Yesaia 50 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Onyankopɔn betumi agye ne man

1 Deut 24.1; Yes 54.6; 52.3 Sɛ AWURADE se ni:

Ɛhe ara na mo maame awaregyae nhoma

a mede mekoo no no wɔ?

Anaasɛ m’akafo mu hena

na metɔn mo memaa no?

Hwɛ, mo amumɔyɛ nti na wɔatɔn mo,

na mo mmarato nti na wɔako mo maame.

2 Yes 59.1; Num 11.23; Eks 14.21 Ɛdɛn nti na mebae, na obi nni hɔ,

na mefrɛe, na obi annye so?

So me nsa yɛ tiaa sɛ mintumi minnye,

anaasɛ tumi a mede meyi bi nni me mu?

Hwɛ, mede me nkaanim mema po yow,

mema nsubɔnten danan anwea so,

nsu a enni hɔ nti, emu nam porɔporɔw,

na osukɔm kunkum wɔn.

3Mede tumm mekata ɔsoro,

na mede ayitam meyɛ ne nkataho.

Onyankopɔn akoa no nokwaredi

4 Mat 7.28-29; 11.28 AWURADE Nyankopɔn ama me

ɔkyerɛkyerɛfo tɛkrɛma,

sɛ minhu sɛnea mede asɛm mɛwaw

nea wabrɛ;

onyan me daa anɔpa,

onyan m’aso,

sɛ memfa mintie sɛ asuafo.

5 Nnw 40.6 AWURADE Nyankopɔn abue m’aso,

na me nso mantew atua

mansan m’akyi.

6 Mat 26.67-68; Yoh 19.1 Medan m’akyi memaa mmaakafo,

ne m’afono nso memaa nwi pempenfo;

manyi m’ani mamfi ahohorade

ne ntasu ho.

7Na AWURADE Nyankopɔn bɛboa me,

enti na ahohora amfa me so;

enti na mayɛ m’anim sɛ twɛrebo,

na minim sɛ m’ani renwu.

8 Rom 8.33 Nea obu me bem no bɛn,

hena na ɔne me bedi asi?

Ɔmma yennyina nhyiam.

Hena na ɔne me anya?

Ma ɔmmɛn me.

9Hwɛ AWURADE Nyankopɔn bɛboa me;

hena ne nea obebu me fɔ?

Hwɛ, wɔn nyinaa besuw sɛ atade,

ntummoa bɛwe wɔn.

10Mo mu hena na osuro AWURADE,

na otie n’akoa asɛm?

Nea ɔnam sum mu

na hann bi nhyerɛn mma no no,

nanso ɔde ne ho to AWURADE din so,

na ontweri ne Nyankopɔn.

11Hwɛ, mo a mososɔ ogya

na mode nnyentia a ɛdɛw mia nyinaa,

monantew mo gya no dɛw

ne nnyentia a moasosɔ no mu.

Eyi na ebefi me nsam ayɛ mo,

ɛyaw mu na mobɛdeda.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help