Hesekiel 11 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Wɔtwe ɔman no gyigyefo no aso

1 Hes 3.12 Na honhom no maa me so de me kɔɔ AWURADE fi no apuei fam ponkɛse a ɛkyerɛ apuei no ano; na hwɛ, mmarima aduonu anum gyina ɔponkɛse no ano, na mihuu Asur ba Yaasania ne Benaia ba Pelatia, ɔman no mu mmapɔmma no, wɔ wɔn mu.

2Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, eyinom ne mmarima a wodwen abususɛm na wotu fo bɔne, kurow yi mu;

3wose: Bere a wɔde sisi adan nnui; kurow yi ne dadesɛn no, na yɛne nam no.

4Ɛno nti hyɛ wɔn ho nkɔm, hyɛ nkɔm, onipa ba!

5Na AWURADE honhom tɔɔ me so, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ka sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Saa ara na moka, Israel fi, na nea ɛba mo adwene mu no, me de, minim.

6Moama mo atɔfo adɔɔso kurow yi mu, na mode atɔfo ahyehyɛ emu mmorɔn amaama.

7Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mo atɔfo a mode agugu mu no, wɔne nam no, na kurow no ne dadesɛn no, na mo de, wobeyi mo afi mu.

8Nkrante na musuro, nso nkrante ara na mede mɛba mo so, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

9Na meyi mo afi mu, na mede mo mahyɛ ananafo nsa, na mebu mo mu atɛn.

102 Ah 25.20-21 Nkrante ano na mobɛtotɔ, Israel hye so na mebu mo atɛn, na moahu sɛ mene AWURADE.

11Kurow no renyɛ mo dadesɛn, na mo nso morenyɛ mu nam; Israel hye so na mebu mo atɛn,

12na moahu sɛ mene AWURADE a moanni m’ahyɛde so na moanyɛ m’atemmude, na amanaman a wɔatwa mo ho ahyia no atemmude so na mudii.

13 Hes 9.8 Na merehyɛ nkɔm no, Benaia ba Pelatia wui. Ɛnna mede m’anim mibutuw fam mede nne kɛse misuu sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, owie na worewie Israel nkae koraa yi!

Onyankopɔn man no foforoyɛ

14Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

15Onipa ba, wo nuanom, wo nuanom ne wo bogyafo ne Israel fi mu nyinaa na Yerusalemfo ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mumfi AWURADE ho nkɔ akyirikyiri, yɛn na wɔde asase yi ama yɛn sɛ yenni so.

16Hes 6.8-10; Yer 24.5-6 Ɛno nti ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ɛwom sɛ mede wɔn mekɔɔ akyirikyiri, amanaman mu, na mebɔɔ wɔn mepetee nsaase so de, nanso mayɛ wɔn kronkronbea kakra, nsaase a wɔakɔ so no so.

17Yer 29.14 Ɛno nti ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛboa mo ano afi aman mu, na matase mo afi nsaase a wɔabɔ mo apete so no so, na mede Israel asase no mama mo,

18na wɔaba hɔ abeyi emu atantanne nyinaa ne emu akyide nyinaa afi mu akɔ.

19Hes 36.26; Yer 24.7 Na mɛma wɔn koma koro, na mede honhom foforo mahyɛ mo mu, na mayi ɔbo koma no mafi wɔn honam mu, na mama wɔn ɔhonam koma,

20Yer 31.33 na wɔanantew m’ahyɛde mu, na wɔadi m’atemmude so ayɛ, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn.

21Na wɔn a wɔn koma di wɔn atantanne ne wɔn akyide akyi no, mede wɔn kwan mebua wɔn atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

22 Hes 1.4-28 Ɛnna Kerubim no momaa wɔn ntaban so, na nkyimii no siane wɔn, na Israel Nyankopɔn anuonyam no wɔ wɔn so wɔ soro;

23na AWURADE anuonyam no maa ne ho so fii kurow no mu, na ekogyinaa bepɔw a ɛda kurow no anim no so.

24Hes 3.12 Na honhom no maa me so de me kɔɔ Kaldea, atukɔfo no nkyɛn, anisoadehu mu, Onyankopɔn honhom mu; na ade a mihui no fii me so kɔɔ soro.

25Na mekaa AWURADE nsɛm a ɔma mihui no nyinaa mekyerɛɛ atukɔfo no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help