo huhuw no

15Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ: San fa oguanhwɛfo kwasea ade fa!

16Na hwɛ, merema oguanhwɛfo bi so asase no so a nea ɛresɛe no, ɔrenhwɛ, nea apansam no, ɔrenhwehwɛ, na nea abubu no, ɔrensa no yare; nea ɛwɔ ahoɔden no, ɔrennyigye no, na nea adɔ srade no nam na obedi, na wapaepae wɔn ntɔte mu.

17O me nguanhwɛfo hunu

a ogyaw nguankuw no nnue!

Afoa bɛba ne basa so

ne n’aniwa nifa so;

ne basa bewu,

na n’aniwa nifa afura.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help